约伯记 32 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约伯记 32:1-22

以利户的回答

1三人见约伯自以为义,便不再回答他。 2那时,族的布西巴拉迦的儿子以利户约伯很恼火,因为约伯自以为义,不承认上帝的公义。 3他对约伯的三个朋友也很恼火,因为他们说约伯有罪,却无法回答约伯的质问32:3 因为他们说约伯有罪,却无法回答约伯的质问”有古卷作“因为他们无法回答约伯的质问,因而置上帝于不公”。4由于不及他们年长,以利户便等他们说完才向约伯发言。 5他见三人无法回答约伯,很恼火, 6就说:

“我年纪轻,你们是长辈,

所以我畏惧,不敢陈明观点。

7我想,前辈当先发言,

长者当传授智慧。

8但只有人里面的灵——

全能者的气息赐人悟性。

9长者不一定有智慧,

年老不一定明白是非。

10因此,请听我说,

我也要陈明观点。

11看啊,我一直等候你们发言,

倾听你们的理论,

等你们斟词酌句。

12我仔细聆听,

发现你们无人能驳倒约伯

无人能答复他。

13你们不要说,‘我们找到了智慧,

使他折服的是上帝而非人。’

14约伯没有与我辩论,

我也不会用你们的理论答复他。

15“他们惊慌失措,无言以对,

再也说不出话来。

16难道他们不说话,站在那里无言以对,

我就要等下去吗?

17我也要作出答复,

陈明我的观点。

18因为我心里积满了话,

我里面的灵催促我说出来。

19我里面像盛满了酒,却没有出口,

又如将要破裂的新酒袋。

20我要一吐为快,

我要开口答复。

21我不看人的情面,

也不奉承人。

22我不善奉承,

否则,造物主会很快把我除掉。

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 32:1-22

Elihu Adwenkyerɛ

1Enti saa mmarima baasa yi ammua Hiob bio, ɛfiri sɛ, na ɔtene wɔ ɔno ara ani so. 2Na Busini Barakel babarima Elihu a ɔfiri Ram abusua mu no bo fuu Hiob yie sɛ ɔbu ne ho bem na ɔmmu Onyankopɔn mmom bem. 3Ne bo fuu nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinasoɔ bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wɔbuu no fɔ. 4Elihu twɛnee sɛ afoforɔ no bɛkasa akyerɛ Hiob, ɛfiri sɛ, na wɔanyinyini sene no. 5Na ɔhunuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuo sɔreeɛ.

6Enti Busini Barakel babarima Elihu kaa sɛ,

“Meyɛ abɔfra,

na moyɛ mpanimfoɔ;

ɛno enti na mesuroo sɛ

mɛka deɛ menim akyerɛ mo.

7Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ kasa;

ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afire kyerɛ nyansa.’

8Nanso honhom a ɛte onipa mu,

Otumfoɔ no ahomeɛ no na ɛma nteaseɛ.

9Ɛnyɛ mpanimfoɔ nko na wɔyɛ anyansafoɔ,

ɛnyɛ wɔn a wɔn ani afire nko na wɔte deɛ ɛyɛ ase.

10“Enti mese: Montie me;

me nso mɛka mʼadwene.

11Metwɛneeɛ wɔ ɛberɛ a morekasa,

metiee mo adwenkyerɛ;

ɛberɛ a na monhunu deɛ monka no,

12meyɛɛ aso maa mo pa ara,

nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomsoɔ;

mo mu biara anyi nʼanosɛm ano.

13Monnka sɛ, ‘Ɔnim nyansa;

Onyankopɔn nko ara na ɔbɛtumi asesa nʼadwene.’

14Sɛ Hiob ne me kasaeɛ a,

anka merennyina mo adwenkyerɛ no so mmua no.

15“Mo ho adwiri mo, monni hwee ka bio;

mo nsɛm asa.

16Ɛsɛ sɛ metwɛn wɔ ɛberɛ a moayɛ komm yi,

saa ɛberɛ a mo monni mmuaeɛ biara de ma yi?

17Me nso mɛka bi

me nso mɛka mʼadwene.

18Ɛfiri sɛ, nsɛm ahyɛ mʼanomu ma,

na honhom a ɛte me mu no hyɛ me sɛ menka;

19Me mu no, mete sɛ nsa a ɛhyɛ toa mu;

Me te sɛ nsã kotokuo foforɔ a ɛrebɛpae.

20Ɛsɛ sɛ mekasa na me ho tɔ me;

ɛsɛ sɛ mebue mʼano na me ma mmuaeɛ.

21Merenyɛ animhwɛ

na merenkorɔkorɔ obiara.

22Na sɛ makwadare akorɔkorɔ mu a,

anka me Yɛfoɔ bɛyi me afiri hɔ ntɛm so.