约翰三书 1 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约翰三书 1:1-15

1我这做长老的写信给亲爱的该犹,就是我本着真理所爱的人。 2亲爱的弟兄,衷心地祝你凡事顺利,身体和灵魂一样健康。

该犹的好品行

3有弟兄们来为你的行为做见证,说你忠心地遵行真理,这使我非常欣慰。 4没有比听见自己的孩子遵行真理更使我欢喜了。

5亲爱的弟兄,你常常忠心地照顾素不相识的弟兄, 6他们把你的爱心告诉了教会。愿你照着上帝所喜悦的方式继续帮助他们, 7因为他们为了主耶稣的名四处传道,不收取非信徒的任何东西。 8我们应该接待这样的人,好与他们一同传扬真理。

丢特腓的恶行

9我曾写信给你那里的教会,但喜欢做领袖的丢特腓不理会我们。 10因此,我若去你们那里,会提及他的所作所为,就是他怎样恶言中伤我们。不仅如此,他还拒绝接待弟兄,并且禁止别人接待,甚至将接待的人赶出教会。

抑恶扬善

11亲爱的弟兄,不要效法罪恶,要效法美善。行善的人属于上帝,行恶的人不认识上帝。 12低米丢得到了众人的好评,真理本身也为他做见证,我们也为他做见证。你们知道我们的见证是真实的。

结语

13我本来有很多事想跟你谈,但不想用笔墨写给你, 14只希望可以快快地见到你,跟你当面畅谈。

15祝你平安!这里的朋友们都问候你,请代我一一问候你那边的朋友。

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Yohane 1:1-15

1Me, Asɔre panyin,

Mekyerɛw kɔma me dɔfo pa Gaio.

2Mʼadamfo pa, mebɔ mpae sɛ biribiara nkɔ so yiye mma wo, na nya ahoɔden sɛnea minim sɛ wowɔ ahoɔden wɔ honhom fa mu no. 3Anuanom bi baa ha bɛka kyerɛɛ me se, woanya nokware no mu gyidi no, na woda so kura nokware no mu no, ɛyɛɛ me anigye yiye. 4Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ mɛte sɛ me mma no te nokware mu.

5Mʼadamfo pa, wudi nokware yiye wɔ adwuma a woyɛ ma anuanom no a ɛmfa ho sɛ wɔyɛ ahɔho mpo. 6Wɔaka ɔdɔ a wodɔ asafo a ɛwɔ hɔ no ho asɛm. Mesrɛ wo, boa wɔn wɔ wɔn akwantu no mu ma ɛnsɔ Onyankopɔn ani. 7Efisɛ wɔretu wɔn kwan wɔ Awurade din mu a wɔmpɛ mmoa biara mfi wɔn a wɔnyɛ agyidifo no nkyɛn. 8Yɛn Kristofo na ɛsɛ sɛ yɛboa saa nnipa no sɛnea yɛne wɔn bɛyɛ nokware no ho adwuma.

Diotrefe

9Mekyerɛw krataa tiaa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a nʼani gye sɛ ɔyɛ wɔn panyin no ntie nea meka no. 10Sɛ meba a, mede biribiara a ɔreyɛ no ho asɛm bɛto mo anim. Mɛka nsɛm a ɛyɛ hu a ɔka fa yɛn ho ne atoro a otwa nyinaa no ho asɛm. Nanso ɛno nko ara nye mma no. Sɛ anuanom afoforo ba a, onnye wɔn, na osiw wɔn a wɔpɛ sɛ wogye wɔn no nso kwan, san apam wɔn fi asafo no mu.

11Mʼadamfo pa, munnsua ade bɔne, na mmom munsua ade pa. Obiara a ɔyɛ papa no yɛ Onyankopɔn de. Na obiara a ɔyɛ bɔne no nhuu Onyankopɔn ɛ. 12Obiara ka Demetrio ho asɛm pa, na mpo nokware no ankasa ka ne ho asɛm pa. Na yɛn nso yedi ne ho adanse pa, na munim sɛ nea yɛka no yɛ nokware.

13Mewɔ nsɛm bebree ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne kyerɛwdua so nka. 14Ɛrenkyɛ biara mehu mo na me ne mo akasa.

15Asomdwoe nka mo.

Mo nnamfonom nyinaa kyiakyia mo. Kyiakyia yɛn nnamfonom nyinaa.