约书亚记 10 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约书亚记 10:1-43

太阳停止

1耶路撒冷亚多尼·洗德听说约书亚夺取并毁灭了城,像对付耶利哥耶利哥王一样对付城和城的王,又听说基遍人已经跟以色列人立了盟约,住在他们中间, 2便大为恐惧。因为基遍是一座大城,宏伟得像座都城,比城更大,城中的人都骁勇善战。 3耶路撒冷亚多尼·洗德便派遣使者去见希伯仑何咸耶末毗兰拉吉雅非亚伊矶伦底璧,说: 4“求你们上来帮助我攻打基遍,因为这城已经与约书亚以色列人立了和约。” 5这五位亚摩利王便联合起来,率领他们所有的军队在基遍附近扎营,攻打基遍

6基遍人派人去吉甲告诉约书亚说:“住在山区的亚摩利众王正联合起来攻打我们,求你赶快来救我们!不要不顾你的仆人。” 7于是,约书亚便率领他的全军,包括所有的精兵,从吉甲上去。 8耶和华对约书亚说:“不要害怕,我已经把他们交在你手中,他们没有一人能抵挡你。” 9约书亚吉甲出发,连夜赶路,突袭敌人。 10耶和华使亚摩利联军阵脚大乱,以色列人就在基遍大败敌军,在去伯·和仑的上坡路上追杀他们,一直追到亚西加玛基大11敌人在从伯·和仑亚西加的下坡路上逃窜的时候,耶和华降下大冰雹,被冰雹砸死的人比以色列人用刀杀死的还要多。

12耶和华将亚摩利人交在以色列人手中,那天约书亚当众向耶和华祷告:

“太阳啊,停在基遍

月亮啊,停在亚雅仑谷!”

13果然太阳停住了,

月亮也不动了,

直到以色列人杀败敌人。

《雅煞珥书》记载了这事。约有一天的时间,太阳停留在天空,没有西沉。 14耶和华这样垂听一个人的祈求是空前绝后的,这是因为耶和华要为以色列争战。

15后来,约书亚率领以色列军返回了吉甲的营地。

亚摩利五王被杀

16那五王逃进玛基大的山洞里,躲藏起来。 17有人告诉约书亚那五个王藏在玛基大的山洞里, 18约书亚便下令说:“滚几块大石头堵住洞口,派人看守。 19你们不可停下来,要继续追杀敌人,不要让他们逃回城,你们的上帝耶和华已经把他们交在你们手中了。” 20约书亚以色列人把敌人杀得大败,几乎全军覆没,一些残余都逃进了坚固的城垒。 21以色列人都安然无恙地回到约书亚驻扎的玛基大营。再也没有人敢威胁以色列人了。

22约书亚说:“打开洞口,把里面的五个王押出来见我。” 23众人便把耶路撒冷王、希伯仑王、耶末王、拉吉王、伊矶伦王从洞里押出来,带到约书亚面前。 24约书亚召来全体以色列人,然后对那些跟他一起出征的将领说:“你们上前来,用脚踏在这些王的颈上。”各将领便照着约书亚的吩咐做了。 25约书亚对他们说:“你们不要害怕,也不要惊慌,应该刚强勇敢,因为耶和华要使你们所有的仇敌都落此下场。” 26随后约书亚将这五个王杀死,把尸体分别挂在五棵树上,直到傍晚。 27日落时,约书亚才下令把尸体放下,丢在他们先前躲藏的山洞里,用大石头堵住洞口,石头至今还在那里。

28约书亚在当天占领了玛基大,把玛基大王和所有的居民都杀了,一个没留。他对待玛基大王跟以前对待耶利哥王一样。

29约书亚以色列军又从玛基大出发,去攻打立拿30耶和华将立拿城和立拿王交在以色列人手中,他们杀了全城的人,一个没留。他们对待立拿王跟以前对待耶利哥王一样。

31约书亚以色列军从立拿前往拉吉,他们在城外扎营,攻打拉吉32耶和华将拉吉交在以色列人手中,第二天约书亚便攻占了拉吉,杀了全城的人,就像在立拿所行的一样。 33基色何兰前来支持拉吉,结果也被约书亚杀得一个不剩。

34约书亚又率领以色列全军从拉吉前往伊矶伦,在城外扎营,攻打伊矶伦35他们当天就攻陷该城,杀了城内所有的人,就像在拉吉所行的一样。

36约书亚和全体以色列人又从伊矶伦去攻打希伯仑37他们攻陷该城及其附属城邑,杀了希伯仑王和城邑中的居民,一个没留,就像在伊矶伦所行的一样。

38然后,约书亚和全体以色列人再回兵攻打底璧39攻取了该城及其附属城邑,擒获底璧王,杀了城中所有的人,一个没留,就像对待希伯仑立拿立拿王一样。

40这样,约书亚征服了整个地区,包括山区、南地、丘陵和山坡,按照以色列的上帝耶和华的吩咐杀了当地的诸王和所有的居民,一个没留。 41约书亚征服了各地,从加低斯·巴尼亚加萨歌珊全境,直到基遍42约书亚能一鼓作气杀败诸王,征服他们的土地,都是因为有以色列的上帝耶和华为以色列人争战。 43之后,约书亚率领以色列人回到吉甲的营地。

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 10:1-43

Israel Di Atɔeɛ Fam Ahemfo So

1Yerusalemhene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, akum ɛhɔ ɔhene, sɛdeɛ wasɛe Yeriko kuropɔn akum ɛhɔ ɔhene no. Ɔtee nso sɛ Gibeonfoɔ ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam, na wɔayɛ baako. 2Ɛno enti, ɔne ne nkurɔfoɔ bo tuu yie, ɛfiri sɛ, Gibeon yɛ kuropɔn kɛseɛ te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sene Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofoɔ a wɔyɛ dene. 3Enti, Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforɔ bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, 4“Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, ɛfiri sɛ, wɔne Yosua ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam.”

5Enti, Amorifoɔ ahemfo baanum no de wɔn akodɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn akodɔm no gyinagyinaeɛ, na afei wɔto hyɛɛ Gibeon so.

6Na Gibeonfoɔ no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnyaa wʼasomfoɔ. Bra yɛn nkyɛn ntɛm bɛgye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, Amorifoɔ ahemfo a wɔte mmepɔ so de wɔn akodɔm rebɛko atia yɛn.”

7Enti, Yosua ne Israel akodɔm nyinaa firii Gilgal sɛ wɔrekoboa Gibeonfoɔ. 8Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nnsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina.”

9Yosua nantee anadwo mu no nyinaa firii Gilgal kɔfuu Amorifoɔ akodɔm no mu. 10Awurade ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfoɔ no anim, na wɔkunkumm wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfoɔ no taa atamfoɔ no faa ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔto hyɛɛ wɔn so kunkumm wɔn wɔ Aseka ne Makeda. 11Ɛberɛ a Amorifoɔ redwane wɔ ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, Awurade himm aboɔ akɛseɛ guu wɔn so kɔsii sɛ wɔduruu Aseka. Aboɔ no kunkumm wɔn mu bebree sene dodoɔ a Israelfoɔ de akofena kunkumm wɔn no.

12Ɛda a Awurade de Amorifoɔ no hyɛɛ Israelfoɔ no nsa no, Yosua bɔɔ Awurade mpaeɛ wɔ Israelfoɔ no anim sɛ,

“Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon so

na ɔsrane nso ntae wɔ Ayalon bɔnhwa mu.”

13Na owia ne ɔsrane gyinaa dinn,

kɔsii sɛ Israelfoɔ dii atamfoɔ no so.

Wɔntwerɛɛ saa nsɛm yi wɔ Teefoɔ Nwoma no mu anaa?

Owia gyinaeɛ wɔ ewiem mfimfini na ankɔtɔ sɛdeɛ ɛyɛ daa no. 14Awurade ko maa Israel ɛda no. Ebi nsii saa da na ebi rensi da sɛ saa da no a Awurade tiee abisadeɛ sei firii onipa nkyɛn.

15Na Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ Gilgal atenaeɛ hɔ.

Yosua Kum Ahemfo Baanum

16Ɔko no mu, ahemfo baanum no dwane kɔhyɛɛ Makeda ɔbodan mu. 17Yosua tee sɛ wɔahunu wɔn no, 18ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa abotan akɛseɛ nsi ɔbodan no ano kwan, na momma awɛmfoɔ no nnwɛn ano na ahemfo no nhyɛ mu. 19Mo a moaka no nso, montaa atamfoɔ no na monkunkum wɔn mfiri akyire. Mommma wɔnnkɔ wɔn nkuro so, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn bɛma mo adi wɔn so nkonim.”

20Enti, Yosua ne Israel akodɔm toaa so kunkumm wɔn, tɔree akodɔm enum no ase ma ɛkaa ɛdɔm no kakra bi a wɔtumi dwane kɔɔ wɔn nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu. 21Afei, Israelfoɔ no sane baa Yosua nkyɛn asomdwoeɛ mu wɔ Makeda. Ɛno akyi, obiara suroo sɛ ɔbɛkasa atia Israel.

22Afei, Yosua kaa sɛ, “Monyiyi abotan a ɛkata ɔbodan no ano no na momfa ahemfo baanum no mmrɛ me.” 23Enti, wɔkɔyii ahemfo baanum no firi ɔbodan no mu baeɛ: Yerusalemhene, Hebronhene, Yarmuthene, Lakishene ne Eglonhene. 24Yosua ka kyerɛɛ nʼakodɔm asahene no sɛ, “Mommra mmɛtiatia ahemfo no kɔn so.” Na wɔyɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no.

25Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafoɔ no sɛ, “Monnsuro na mommma mo abamu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, ɛfiri sɛ, Awurade rebɛyɛ yei atia mo atamfoɔ nyinaa.” 26Yosua kunkumm ahemfo baanum no mmaako mmaako de wɔn sensɛn nnua enum so kɔsii anwummerɛ.

27Owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛɛ sɛ wɔnyiyi ahemfo no amu no mfiri nnua no so na wɔnkɔto wɔn ngu ɔbodan a wɔkɔtetɛɛ mu no mu. Afei, wɔde abotan akɛseɛ mmoano sii ɔbodan no ano a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.

Israelfoɔ Sɛe Anafoɔ Fam Nkuropɔn

28Ɛda no ara, Yosua sɛee Makeda kuropɔn no pasaa, kumm obiara a ɔwɔ mu ne ɛhɔ ɔhene no. Onipa baako koraa anka wɔ kuropɔn no mu. Ɔkumm Makedahene te sɛ deɛ ɔkumm Yerikohene no.

29Afei, Yosua ne Israelfoɔ no kɔɔ Libna kɔto hyɛɛ wɔn so. 30Ɛhɔ nso, Awurade de kuropɔn no ne ɛhɔ ɔhene no maa wɔn. Wɔkunkumm obiara a ɔwɔ kuropɔn no mu a anka ɔteasefoɔ fua po. Na Yosua kumm Libnahene sɛdeɛ ɔkumm Yerikohene no.

31Yosua ne Israelfoɔ no firi Libna no, wɔkɔɔ Lakis kɔto hyɛɛ wɔn so. 32Na ne nnanu so no, Awurade de Lakis maa Israelfoɔ. Ɛhɔ nso, wɔkunkumm kuropɔn no mu nnipa nyinaa sɛdeɛ wɔyɛɛ Libna no. 33Wɔto hyɛɛ Lakis so no, Geserhene Horam de nʼakodɔm baa sɛ wɔrebɛboa abɔ kuropɔn no ho ban. Nanso Yosua mmarima no kumm no sɛee nʼakodɔm no nyinaa.

34Ɛnna Yosua ne ne Israel akodɔm no kɔɔ Eglon kɔto hyɛɛ so. 35Wɔde ɛda koro faa kuro no dommum na ɛhɔ nso, wɔkumm obiara wɔ kuropɔn no mu sɛdeɛ wɔyɛɛ Lakis.

36Wɔfiri Eglon no, wɔkɔto hyɛɛ Hebron so, 37faa hɔ ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na sɛdeɛ wɔyɛɛ Eglon no, wɔkunkumm ɛhɔ nnipa nyinaa. Onipa baako koraa anka.

38Afei, wɔsane wɔn akyi kɔto hyɛɛ Debir so. 39Wɔfaa kuropɔn no, wɔn ɔhene ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na wɔkumm obiara a ɔwɔ mu a anka ɔbaako mpo. Wɔsɛee Debir pasaa sɛdeɛ wɔsɛee Libna ne Hebron no.

40Na Yosua dii ɔmantam no nyinaa so. Ɔdii ahemfo no, nnipa a wɔte mmepɔ ɔman no so, Negeb, atɔeɛ fam nkokoɔ ne wɔn a wɔte mmepɔ nsianeɛ so no nyinaa so. Ɔsɛee wɔn nyinaa pasaa a anka ɔteasefoɔ fua mpo sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, hyɛɛ no. 41Yosua kunkumm wɔn firi Kades-Barnea kɔsii Gasa, de firii Gosen10.41 Ɛnsɛ sɛ wɔde saa Gosen yi ma Gosen a ɛwɔ Nil hɔ no. kɔduruu Gibeon. 42Akodie baako mu no, Yosua dii ahemfo yi nyinaa so faa wɔn asase, ɛfiri sɛ, na Awurade, Israel Onyankopɔn, reko ma ne manfoɔ.

43Afei, Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ Gilgal.