约翰福音 18 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约翰福音 18:1-40

耶稣被捕

1耶稣祷告完毕,就带着门徒渡过汲沦溪,进了那里的一个园子。 2因为耶稣时常带着门徒到那里聚会,所以出卖耶稣的犹大也知道那地方。 3这时,犹大带着一队士兵以及祭司长和法利赛人的差役,拿着灯笼、火把和兵器来了。 4耶稣早就知道将要发生在自己身上的一切事,于是出来问他们:“你们找谁?”

5他们回答说:“拿撒勒人耶稣!”

耶稣说:“我就是。”那时出卖耶稣的犹大也站在他们当中。

6他们听到耶稣说“我就是”,便后退跌倒在地上。

7耶稣又问:“你们找谁?”

他们说:“拿撒勒人耶稣。”

8耶稣说:“我已经告诉你们我就是。你们既然找我,就让这些人走吧。” 9这是要应验祂以前说的:“你赐给我的人一个也没有失掉。”

10这时,西门·彼得带着一把刀,他拔刀向大祭司的奴仆马勒古砍去,削掉了他的右耳。

11耶稣对彼得说:“收刀入鞘吧!我父赐给我的杯,我怎能不喝呢?”

12千夫长带着士兵和犹太人的差役上前把耶稣捆绑起来,带了回去。 13他们押着耶稣去见亚那,就是那一年的大祭司该亚法的岳父。 14这个该亚法以前曾对犹太人建议说:“让祂一个人替众人死对你们更好。”

彼得不认主

15西门·彼得和另一个门徒跟在耶稣后面。由于那门徒和大祭司认识,他就跟着耶稣来到大祭司的院子。 16彼得留在门外。后来,大祭司所认识的那个门徒出来对看门的女仆说了一声,便把彼得也带了进去。

17看门的女仆问彼得:“你不也是这个人的门徒吗?”

他说:“我不是。”

18天气很冷,奴仆和差役生了一堆火,站着烤火取暖,彼得也跟他们站在一起烤火取暖。 19此时,大祭司正在盘问耶稣有关祂的门徒和祂的教导之事。

20耶稣说:“我是公开对世人讲的,我常在犹太人聚集的会堂和圣殿教导人,没有在背地里讲过什么。 21你何必问我呢?问那些听过我讲的人吧,他们知道我讲过什么。”

22耶稣话才说完,站在旁边的差役就打了祂一耳光,说:“你敢这样回答大祭司!”

23耶稣说:“如果我说错了,你可以指出我错在哪里。如果我说的对,你为什么打我呢?”

24亚那把被捆绑起来的耶稣押到大祭司该亚法那里。

25那时西门·彼得仍然站着烤火,有人问他:“你不也是那人的门徒吗?”

彼得否认说:“我不是!”

26一个大祭司的奴仆,就是被彼得削掉耳朵的那个人的亲戚说:“我不是看见你和祂一起在园子里吗?” 27彼得再次否认。就在那时,鸡叫了。

彼拉多审问耶稣

28黎明的时候,众人从该亚法那里把耶稣押往总督府,他们自己却没有进去,因为怕沾染污秽,不能吃逾越节的晚餐。 29彼拉多出来问他们:“你们控告这个人什么罪?”

30他们回答说:“如果祂没有为非作歹,我们也不会把祂送到你这里来。”

31彼拉多说:“你们把祂带走,按照你们的律法去审理吧。”

犹太人说:“可是我们无权把人处死。” 32这是要应验耶稣预言自己会怎样死的话。

33彼拉多回到总督府提审耶稣,问道:“你是犹太人的王吗?”

34耶稣回答说:“你这样问是你自己的意思还是听别人说的?”

35彼拉多说:“难道我是犹太人吗?是你们犹太人和祭司长把你送来的。你到底犯了什么罪?”

36耶稣答道:“我的国不属于这个世界,如果我的国属于这个世界,我的臣仆早就起来争战了,我也不会被交在犹太人的手里。但我的国不属于这个世界。”

37于是彼拉多对祂说:“那么,你是王吗?”

耶稣说:“你说我是王,我正是为此而生,也为此来到世上为真理做见证,属于真理的人都听从我的话。”

38彼拉多说:“真理是什么?”说完了,又到外面对犹太人说:“我查不出祂有什么罪。 39不过按照惯例,在逾越节的时候,我要给你们释放一个人。现在,你们要我释放这个犹太人的王吗?”

40众人又高喊:“不要这个人!我们要巴拉巴!”巴拉巴是个强盗。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yohane 18:1-40

Wɔkyere Yesu

1Yesu bɔɔ saa mpae yi wiei no, ɔne nʼasuafo no fii faako a wɔwɔ no kotwaa asu Kidron kɔɔ turo bi mu.

2Esiane sɛ na Yesu ne nʼasuafo no taa kɔ hɔ no nti, na Yuda a oyii no mae no nim hɔ. 3Asɔfo mpanyin ne Farisifo no somaa Yuda ne asraafo ne asɔredan mu awɛmfo a wokurakura akode ne akanea kɔɔ faako a wɔwɔ no.

4Yesu a na onim nea ɛbɛba ne so nyinaa no kohyiaa wɔn bisaa wɔn se, “Hena na mohwehwɛ no?”

5Wobuaa no se, “Yesu a ofi Nasaret no.”

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me ni!” Na Yuda a oyii no maa no gyina hɔ bi. 6Yesu kae se, “Me ni” no, wopinpinii wɔn akyi na wɔhwehwee ase.

7Ɔsan bisaa wɔn bio se, “Morehwehwɛ hena?”

Na wobuae se, “Yesu a ofi Nasaret no.”

8Yesu buaa wɔn se, “Maka akyerɛ mo dedaw se me ni. Sɛ me na morehwehwɛ me de a, ɛno de, momma mʼasuafo no nkɔ.” 9Ɔkaa eyi nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a nsɛm a wɔaka se, “Agya, wɔn a wode wɔn maa me no mu baako koraa nyerae” no bɛba mu.

10Saa bere no Petro a na okura afoa no twe de twaa ɔsɔfopanyin no asomfo no mu baako aso nifa. Saa akoa no din de Malko.

11Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Fa wʼafoa no san hyɛ faako a wotwe fii. Ɛnsɛ sɛ menom kuruwa a mʼAgya de ama me no ano ana?”

Yesu Gyina Anas Anim

12Asraafo no ne wɔn panyin ne asɔredan mu awɛmfo no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa, 13de no dii kan kɔmaa Anas a na nʼase ne Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ Ɔsɔfopanyin no. 14Kaiafa na otuu Yudafo no fo se, eye sɛ onipa baako bewu ama ɔman no.

Petro Pa Yesu

15Simon Petro ne osuani baako dii Yesu akyi. Na osuani baako no yɛ obi a ɔsɔfopanyin no nim no yiye. Saa osuani no na onyaa kwan kɔɔ ɔsɔfopanyin no fi hɔ. 16Petro de, ɔkaa ɔpon no akyi. Saa osuani a na onim ɔsɔfopanyin no yiye no san bae, ne abaawa a na ɔhwɛ ɔpon no ano no bɛkasa maa Petro nyaa kwan kɔɔ mu.

17Abaawa a ogyina ɔpon ano no bisaa Petro se, “Wonyɛ saa onipa no asuafo no mu baako ana?”

Petro buae se, “Dabi.”

18Saa bere no na ɛyɛ awɔwbere, enti na asomfo no ne asraafo no asɔ gya a wɔreto. Petro nso kogyinaa hɔ too gya no bi.

Ɔsɔfopanyin No Bisa Yesu Nsɛm

19Ɔsɔfopanyin no bisaa Yesu nsɛm faa nʼasuafo no ne ne nkyerɛkyerɛ ho.

20Yesu buae se, “Mekaa me nsɛm nyinaa wɔ gua mu na mekyerɛkyerɛɛ wɔ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia hɔ no. Menkaa asɛm biara wɔ kokoa mu. 21Adɛn nti na wubisa saa asɛm yi? Bisa wɔn a wotiee me no. Wɔn na wonim asɛm a mekae.”

22Yesu kaa saa no, awɛmfo no mu baako bɔɔ no sotɔre kae se, “Wo sɛɛ ne hena a wutumi kasa ɔsɔfopanyin anim saa?”

23Yesu buaa no se, “Sɛ maka asɛmmɔne bi a, ka asɛm a mekae no na obiara a ɔwɔ ha nte bi. Na sɛ asɛm a mekaa no nso yɛ nokware de a, adɛn nti na wobɔ me?” 24Afei, Anas ma wɔde Yesu a wɔakyekyere ne nsa no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa anim.

Petro Pa Yesu Bio

25Bere a Petro da so gyina hɔ reto gya no bi no, wɔn a na wogyina hɔ no mu bi bisaa no se, “Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafo no mu baako ana?”

Petro san bio sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.”

26Ɔsɔfopanyin no asomfo no mu baako a na ɔyɛ nea Petro twaa nʼaso no busuani no nso bisaa no se, “Ɛnyɛ wo na na wo ne no wɔ turo no mu hɔ no?” 27Petro san san bio se, “Dabi.” Nʼano sii ara pɛ na akokɔ bɔnee.

Wɔde Yesu Kɔ Pilato Anim

28Wɔde Yesu fii Kaiafa fi de no kɔɔ Pilato ahemfi. Saa bere no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafo no mpɛ sɛ fi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduan no bi nti, wɔankɔ hɔ bi. 29Pilato fii adi baa faako a na nnipa no wɔ no bebisaa wɔn se, “Bɔne bɛn na saa onipa yi ayɛ?”

30Nnipa no buaa no se, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha.”

31Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni nʼasɛm.”

Yudafo no nso kae se, “Yenni tumi sɛ yekum obi.” 32Nea esii yi maa nsɛm a Yesu ka de kyerɛɛ owu ko a obewu no daa adi pefee.

33Pilato san kɔɔ nʼahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Wone Yudafo hene no ana?”

34Yesu nso bisaa no se, “Wo ara wʼadwene na wode rebisa me saa asɛm yi, anaasɛ nnipa bi na wɔaka me ho asɛm akyerɛ wo?”

35Pilato buaa Yesu se, “Wususuw sɛ meyɛ Yudani ana? Wo ara wo nkurɔfo ne wɔn asɔfo mpanyin na wɔde wo brɛɛ me. Dɛn na woayɛ?”

36Yesu buaa no se, “Mʼahenni nyɛ asase so ahenni; sɛ mʼahenni yɛ asase so ahenni a, anka mʼakyidifo bɛko agye me afi Yudafo mpanyimfo no nsam. Mereka bio se, mʼahenni nyɛ asase so ahenni.”

37Pilato see no sɛ, “Ɛno de, na woyɛ ɔhene ana?”

Yesu buaa no se, “Wo na wuse meyɛ ɔhene. Ade baako pɛ nti na wɔwoo me baa wiase ha, sɛ mimmedi nokware ho adanse. Obiara a ɔpɛ nokware no tie me.”

38Pilato bisaa no se, “Dɛn ne saa nokware no?” Afei Pilato fii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ. 39Nanso sɛnea mo Twam Afahyɛ amanne te no, afe biara moma migyaa odeduani baako ma mo. Mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no ma mo ana?”

40Yudafo no teɛteɛɛ mu se, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ ɔmammɔfo.