约伯记 15 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约伯记 15:1-35

以利法再次发言

1提幔以利法回答说:

2“智者岂会用空谈作答,

满腹东风?

3申辩时岂会讲无用的话,

说无益之言?

4你摒弃对上帝的敬畏,

拒绝向祂祷告。

5你的罪指示你开口,

使你说出诡诈之言。

6并非我定你的罪,

定你罪的是你的口,

指控你的是你的嘴唇。

7你岂是第一个出生的人?

你岂在群山之前被造?

8你岂听过上帝的密旨?

你岂独揽智慧?

9有何事你知而我们不知,

你懂而我们不懂?

10我们这里有白发老人,

比你父亲还年长。

11上帝用温柔的话安慰你,

难道你还嫌不够吗?

12你为何失去理智,

为何双眼冒火,

13以致你向上帝发怒,

口出恶言?

14人算什么,怎能纯洁?

妇人所生的算什么,怎能公义?

15连上帝的圣者都无法令祂信任,

连诸天在祂的眼中都不洁净,

16更何况可憎败坏、

嗜恶如喝水的世人?

17“让我告诉你,你好好听着。

我要把所见的陈明——

18那是智者的教导,

是他们未曾隐瞒的祖训。

19这片土地只赐给了他们,

没有外人在他们中间出入。

20恶人一生受折磨,

残暴之徒终身受苦。

21他耳边响着恐怖的声音,

他安逸时遭强盗袭击。

22他不指望能逃脱黑暗,

他注定要丧身刀下。

23他到处流浪,寻找食物,

他知道黑暗之日快要来临。

24患难和痛苦使他害怕,

像君王上阵一样震慑他。

25因为他挥拳对抗上帝,

藐视全能者,

26拿着坚盾傲慢地挑战祂。

27他满脸肥肉,

腰间堆满脂肪。

28他住的城邑必倾覆,

他的房屋必成为一堆瓦砾,

无人居住。

29他不再富足,

家财不能久留,

地产无法加增。

30他无法逃脱黑暗,

火焰要烧焦他的嫩枝,

上帝口中的气要毁灭他。

31他不可自欺,信靠虚空,

因为虚空必成为他的回报。

32在他离世以前,虚空必临到他,

他的枝子再不会青绿。

33他必像一颗葡萄树,

葡萄未熟已掉落;

又像一颗橄榄树,

花刚开便凋零。

34不信上帝之辈必不生育,

受贿者的帐篷必被火烧。

35他们心怀不轨,生出罪恶,

他们满腹诡诈。”

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 15:1-35

Elifas Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmienu

1Na Temanni Elifas buaa sɛ,

2“Enti onyansafoɔ de nsɛm a aba biara nni muo bɛyi nʼano

anaasɛ ɔde apueeɛ mframa a emu yɛ hye bɛhyɛ nʼafuru ma?

3Ɔde nsɛm huhuo bɛdi anobaabaeɛ,

aka nsɛm a ɛntu bunu biara anaa?

4Wototo onyamesuro ase mmom

na wosi Onyankopɔn mu ahotosoɔ ho ɛkwan.

5Wo bɔne kyerɛ wʼano deɛ ɔnka;

na woafa aniteɛ tɛkrɛma.

6Wo ankasa wʼano bu wo kumfɔ, ɛnyɛ me deɛ;

wʼankasa wʼano di adanseɛ tia wo.

7“Wone onipa a wɔwoo wo dii ɛkan?

Wɔwoo wo ansa na wɔrewo nkokoɔ?

8Wotie Onyankopɔn afotuo anaa?

Wo nko ara na wonim nyansa anaa?

9Ɛdeɛn na wonim a, yɛnnim?

Nhunumu bɛn na wowɔ a yɛnnie?

10Deɛ wafu dwono ne akɔkoraa wɔ yɛn afa,

wɔn a wɔanyini sene wʼagya mpo.

11Onyankopɔn awerɛkyekyerɛ

ne nsɛm a wɔka no brɛoo kyerɛ wo no sua ma wo anaa?

12Adɛn enti na wʼakoma atwe wo korɔ

adɛn enti na wʼani asɔ ogya,

13na woadane wʼabofuo agu Onyankopɔn so

na woma saa nsɛm yi pue firi wʼano?

14“Ɔdasani ne hwan a ɔbɛtumi ayɛ pɛ,

anaasɛ deɛ ɔbaa awo noɔ bɛn na ɔbɛtumi ayɛ ɔteneneeni?

15Onyankopɔn nni ahotosoɔ wɔ nʼakronkronfoɔ mu.

Ɔsorosoro mpo nnyɛ kronn wɔ nʼani so,

16na nkantom onipa bɔnefoɔ ne omumuyɛfoɔ a

ɔnom awurukasɛm sɛ nsuo.

17“Tie me, na mɛkyerɛ wo mu;

ma menka deɛ mahunu nkyerɛ wo,

18deɛ anyansafoɔ apae mu aka,

a wɔamfa biribiara a wɔnya firii wɔn agyanom hɔ no ansie

19(wɔn a wɔde asase no maa wɔn

ɛberɛ a ananafoɔ biara nni hɔ):

20Omumuyɛfoɔ kɔ ahohiahia mu ne nkwanna nyinaa.

Na basabasayɛni nso, wɔahyehyɛ ne mfeɛ nyinaa ama no.

21Nnyegyeɛ a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma;

na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yie ma no a, akorɔmfoɔ to hyɛ ne so.

22Ɔpa aba sɛ ɔbɛdwane afiri esum mu;

wɔabɔ no ato hɔ ama akofena.

23Ɔkyinkyini hwehwɛ aduane;

ɔnim sɛ esum da no abɛn.

24Ɔhaw ne ahoyera yi no hu;

ɛhyɛ ne so sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko,

25ɛfiri sɛ ɔtenetene ne nsa kyerɛ Onyankopɔn

na ɔma ne ho so tia Otumfoɔ.

26Wɔde akokyɛm a emu pi na ɛyɛ den

kɔ ne so a wɔnsuro no.

27“Ɛwom sɛ sradeɛ ama wɔn afono atotɔ

na wɔn asene mu ɛnam agu mmɛbɛ deɛ,

28nanso wɔbɛtena nkuro a aguo so

na wɔatena afie a obi nte mu,

afie a ɛrebubu mu.

29Wɔrenkɔ so nyɛ adefoɔ bio, na wɔn ahonya rennyina,

na wɔn agyapadeɛ so bɛte na ayera wɔ asase so.

30Esum bɛduru wɔn;

ogyaframa bɛkusa wɔn mman,

na Onyankopɔn anom ahomeguo bɛsoa wɔn akɔ.

31Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho to nneɛma huhuo so de daadaa wɔn ho,

ɛfiri sɛ wɔrennya hwee mfiri mu.

32Ansa na wɔn da bɛduru no, wɔbɛtua wɔn ka a ebi renka,

na wɔn mman renyɛ frɔmfrɔm.

33Wɔbɛyɛ sɛ bobedua a wɔapore so aba a ɛnnyiniiɛ,

te sɛ ngo dua a ne nhyerɛnne repore gu fam.

34Na abɔnefoɔ fekuo a wɔnnim Onyankopɔn no renso aba,

na ogya bɛhye wɔn a wɔdɔ kɛtɛasehyɛ no ntomadan.

35Wɔnyinsɛn ɔhaw na wɔwo amumuyɛ;

wɔn awotwaa siesie nnaadaa.”