与上帝和好
1我们既然因信而被称为义人,就借着我们的主耶稣基督与上帝和好了。 2我们又靠着祂,借着信进入现在所站的这恩典中,欢欢喜喜地盼望分享上帝的荣耀。 3不但如此,我们在苦难中也欢喜,因为知道苦难使人生忍耐, 4忍耐生品格,品格生盼望。 5这种盼望不会落空,因为上帝的爱借着所赐给我们的圣灵已倾注在我们心中。
6当我们还软弱无助的时候,基督就在所定的日期为罪人死了。 7为义人死,是罕见的;为好人死,也许有敢做的; 8但基督却在我们还做罪人的时候为我们死!上帝的爱就这样显明了。
9现在,我们既然因祂所流的血而被称为义人,岂不更要靠着祂免受上帝的烈怒吗? 10如果我们还与上帝为敌的时候,尚且可以借着上帝儿子的死亡与上帝和好,和好后的我们岂不更要借着祂儿子的生命得到拯救吗? 11不但如此,我们借着主耶稣基督与上帝和好之后,还要借着祂在上帝面前欢喜。
亚当与基督
12因此,罪怎样从一个人进入世界并带来了死亡,死亡也怎样临到了全人类,因为全人类都犯了罪。 13没有律法之前,罪已经在世上了;但没有律法,罪也不算为罪。 14事实上,从亚当到摩西的时代,死亡一直辖制着人类,甚至连那些不与亚当犯同样罪的人也不能幸免。亚当是将要来的那位的预表。
15然而,上帝的洪恩远超过亚当的过犯。若因一人的过犯,众人都要死亡,那么上帝的恩典,也就是通过耶稣基督一人所赐的恩典,岂不要更丰富地临到众人吗? 16再者,上帝的恩赐不同于一人犯罪的后果。一人犯罪便带来审判和定罪,恩赐却使众人罪恶得赦、被称为义人。 17如果因一人的过犯,死亡就借着那人做了王,那么接受上帝洪恩又得到祂所赐之义的人,岂不更要借着耶稣基督一人在生命中做王吗?
18如此说来,因为一人的过犯,众人都被定罪;照样,因为一人的义行,众人都被称为义人,得到生命。 19因为一人的悖逆,众人成为罪人;照样,因为一人的顺服,众人将被称为义人。 20律法是后来颁布的,使过犯更多地显出来,只是哪里的罪越多,哪里的恩典就显得越丰富。 21罪怎样掌权带来死亡5:21 “罪怎样掌权带来死亡”或译“罪怎样借着死亡掌权”。,恩典也照样借着义掌权,为要借着我们主耶稣基督带来永生。
Asomdwoeɛ Ne Anigyeɛ
1Afei a ɛnam gyidie so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoeɛ. 2Ɔnam gyidie so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu seesei no mu. Yɛn ani gye wɔ anidasoɔ mu sɛ yɛbɛnya Onyankopɔn anim animuonyam. 3Afei, yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba, 4na boasetɔ de osuahunu ba, ɛnna osuahunu de anidasoɔ ba. 5Saa anidasoɔ yi renni yɛn hwammɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛdeɛ a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn akoma mu.
6Ɛberɛ a ɛsɛ mu, ɛberɛ a yɛyɛ mmerɛ no, Kristo wu maa amumuyɛfoɔ. 7Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo, na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia obi bɛsi ne bo awu ama no. 8Nanso, Onyankopɔn da ne dɔ adi wɔ yei mu sɛ; ɛberɛ a yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.
9Esiane sɛ wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no enti, wɔnam ne so bɛgye yɛn afiri Onyankopɔn abufuhyeɛ mu. 10Na sɛ ɛberɛ a yɛyɛ atamfoɔ mpo Onyankopɔn de ne Ba no wuo yɛɛ mpatadeɛ maa yɛn a, saa mmerɛ yi a yɛne Onyankopɔn wɔ ayɔnkofa yi deɛ, yɛnim sɛ ɔnam ne Ba no so bɛgye yɛn nkwa. 11Ɛnyɛ yei nko, mmom yɛnam AWURADE Yesu Kristo a ne mu na yɛanya mpata no gye yɛn ani wɔ Onyankopɔn mu.
Adam Yɛ Owuo Farebae, Kristo Yɛ Nkwa Farebae
12Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa ewiase, na ne bɔne no de owuo baeɛ. Ɛno enti owuo trɛ baa nnipa nyinaa so, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛɛ bɔne.
13Na bɔne wɔ hɔ ansa na wɔde Mmara no reba. Nanso, mmara nni hɔ a, wɔmmu bɔne ho akonta. 14Nanso, ɛfiri Adam ɛberɛ so kɔsi Mose ɛberɛ so no, owuo dii nnipa nyinaa so kɔsii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne, sɛdeɛ Adam deɛ ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɛkwan bi so no, Adam yɛ Kristo, deɛ na ɔrebɛba no, sɛso.
15Nanso, wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokorɛ sɛ ɛsiane saa onipa baako no bɔne enti nnipa pii wuwuiɛ. Nanso, Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno enti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no. 16Bio, Onyankopɔn akyɛdeɛ no nte sɛ nsunsuansoɔ a ɛfiri onipa baako bɔne mu baeɛ no. Atemmuo no nam bɔne baako so de afɔbuo baeɛ, nanso bɔne bebree akyi no, akyɛdeɛ no de bembuo baeɛ. 17Sɛ ɛnam onipa baako bɔne so ɛna owuo dii ɔhene a, ɛnneɛ wɔn a wɔnya adom mmorosoɔ ne tenenee akyɛdeɛ no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bɛdi hene wɔ nkwa mu.
18Enti sɛdeɛ onipa baako pɛ bɔne a ɔyɛeɛ no ma wɔbuu nnipa nyinaa fɔ no, saa ara nso na tenenee adeyɛ baako maa wɔbuu nnipa nyinaa bem, na yɛnyaa nkwa. 19Na sɛdeɛ ɛnam ɔbaakofoɔ asoɔden so enti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, saa ara nso na onipa baako setie enti, wɔbɛyɛ bebree teneneefoɔ.
20Wɔyɛɛ mmara no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne bɛda adi pefee; nanso mpɛn dodoɔ a bɔne dɔɔso no, adom no dɔɔso mmoroso, 21enti sɛdeɛ bɔne di nnipa so de wɔn kɔ owuo mu no, saa ara na adom no nam tenenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn AWURADE mu bɛba.