约书亚记 13 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约书亚记 13:1-33

尚未攻取之地

1约书亚年事已高,耶和华对他说:“你年纪大了,但还有许多地方有待征服, 2就是非利士人和基述人的全境, 3即从埃及东面的西曷河直到北面以革伦的边境,这一带都算是迦南,是统治迦萨人、亚实突人、亚实基伦人、迦特人、以革伦人的五个非利士王的地方;南方亚卫人的地方; 4整个迦南人的地方,从西顿人的米亚拉直到亚摩利人边境的亚弗5迦巴勒人的地方;以及东从黑门山山麓的巴力·迦得直到哈马口的整个黎巴嫩6我必为以色列人赶走从黎巴嫩米斯利弗·玛音一带山区的西顿人。你只管照我的吩咐,把这些土地分给以色列人作产业, 7分给其他九个支派和玛拿西半个支派作产业。”

约旦河东土地的分配

8玛拿西半个支派和吕便迦得两支派已经得到耶和华的仆人摩西约旦河东分给他们的产业: 9亚嫩谷旁的亚罗珥起,包括谷中的城,直到底本的整个米底巴平原, 10以及希实本亚摩利西宏统治的各城,直到亚扪的边境。 11此外,还包括基列基述人和玛迦人的疆域、整个黑门山和直到撒迦的整个巴珊地, 12以及巴珊的国土。曾经在亚斯她录以得来做王,是仅存的利乏音人。摩西打败了这些人,赶走了他们。 13以色列人却没有赶走基述人和玛迦人,他们到今天还住在以色列人当中。

14摩西并没有把土地分给利未支派作产业,因为献给以色列的上帝耶和华的火祭就是他们的产业,正如耶和华对他们的应许。

15以下是摩西按宗族分给吕便支派的产业: 16亚嫩谷的城、谷旁的亚罗珥米底巴附近的整个平原, 17希实本城和希实本平原的所有城邑,即底本巴末·巴力伯·巴力·勉18雅杂基底莫米法押19基列亭西比玛、谷中山丘上的细列哈·沙辖20伯毗珥毗斯迦山坡和伯·耶西末21平原的各城邑和亚摩利西宏的国土。西宏曾在希实本做王,摩西打败了他和他的米甸首领以未利金苏珥户珥利巴22以色列人所杀的人中有比珥的儿子术士巴兰23吕便支派的土地以约旦河为界。以上是吕便支派按宗族分到的城邑和村庄。

24以下是摩西按宗族分给迦得支派的土地: 25雅谢基列境内所有的城邑;亚扪人的一半领土,直到拉巴附近的亚罗珥26希实本直到拉抹·米斯巴比多宁,从玛哈念底璧的边境; 27还有谷中的伯亚兰伯·宁拉疏割撒分,就是希实本西宏国中其余的土地,以约旦河为界,沿东岸直到加利利海的顶端。 28以上这些城邑、村庄便是迦得支派按宗族所分到的产业。

29以下是摩西按宗族分给玛拿西半个支派的土地: 30玛哈念开始,包括整个巴珊,就是巴珊的国土及其境内雅珥的六十座城邑, 31还有基列的一半和巴珊的两座城——亚斯她录以得来玛拿西的儿子玛吉的一半子孙按宗族分到这些土地。

32以上是摩西耶利哥对面约旦河东的摩押平原分给以色列人的产业。 33摩西并没有分给利未支派任何产业,因为以色列的上帝耶和华就是他们的产业,正如耶和华对他们的应许。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 13:1-33

Asase A Aka

1Bere a Yosua13.1 Na Yosua adi mfe bɛyɛ aduɔkron kosi ɔha. Na Kaleb adi mfe aduɔwɔtwe anum. Na Gesurfo te Palestina anafo fam a ɛbɛn Misraim mpoano. bɔɔ akwakoraa no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Worebɔ akwakoraa nso nsase pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woko di so.

2“Ɛsɛ sɛ nnipa no tena Filistifo ne Gesur,

3“nsase a na ɛyɛ Kanaanfo de no so. Saa asase yi fi asu Sihor a ɛda Misraim hye so a ɛsen fa atifi fam kosi Ekron hye so,

4a Filistifo nkurɔpɔn anum a ɛyɛ Gasa, Asdod, Askelon, Gat ne Ekron nso ka ho. Awifo asase a ɛda anafo fam no nso, wɔnnko nnii so ɛ. Atifi fam nso, wɔnnko nnii saa nsase yi so ɛ;

Kanaan asase nyinaa a Meara a ɛyɛ Sidonfo de no, de kosi Afek, kodu Amorifo hye so

5ne Gebalfo asase

ne Lebanon nyinaa wɔ apuei fam, de fi Baal-Gad a ɛda Hermon bepɔw ase, de kosi Hamat fam.

6“Mmepɔw asase a efi Lebanon kosi Misrefot-Maim nyinaa a Sidonfo nsase nyinaa ka ho. Metu saa nnipa no nyinaa afi asase no so na mede ama Israelfo. Enti hwɛ na fa saa asase no ma Israelfo sɛ agyapade sononko sɛnea mahyɛ wo no. 7Fa saa asase yi nyinaa sɛ Israelfo agyapade bere a worekyekyɛ mu ama mmusuakuw akron no ne Manase abusua fa no.”

Wɔkyekyɛ Yordan Apuei Fam Asase Mu

8Manase abusua fa, Rubenfo ne Gadfo de, na wɔanya wɔn agyapade wɔ Yordan apuei fam, efisɛ na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no de saa asase no ama wɔn dedaw.

9Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so kosi Dibon. 10Amorihene Sihon a odii ade wɔ Hesbon kosi Amonfo hye so nkurow nyinaa nso ka ho.

11Gilead, asase a ɛwɔ Gesur ne Maaka ahemman mu, Bepɔw Hermon nyinaa, Basan nyinaa de kosi Saleka ka ho, 12na Basanhene Og a odii hene wɔ Astarot ne Edrei nsase nyinaa nso ka ho. Ɔhene Og yɛ Rafatni a otwa to, efisɛ na Mose ne wɔn ako apam wɔn. 13Nanso Israelfo no antu Gesurfo ne Maakafo enti wɔtenaa Israelfo no mu de besi nnɛ.

Lewi Abusuakuw Agyapade

14Na Lewi abusuakuw no de, wamma wɔn agyapade biara. Wɔn agyapade fi afɔrebɔde a wɔhyew wɔ afɔremuka so ma Awurade, Israel Nyankopɔn no.

Ruben Abusuakuw Asase

15Mose de saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuw mu.

16Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so. 17Nkurow ne nkuraase a ɛkeka ho ni: Hesbon ne nkurow a ɛdeda sare so te sɛ Dibon, Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon, 18Yahas, Kedemot, Mefaat, 19Kiriataim, Sibma ne Seret-Sahar, a ɛdeda obon no koko so, 20Bet-Peor, Pisga nsian mu ne Bet-Yesimot. 21Nkurow a ɛwɔ tataw so nyinaa ne Sihon ahemman nyinaa nso ka Ruben asase no ho. Sihon yɛ Amorihene a na odi ade wɔ Hesbon, nea Mose kum no ne Midian ahemfo a wɔne Ewi, Rekem, Sur, Hur, Reba ne ahenemma a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wɔne Sihon yɛ baako. 22Israelfo no kum Beor babarima nkonyaayifo bi a na wɔfrɛ no Balaam.

23Yordan Asubɔnten no yɛ Ruben asase no hye wɔ atɔe fam. Wɔde nkurow ne nkuraa a ɛwɔ saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuw no mu sɛ wɔn agyapade.

Gad Abusuakuw No Asase

24Mose de saa asase yi maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuw mu.

25Wɔn asase no yɛ Yaser, Gilead nkurow nyinaa, ne Amon asase no fa, kosi Aroer kurow a ɛwɔ Raba atɔe fam pɛɛ. 26Na efi Hesbon de kosi Ramat-Mispa ne Betonim de fi Mahanaim de kosi Debir. 27Obon no mu na na Bet-Haram ne Bet-Nimra ne Sukot ne Safon ne Hesbonhene Sihon ahemman no nkae wɔ; Asubɔnten Yordan na na ɛyɛ atɔe fam hɔ hye na ɛtoa so de kosi Galilea po no mu.

28Nkurow ne nkuraa a ɛwɔ saa beae yi na wɔde maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuw mu sɛ wɔn agyapade.

Asase A Wɔde Maa Manase Abusuakuw Fa No

29Mose de saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ

30Na wɔn asase no fi Mahanaim, Basan nyinaa, ɔhene Og kan tete ahemman nyinaa ne nkurow aduosia a ɛwɔ Yair a ɛwɔ Basan no. 31Gilead fa ne ɔhene Og ahenkurow, Astarot ne Edrei ka ho.

Wɔde eyinom nyinaa maa Makir a na ɔyɛ Manase babarima no asefo.

32Eyinom yɛ nkyekyɛmu a Mose yɛe bere a na ɔwɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan akyi, Yeriko apuei fam. 33Nanso Mose amma Lewi abusuakuw no asase biara, efisɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ wɔn agyapade.