箴言 4 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

箴言 4:1-27

父亲的教诲

1孩子们啊,

你们要听从父亲的教诲,

留心学习,以便领悟,

2因为我给你们的训诲是美好的,

不可背弃我的教导。

3我年幼时在父亲身边,

是母亲唯一的宠儿。

4父亲教导我说:

“要牢记我的话,

遵守我的诫命,就必存活。

5你要寻求智慧和悟性,

不要忘记或违背我的吩咐。

6不可离弃智慧,智慧必护佑你;

你要热爱智慧,智慧必看顾你。

7智慧至上,要寻求智慧,

要不惜一切,求得悟性。

8高举智慧,她必使你受尊崇;

拥抱智慧,她必使你得尊荣。

9她必为你戴上华冠,

加上荣冕。”

10孩子啊,你要听从我的教导,

就必延年益寿。

11我已经指示你走智慧之道,

引导你行正确的路。

12你行走,必不受妨碍;

你奔跑,绝不会跌倒。

13你要持守教诲,不要松懈;

要守护好,因为那是你的生命。

14不要涉足恶人的道,

不要行走坏人的路;

15要避开,不可踏足,

要绕道而行。

16因为他们不作恶就无法入睡,

不绊倒人就无法安眠;

17他们吃的是邪恶饼,

喝的是残暴酒。

18义人的道路好像黎明的曙光,

越照越亮,直到大放光明。

19恶人的道路一片幽暗,

他们不知被何物绊倒。

20孩子啊,你要聆听我的吩咐,

侧耳听我的训言;

21不要让它们离开你的视线,

要牢记在心。

22因为得到它们就得到生命,

全身也必康健。

23要一丝不苟地守护你的心,

因为生命之泉从心中涌出。

24不讲欺诈之言,

不说荒谬的话。

25眼睛要正视前方,

双目要向前直看。

26要铺平脚下的路,

使所行之道稳妥。

27不可偏右偏左,

要远离恶事。

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 4:1-27

Nyansa Boro Biribiara So

1Me mma, montie me, montie agya nkyerɛkyerɛ;

monyɛ aso na moanya nteaseɛ.

2Mema mo adenim a ɛkɔ anim,

enti monnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.

3Meyɛ ɔbabanin wɔ mʼagya fie,

meda so yɛ abadomaa na me maame di me bakorɔ no,

4ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ,

“Ma me nsɛm nni wʼakoma mu dɛm

di me nkyerɛkyerɛ so na wobɛnya nkwa.

5Nya nyansa, nya nteaseɛ;

mma wo werɛ mfiri me nsɛm anaa ntwe wo ho mfiri ho.

6Nnya nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban;

dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.

7Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa.

Ɛwom sɛ ne boɔ te sɛ wʼahodeɛ nyinaa deɛ nanso nya nteaseɛ.

8Di no nni na ɛbɛpagya wo;

yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo animuonyam.

9Ɔde nkonimdie nhwiren hankra bɛgu wo tiri so

na wama wo ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ.”

10Me ba, tie na fa deɛ meka no,

na wo nkwanna bɛyɛ bebree.

11Mɛkyerɛ wo nyansakwan

na mede wo afa akwan a ɛtene so.

12Sɛ wonante a, wʼanammɔntuo bɛkɔ yɛɛ

na sɛ wotu mmirika a, worensunti.

13Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu

bɔ ho ban yie, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo nkwa.

14Ntu wo nan nsi amumuyɛfoɔ kwan so

na nnante abɔnefoɔ kwan so.

15Kwati no, ntu kwan mfa so;

dane firi so na kɔ wo baabi.

16Ɛfiri sɛ wɔntumi nna kɔsi sɛ wɔbɛyɛ bɔne;

na wɔntɔ nko kɔsi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.

17Amumuyɛsɛm yɛ wɔn aduane,

na basabasayɛ yɛ wɔn nsa.

18Teneneefoɔ kwan te sɛ adekyeɛ hann a ɛdi ɛkan,

ɛkɔ so hyerɛn yie kɔduru awia ketee.

19Nanso, amumuyɛfoɔ kwan te sɛ esum kabii;

wɔnnim deɛ ɛma wɔsunti.

20Me ba, yɛ aso ma deɛ meka;

tie me nsɛm no yie.

21Mma ɛmfiri wʼani so,

fa sie wʼakoma mu;

22ɛfiri sɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wɔhunu

ne akwahosan ma onipadua no nyinaa.

23Ne nyinaa akyi, bɔ wʼakoma ho ban,

ɛfiri sɛ, ɛno ne wo nkwa asutire.

24Mma akontonkyesɛm mfiri wʼano;

mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.

25Hwɛ wʼanim tee,

na ma wʼani nkɔ deɛ ɛwɔ wʼanim no so.

26Bɔ ɛkwan tamaa ma wo nan

na fa akwan a atim so.

27Mmane mfa nifa anaa benkum;

twe wo nan firi bɔne ho.