罗马书 6 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

罗马书 6:1-23

与基督同死同活

1那么,我们该怎么说呢?我们可以继续犯罪,使恩典显得更丰富吗? 2绝不可以!我们既然向罪死了,岂可继续活在罪中? 3难道你们不知道,我们受洗归属基督耶稣是和祂一同死吗? 4我们借着洗礼和祂一同死了,埋葬了,这样我们的一举一动可以有新生命的样式,正如基督借着父的荣耀从死里复活一样。

5如果我们和基督一同死了,也必和祂一同复活。 6我们知道,我们的旧人已经和祂一同钉在十字架上,使辖制我们身体的罪失去力量,使我们不再做罪的奴隶。 7因为人一旦死了,便脱离了罪。

8如果我们与基督同死,相信也必与祂同活。 9因为我们知道,基督既然从死里复活了,就不会再死,死亡也不能再控制祂。 10祂死,是向罪死,只死一次;祂活,却是向上帝永远活着。 11这样,你们应当看自己是向罪死了,但向上帝则看自己是活在基督耶稣里。

12所以,不要让罪辖制你们必死的身体,使你们顺从身体的私欲; 13也不要将你们的身体献给罪作不义的工具,而是要像一个从死里复活的人将自己奉献给上帝,把身体献给上帝作义的工具。 14罪不能再主宰你们,因为你们已经不在律法之下,而是在恩典之中。

做义的奴仆

15那么,我们在恩典之中,不在律法之下,就可以任意犯罪吗?绝不可以! 16你们难道不明白吗?你们献身给谁、服从谁,就是谁的奴隶。做罪的奴隶,结局是死亡;做上帝的奴仆,就被称为义人。 17感谢上帝!你们从前虽然做过罪的奴隶,现在却衷心服从了所传给你们的教导, 18从罪中得到释放,成为义的奴仆。

19因为你们有人性的软弱,我就从人的立场向你们解释。以前你们将身体献给肮脏不法的事,任其奴役,助长不法。现在你们要将身体奉献给义,为义效劳,成为圣洁的人。 20你们做罪的奴隶时,不受义的约束, 21做了现在想起来也觉得羞耻的事,得到了什么益处呢?那些事只能导致死亡! 22但现在你们已从罪中得到释放,做了上帝的奴仆,这样会使你们圣洁,最终得到永生。 23因为罪的代价就是死亡,而上帝借着主基督耶稣赐下的礼物则是永生。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Romafo 6:1-23

Nkwa Wɔ Kristo Mu

1Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso ana? 2Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu? 3Anaa munnim sɛ bere a wɔbɔɔ yɛn nyinaa asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wu mu? 4Bere a wɔbɔɔ yɛn asu no, yewui na wosiee yɛn ne Kristo. Sɛnea Agya Onyankopɔn nam nʼanuonyam so nyan Kristo fii awufo mu baa nkwa mu no, saa ara nso na mprempren yɛte ase wɔ nkwa foforo mu.

5Na sɛ yɛne no ayɛ koro wɔ ne wu mu a, wɔbɛfa saa ɔkwan koro no ara so anyan yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako. 6Yenim sɛ wɔbɔɔ yɛn nipadua dedaw no ne Kristo asennua mu. Wɔyɛɛ eyi sɛnea nipadua dedaw a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio, 7efisɛ sɛ onipa wu a, na wɔayi no afi bɔne tumi ase.

8Sɛ yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidi sɛ yɛne no bɛtena. 9Efisɛ yenim sɛ wɔanyan Kristo afi owu mu, na ɔrenwu bio. Owu nni ne so tumi bio. 10Ne wu a owui no yɛɛ owuprɛko maa bɔne, na nʼase a ɔte yi, ɔte ma Onyankopɔn.

11Ɛno nti saa ɔkwan koro ara so na ɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne, na motena ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu. 12Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ewui no so na amma mo anyɛ bɔne. 13Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mugyaw mo honam akwaa biara ma bɔne sɛ nneɛma a wɔde di amumɔyɛsɛm. Na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyan mo afi owu mu aba nkwa mu. Momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɛ trenee nnwuma. 14Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so, efisɛ monhyɛ mmara ase, na mmom mohyɛ adom ase.

Trenee Nkoa

15Dɛn bio? Esiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne ana? Dabi da. 16Munnim sɛ, nea mutie no ara na ne nkoa ne mo anaa? Sɛ ɛyɛ bɔne a ɛde kɔ owu mu, anaasɛ osetie a ɛde kɔ trenee. 17Nanso yɛda Onyankopɔn ase. Efisɛ bere bi a atwa mu a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo koma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no. 18Wɔagye mo afi bɔne mu ama moabɛyɛ nkoa ama trenee.

19Esiane mo nipasu nti, mede nkoasom ho mfonitwa reboa mo ama moate eyinom nyinaa ase. Sɛnea mmere bi mode mo ho nyinaa maa sɛ afide ne amumɔyɛsɛm nkoa no, afei de momfa nyɛ nkoa mma trenee nkɔ kronkronyɛ mu. 20Bere a na moyɛ bɔne nkoa no, na treneeyɛ nni mo so tumi. 21Moyɛɛ nneyɛe a afei de mo ani wu wɔ ho no, mfaso bɛn na munyae? Nea ekowiei ne owu. 22Nanso mprempren wɔagye mo afi owu mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfaso a munya wɔ mu no kɔ kronkronyɛ mu, na nea efi mu ba yɛ nkwa a enni awiei. 23Na bɔne so akatua yɛ owu, nanso Onyankopɔn akyɛde yɛ nkwa a enni awiei, wɔ Kristo Yesu yɛn Awurade mu.