箴言 24 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

箴言 24:1-34

1不要羡慕恶人,

不要向往与他们为友;

2因为他们心里图谋暴行,

口中谈论恶事。

3家靠智慧而建立,

靠悟性而稳固,

4借知识而充满各种珍宝。

5智者充满能力,

哲士力上加力。

6出征打仗,要凭智谋;

谋士众多,胜券在握。

7智慧对愚人高不可及,

他在城门口沉默不语。

8图谋作恶的必被称为阴谋家。

9愚人的计谋是罪恶,

人人都厌恶嘲讽者。

10逆境中丧胆的是弱者。

11被拉去屠杀的,你要抢救;

踉跄受死的,你要拦阻。

12不要推说自己毫不知情,

鉴察人心的主洞悉一切,

保守你生命的上帝知情,

祂必按你的行为报应你。

13孩子啊,你要吃美好的蜂蜜,

蜂房滴下的蜜甘甜可口。

14智慧同样使你的心灵甘甜;

你若找到智慧,前途必光明,

盼望也不会幻灭。

15不要像恶人一样暗算义人,

破坏他的家。

16因为义人跌倒七次也必起来,

恶人却被灾祸击垮。

17仇敌跌倒,不要幸灾乐祸;

仇敌败落,不要心里欢喜。

18否则,耶和华看见会不悦,

不再向仇敌发烈怒。

19不要因恶人而愤愤不平,

也不要羡慕歹徒;

20因为恶人毫无前途,

恶人的灯终必熄灭。

21孩子啊,要敬畏耶和华和君王,

不要跟反复无常之徒为伍。

22因为灾祸必骤然临到他们,

谁知道耶和华和君王如何毁灭他们?

其他智言

23以下也是智者的箴言:

判案时偏袒实为不善。

24判恶人无罪的,

必遭万人咒诅,

为列国痛恨。

25责备恶人的必有欢乐,

美好的福气必临到他。

26诚实的回答如同友好的亲吻。

27要安排好外面的事,

把田间的工作准备妥当,

然后建造房屋。

28别无故作证害邻舍,

也不可撒谎欺骗人。

29不可说:“别人怎样待我,

我就怎样待他;

我要照他所做的报复他。”

30我走过懒惰人的田地和无知者的葡萄园,

31那里荆棘遍地,

刺草丛生,

石墙倒塌。

32我仔细思想所见之事,

领悟到一个教训:

33再睡一会儿,

打个盹儿,

抱着手躺一会儿,

34贫穷必像强盗一样临到你,

缺乏必像武士一样扑向你。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 24:1-34

1Mma wʼani mmere amumɔyɛfo,

mfa wo ho mmɔ wɔn;

2Efisɛ wɔn koma dwene atirimɔdensɛm ho,

na wɔn ano ka nea ɛde basabasayɛ ba ho asɛm.

3Wɔde nyansa na esi fi,

na nhumu mu na wɔma etim;

4ɛnam nimdeɛ so na wonya ademude a ɛho yɛ na

na ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu.

5Onyansafo wɔ tumi a ɛso,

na onimdefo nyin ahoɔden mu;

6nea ɔretu sa hia akwankyerɛ,

nea ɔrehwehwɛ nkonimdi no hia afotufo pii.

7Nyansa wɔ soro dodo ma ɔkwasea;

wɔ apon ano aguabɔ mu no, ɛnsɛ sɛ wobue wɔn ano.

8Onipa a ɔbɔ pɔw bɔne no,

wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfo.

9Ogyimifo nhyehyɛe yɛ bɔne,

nnipa kyi ɔfɛwdifo.

10Sɛ wʼaba mu gow wɔ ɔhaw mu a,

na wʼahoɔden sua!

11Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akokum wɔn no nkwa;

na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumii.

12Sɛ woka se, “Na yennim eyi ho hwee a,”

nea ɔkari koma hwɛ no nhu ana?

Nea ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim ana?

Ɔrentua nea obiara ayɛ so ka ana?

13Me ba, di ɛwo, efisɛ eye;

ɛwokyɛm mu wo yɛ wʼanom dɛ.

14Hu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ;

sɛ wunya a, wowɔ anidaso ma daakye,

na wʼanidaso renyɛ ɔkwa.

15Nkɔtɛw ɔtreneeni fi sɛ ɔkwanmukafo,

na nkɔtow nhyɛ nʼatenae so,

16Ɛwɔ mu sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason de, nanso ɔsɔre bio,

na amumɔyɛfo de amanehunu baako ma wɔhwe ase.

17Sɛ wo tamfo hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ;

na sɛ ohintiw a mma wo koma nni ahurusi,

18efisɛ Awurade behu wʼadwene na ɔrempɛ

na obeyi nʼabufuwhyew afi no so.

19Nhaw wo ho wɔ abɔnefo nti,

na mma wʼani mmere amumɔyɛfo nso,

20efisɛ, ɔbɔnefo nni anidaso biara daakye,

na wobedum amumɔyɛfo kanea.

21Me ba, suro Awurade ne ɔhene,

na mfa wo ho mmɔ atuatewfo ho,

22efisɛ saa baanu yi de, ɔsɛe bɛba wɔn so mpofirim;

na hena na onim amanehunu ko a wobetumi de aba?

Anyansafo Nsɛnka A Ɛkeka Ho

23Eyinom nso yɛ anyansafo Nsɛnka:

Atemmu a nhwɛanim wɔ mu no nye:

24Obiara a ɔbɛka akyerɛ nea odi fɔ se, “Wo ho nni asɛm” no,

nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa.

25Na wɔn a wobu afɔdifo fɔ no, ebesi wɔn yiye,

na nhyira bɛba wɔn so.

26Mmuae pa

te sɛ mfewano.

27Wie wo mfikyidwuma

na siesie wo mfuw;

ɛno akyi, si wo fi.

28Nni adanse ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee,

na mfa wʼano nnaadaa.

29Nka se, “Nea wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi;

nea ɔyɛe no mitua no so ka.”

30Menantew faa onihawfo afuw ho,

twaa mu wɔ nea onni adwene bobeturo nso ho;

31nsɔe afuw wɔ baabiara,

wura afuw akata asase no so,

na abo afasu no nso abubu.

32Mede me koma kɔɔ nea mihuu no so

na misuaa biribi fii mu:

33nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a woabobɔw de rehome kakra

34bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafo,

na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a okura akode. Na ohia bɛtow akyere wo sɛ ɔkwanmukafo; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfowerɛmfo.