罗马书 10 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

罗马书 10:1-21

1弟兄姊妹,我心里切望并向上帝祈求的,就是以色列人能够得救。 2我可以证明,他们对上帝有热心,但不是基于真知。 3他们不知道上帝所赐的义,想努力建立自己的义,不肯服从上帝的义。 4其实基督是律法的终极目的,使所有信靠祂的人都可以得到义。

求告主名的都必得救

5关于律法的义,摩西写道:“人若遵行律法的诫命,就必活着。” 6但是论到以信心为基础的义,圣经上说:“不要心里说,‘谁要升到天上去呢?’意思是谁要把基督领下来, 7或说,‘谁要下到阴间去呢?’意思是谁要把基督从死人中领上来。” 8其实这里是说:“这道近在咫尺,就在你口里,在你心中。”这道就是我们所传的信主之道。 9你若口里承认耶稣是主,心里相信上帝使祂从死里复活,就必得救。 10因为人心里相信,就可以被称为义人,口里承认,就可以得救。 11正如圣经上说:“信靠祂的人必不致蒙羞。” 12犹太人和希腊人并没有分别,因为主是所有人的主,祂厚待所有求告祂的人, 13因为“凡求告主名的都必得救。”

14可是,人还没信祂,怎能求告祂呢?还没听说过祂,怎能信祂呢?没有人传道,怎能听说过祂呢? 15人没有受差遣,怎能传道呢?正如圣经上说:“那传福音之人的脚踪是何等佳美!” 16只是并非人人都信福音,就像以赛亚先知所说的:“主啊!谁相信我们所传的呢?”

17由此可见,听了道,才会信道;有了基督的话,才有道可听。 18但我要问,以色列人没有听过吗?当然听过。因为

“他们的声音传遍天下,

他们的话语传到地极。”

19我再问,难道以色列人不知道吗?首先,摩西说:

“我要借无名之民挑起你们的嫉妒,

用愚昧的国民激起你们的怒气。”

20后来,以赛亚先知又放胆地说:

“我让没有寻找我的人寻见,

我向没有求问我的人显现。”

21至于以色列人,他说:

“我整天伸出双手招呼那悖逆顽固的百姓。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Romafo 10:1-21

Gyidi Ne Bɔneka

1Anuanom, nea me koma pere hwehwɛ yɛ me mpae a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfo sɛ wobenya nkwagye. 2Metumi adi wɔn ho adanse sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛnea ɛsɛ. Nanso wɔn som no mfi nimdeɛ mu. 3Wɔammu trenee a efi Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Eyi amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase. 4Kristo ne mmara no awiei, enti obiara a ogye di no bɛyɛ ɔtreneeni.

5Mose kyerɛe sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, obetumi asɔ Onyankopɔn ani, bere a ɔkyerɛw se, “Sɛ obi pɛ sɛ onya nkwa a, ɔnyɛ nea mmara no ka no nyinaa.” 6Nanso wɔn a wɔn gyidi nti Onyankopɔn agye wɔn no, mmisa wɔ wɔn koma mu se, “Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?” 7Na wɔremmisa nso se, “Hena na ɔbɛkɔ awufo asase so akonyan no aba nkwa mu?” 8Nea Kyerɛwsɛm no ka ni: “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wo koma mu.” Eyi ne asɛm a ɛfa gyidi ho a yɛka no. 9Sɛ wopae mu ka se, “Yesu ne Awurade,” na wugye di sɛ Onyankopɔn na onyan no fii awufo mu a, wobegye wo nkwa. 10Na yefi koma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagye. 11Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔde ne ho to ne so no, nʼanim rengu ase.” 12Nsonoe biara nni Yudani ne Amanamanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na ohyira wɔn a wosu frɛ no. 13Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa.”

14Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa benya gyidi wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagye? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate? Gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn. 15Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛnea wɔakyerɛw se, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no anan yɛ fɛ.”

16Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛnea Yesaia kae se, “Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi?” 17Ɛno de, na gyidi no fi asɛm no tie mu, nea yɛte fi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu. 18Nanso mibisa se: Wɔante ana? Mmom wɔtee:

“Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa,

na wɔn nsɛm nso akodu asase ano.”

19Mibisa bio se, Israelfo ante ase ana? Nea edi kan, Mose ka se,

“Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me man mpo ho ninkunu.

Mede ɔman a wonni ntease bɛhyɛ mo abufuw.”

20Na Yesaia de akokoduru ka se,

“Wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me;

medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wommisaa mʼase no.”

21Na nea ɔka faa Israelfo ho ne sɛ,

“Da mu nyinaa matrɛw me nsa mu

ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano.”