约书亚记 5 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约书亚记 5:1-15

在吉甲行割礼

1约旦河西岸一带的亚摩利众王和沿海一带的迦南众王,听说耶和华为了让以色列人过河而使约旦河成为干地,都吓得胆战心惊,勇气尽失。

2那时,耶和华对约书亚说:“你用火石做成刀子,再次给以色列人行割礼。” 3约书亚便用火石做成刀子,在割礼山给以色列人行了割礼。 4约书亚给他们举行割礼,是因为所有从埃及出来、能够作战的男子都死在旷野的路上。 5埃及出来的男子都受过割礼,而后来在旷野出生的以色列人都没有受过割礼。 6以色列人在旷野飘泊了四十年,直到从埃及出来可以作战的男子都死了为止,因为他们不听从耶和华的话。耶和华向他们起誓,不让他们看见那奶蜜之乡,衪曾应许他们祖先要把那个地方赐给他们。 7耶和华立他们的子孙代替他们。这新一代的以色列人没有受过割礼,因为在路上没有为他们行过割礼。于是,约书亚为他们行了割礼。

8全体民众受了割礼后,都留在自己的营内,直到康复为止。 9耶和华对约书亚说:“今天我除去了你们在埃及受的羞辱。”因此,那地方叫吉甲5:9 吉甲”意思是“除去”。,沿用至今。

在迦南守逾越节

10以色列人都在耶利哥平原上的吉甲扎营,并于一月十四日傍晚在那里守逾越节。 11第二天他们就吃当地的谷物,吃无酵饼和烤麦穗。 12他们吃了当地出产后的第二天,吗哪便不再降下,以色列人再没有吗哪吃了。那一年他们开始吃迦南的出产。

耶和华军队的元帅

13约书亚走近耶利哥,举目看见一个人手里拿着拔出来的剑站在他面前。约书亚上前去问道:“你是来帮助我们的,还是来帮助我们敌人的?” 14那人答道:“都不是,我来是做耶和华军队的统帅。”约书亚就俯伏下拜说:“我主,有什么话要吩咐仆人?” 15耶和华军队的统帅对约书亚说:“把你脚上的鞋脱下!因为你站的地方是圣洁的。”约书亚便把鞋脱下来。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 5:1-15

1Bere a Amorifo ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔe fam ne Kanaanfo ahemfo a wɔwɔ Po Kɛse no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan ayow wɔ Israelfo anim ama wɔatwa no, wɔn koma tui, na ehu kyekyeree wɔn.

Israelfo San Yɛ Apam No Ho Amanne

2Saa bere no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Yɛ kyerɛwbo asekan na fa twa Israelfo no twetia bio.” 3Enti, Yosua yɛɛ kyerɛwbo asekan no de twitwaa Israelfo nyinaa twetia wɔ Aaralot koko so.

4Na ɛsɛ sɛ Yosua twitwa wɔn twetia, efisɛ mmarima a na wɔanyinyin a wotumi ko bere a wofii Misraim no nyinaa awuwu wɔ sare no so. 5Nnipa a wotu fii Misraim bae no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia, nanso wɔn a wɔwowoo wɔn wɔ sare no so wɔ akwantu bere no mu no de, na wontwitwaa wɔn twetia ɛ. 6Israelfo no kyinkyinii wɔ sare no so mfe aduanan kosii sɛ mmarima a wotumi ko bere a wɔrefi Misraim no nyinaa wuwui. Efisɛ wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade, na ɔkaa ntam sɛ ɔremma wɔn ani nhu asase a waka ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no. 7Enti Yosua twitwaa wɔn mmabarima a wontwaa wɔn twetia no twetia bere a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Eyinom yɛ wɔn a na wɔanyinyin a wotumi si wɔn agyanom anan mu no. 8Otwaa mmarima no nyinaa twetia wiei no, wogyee wɔn ahome wɔ atenae hɔ kosii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.

9Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nnɛ mayi mo nkoayɛ wɔ Misraim ho animguase no afi mo so.” Ɛno nti, wɔfrɛ beae hɔ Gilgal de besi nnɛ.

10Bere a Israelfo no wɔ Gilgal atenae hɔ wɔ Yeriko asase pradada no so no, wodii Twam Afahyɛ no wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Saa ɔsram no na wɔde kae bere a wotu fii Misraim no. 11Da no ara, wofii ase dii apiti ne aburow a wɔatoto a wotwa fii asase no so. 12Mana amma da no na wɔanhu bi nso bio. Enti, efi saa bere no, Israelfo no dii Kanaan asase no so nnɔbae.

Awurade Sahene Hyia Yosua

13Bere a Yosua rebɛn Yeriko kuropɔn mu no, ɔpagyaw nʼani huu ɔbarima bi a okura afoa rehyia no. Yosua kɔɔ ne nkyɛn bisaa no se, “Wowɔ yɛn afa anaa woyɛ ɔtamfo?”

14Na ɔbarima no buaa se, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ Awurade nsraadɔm so safohene.” Yosua tee eyi no, ɔdaa hɔ de nʼanim butuu fam wɔ nidi mu na ɔkae se, “Kyerɛ me nea menyɛ, dɛn na wopɛ sɛ wo somfo yɛ?”

15Awurade nsraadɔm safohene no buae se, “Yi wo mpaboa na ɛha yɛ asase kronkron.” Na Yosua yɛɛ nea ɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.