约书亚记 19 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约书亚记 19:1-51

西缅支派分到的土地

1西缅支派按宗族得到第二签,所得的产业在犹大人的疆界内, 2别示巴摩拉大3哈萨·书亚巴拉以森4伊利多拉比土力何珥玛5洗革拉伯·玛加博哈萨·苏撒6伯·利巴勿沙鲁险共十三座城及其附近的乡村, 7还有亚因利门以帖亚珊四座城及其村庄, 8包括周围所有的村庄,远至巴拉·比珥,即南边的拉玛。这些都是西缅支派按宗族所得的产业。 9西缅人的产业是从犹大人的产业中拨出来的,因为犹大支派所分到的地区过于广大,所以要拨出一部分来分给西缅人。

西布伦支派分到的土地

10西布伦人按宗族得了第三签,他们分到的土地远至撒立11撒立向西到玛拉拉大巴设,直到约念东边的小河; 12撒立向东到吉斯绿·他泊的边界,经大比拉、直到雅非亚13再往东,经迦特·希弗以特·加汛临门,直到尼亚14北上转向哈拿顿,直到伊弗他·伊勒山谷。 15还有加他拿哈拉伸仑以大拉伯利恒,共十二座城及其附近的乡村。 16以上这些城邑和乡村是西布伦人按宗族所得的产业。

以萨迦支派分到的土地

17以萨迦人按宗族得了第四签, 18他们的土地包括耶斯列基苏律书念19哈弗连示按亚拿哈拉20拉璧基善亚别21利蔑隐·干宁隐·哈大伯·帕薛22他泊沙哈洗玛伯·示麦,直到约旦河,共十六座城及其附近的乡村。 23这些城邑和乡村都是以萨迦支派按宗族分到的产业。

亚设支派分到的土地

24亚设支派按宗族得了第五签, 25他们得到的土地包括黑甲哈利比田押煞26亚拉米勒亚末米沙勒,西至迦密希曷·立纳27然后向东到伯·大衮西布伦,北到伊弗他·伊勒谷,经伯·以墨尼业直到迦步勒的北部; 28再经义伯仑利合哈门加拿直到西顿大城; 29再转到拉玛、坚固的泰尔城,然后转到何萨亚革悉一带,直到地中海。 30还有乌玛亚弗利合,共二十二座城及其附近的乡村。 31这些城邑和乡村都是亚设支派按宗族分到的产业。

拿弗他利支派分到的土地

32拿弗他利人按宗族得了第六签, 33他们的边界从希利弗撒拿音的橡树、亚大米·尼吉雅比聂拉共,再到约旦河; 34又向西到亚斯纳·他泊户割,南接西布伦,西接亚设,东接约旦19:34 约旦河”參照七十士译本,希伯来文作“约旦河的犹大”。35还包括以下坚城:西丁侧耳哈末拉甲基尼烈36亚大玛拉玛夏琐37基低斯以得来隐·夏琐38以利隐密大·伊勒和琏伯·亚纳伯示麦,共十九座城及其附近的乡村。 39这些城邑和乡村都是拿弗他利支派按宗族分到的产业。

但支派分到的土地

40支派按宗族得了第七签, 41他们的土地包括琐拉以实陶伊珥·示麦42沙拉宾亚雅仑伊提拉43以伦亭拿他以革伦44伊利提基基比顿巴拉45伊胡得比尼·比拉迦特·临门46美·耶昆拉昆约帕对面的一带。 47支派无法夺取他们的土地,于是就去攻打利善城,杀了城内的居民,占据了这座城,用他们祖先的名字把城改为48这些城邑和村庄都是支派按宗族得到的产业。

约书亚分得之地

49以色列各族把地分配完毕以后,又从中划出土地给嫩的儿子约书亚50以色列人遵从耶和华的吩咐,把约书亚想要的以法莲山区的亭拿·西拉城分给他。约书亚重修那城,住在那里。

51以上是祭司以利亚撒的儿子约书亚以色列各支派的首领,在示罗的会幕门口,在耶和华面前抽签所分配的土地。至此,他们把地分完了。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 19:1-51

Asase A Wɔde Maa Simeon

1Asase no nkyemu a ɛto so abien no kɔɔ Simeon abusuakuw no nsam. Na Yuda asase atwa wɔn ho ahyia. 2Na nea edidi so yi ne Simeon agyapade:

Beer-Seba, Seba ne Molada, 3Hasar-Sual, Bala ne Esem, 4Eltolad, Betul ne Horma, 5Siklag, Bet-Markabot ne Hasar-Susa, 6Bet-Lebaot ne Saruhen. Nkurow dumiɛnsa ne wɔn nkuraa.

7Nkurow a ɛka ho bio ne Ain, Rimon, Eter ne Asan, nkurow anan ne wɔn nkuraa, 8ne nkuraa a ɛwɔ anafo fam kosi Baalat-Beer, nea ɛwɔ Negeb a wɔfrɛ no Rama no.

Eyi ne mmusua a wɔwɔ Simeon abusuakuw mu no agyapade. 9Wɔn agyapade no yɛ Yuda de no fa bi a wɔde maa Yuda, efisɛ na Yuda asase no so dodo ma wɔn. Ɛno nti, Simeon abusuakuw no nyaa wɔn agyapade fii Yuda asase no mu.

Asase A Wɔde Maa Sebulon

10Asase no nkyemu a ɛto so abiɛsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuw no nsam.

Sebulon agyapade hye no fi ase wɔ Sarid. 11Efi hɔ kɔ atɔe fam, kɔpa Marala ho na akɔka Dabeset. Ɛfa hɔ kɔ Yokneam apuei fam asuwa ho. 12Ɔhye no fa fi Sarid kɔ apuei fam kosi Kislot-Tabor; ɛtoa so kɔ Daberat na aforo akɔ Yafia. 13Afei, ɛtoa so kɔ apuei fam kodu Gat-Hefer, Et-Kasin ne Rimon, na adan ahwɛ Nea. 14Sebulon hye a ɛda atifi fam no fa Hanaton na ebewie wɔ Yifta-El bon mu.

15Nkurow ɛwɔ asase yi so ne: Katat, Nahalal, Simron, Yidala ne Betlehem.19.15 Ɛsono Betlehem a wɔbɔ din wɔ ha yi na ɛsono Betlehem a ɛwɔ Yuda no (1 Sam 17.12; Rut 1.1). Nkurow dumien ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.

16Eyi ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuw no agyapade.

Asase A Wɔde Maa Isakar

17Asase no nkyɛmufa a ɛto so anan no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuw no nsam.

18Nʼahye nenam saa nkurow yi so: Yesreel, Kesulot ne Sunem, 19Hafraim, Shion ne Anaharat, 20Rabit, Kision ne Abes, 21Remet, En-Ganim, En-Hada ne Bet-Pases.

22Ɔhye no kɔfa Tabor, Sahasima ne Bet-Semes na akowie wɔ Asubɔnten Yordan ho.

Nkurow dunsia ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.

23Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuw no agyapade.

Asase A Wɔde Maa Aser

24Asase no nkyemu a ɛto so anum no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Aser abusuakuw no nsam. 25Nʼahye no fa saa nkurow yi so:

Helkat, Hali, Beten ne Aksaf, 26Alamelek, Amad ne Misal. Ɔhye a ɛda atɔe fam no fi Karmel kɔ Sihor-Libnat, 27na ebukaw fa apuei fam kɔ Bet-Dagon, kɔ ara kosi Sebulon wɔ Yifta-El bon no mu, kɔ atifi fam kodu Bet-Emek ne Neiel. Ɛtoa so kɔ atifi fam, kɔfa Kabul, 28ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana, kɔ ara kosi Sidon Kɛse. 29Afei ɔhye no dan kɔfa Rama ne Kuropɔn Tiro a wɔabɔ ho ban no besi Po Kɛse no ho wɔ Hosa. Nkurow a ɛwɔ asase no so bi ne Mehebel ne Aksib, 30Uma, Afek ne Rehob,

Nkurow aduonu abien ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.

31Eyi ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Aser abusuakuw no agyapade.

Asase A Wɔde Maa Naftali

32Asase no nkyemu a ɛto so asia no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuw no nsam.

33Ne hye no fi Helef, Saananim dupɔn no ho, kɔfa Adami-Nekeb ne Yabneel, toa so kɔ Lakum kɔpem Asubɔnten Yordan. 34Atɔe fam hye no twam wɔ Asnot-Tabor kɔ Hukok, kosi Sebulon hye no wɔ anafo fam, Aser hye wɔ atɔe fam ne Asubɔnten Yordan wɔ apuei fam.

35Mantam yi mu nkuropɔn a na wɔabɔ ho ban no ne Sidim, Ser, Hamat, Rakat ne Kineret, 36Adama, Rama ne Hasor, 37Kedes, Edrei ne En-Hasor, 38Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-Anat ne Bet-Semes.

Nkurow dunkron ne wɔn nkuraase a atwa ho ahyia.

39Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuw no agyapade.

Asase A Wɔde Maa Dan

40Asase no nkyemu a ɛto so ason no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuw no nsam.

41Nkurow a na ɛwɔ Dan agyapade mu no bi yɛ Sora, Estaol ne Ir-Semes, 42Saalabin, Ayalon ne Yitla, 43Elon, Timna ne Ekron, 44Elteke, Gibeton ne Baalat, 45Yehud, Bene-Berak ne Gat-Rimon, 46Me-Yarkon, Rakon ne asase a ɛda Yopa anim.

47Nanso Dan abusuakuw no nyaa akwanside wɔ wɔn asase no fa ho enti wɔko tiaa Lesem. Wodii kurow no so, kunkum mu nnipa, faa hɔ, tenaa hɔ. Wɔde wɔn tete agya Dan din too kurow no.

48Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuw no agyapade, saa nkurow yi ne wɔn nkuraa.

Asase A Wɔde Maa Yosua

49Wɔkyekyɛɛ asase no mu maa Israel mmusuakuw no wiee no, Israelfo no maa Yosua asase sin sononko bi sɛ nʼagyapade. 50Na Awurade aka se kurow biara a Yosua pɛ no, ɔmfa. Yosua faa Timmat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so. Ɔkyekyeree kurow no foforo na ɔtenaa hɔ.

51Eyinom ne agyapade a ɔsɔfo Eleasar, Nun babarima Yosua ne mmusuakuw mpanyimfo no nam ntontobɔ kronkron a wɔbɔɔ wɔ Awurade anim wɔ hyiadan pon no ano wɔ Silo no de maa Israel mmusuakuw no. Enti ɛmaa asase no mu kyekyɛ baa awiei.