箴言 22 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

箴言 22:1-29

1美名胜过巨富,

恩宠比金银宝贵。

2富人和穷人相同:

都由耶和华所造。

3明哲人遇祸躲避,

愚昧人前往受害。

4心存谦卑、敬畏耶和华,

必得财富、尊荣和生命。

5奸徒之道有荆棘和陷阱,

想保全生命的必须远避。

6教导孩童走正路,

他到老也不偏离。

7富人管辖穷人,

欠债的是债主的仆人。

8播种不义的必收灾祸,

他的恶势力终必瓦解。

9慷慨的人必蒙福,

因他给穷人食物。

10赶走嘲讽者,纷争平息,

争吵和羞辱也会消除。

11喜爱清心、口吐恩言的人,

必与君王为友。

12耶和华的眼目护卫真理,

祂必推翻奸徒的言论。

13懒惰人说:“外面有狮子,

我会丧命街头。”

14淫妇的口是深坑,

耶和华憎恶的人必陷进去。

15愚昧缠住孩童的心,

教棍能远远赶走它。

16靠压榨穷人敛财和送礼给富人的,

都必穷困潦倒。

智者之言

17你要侧耳听智者之言,

专心领受我的教诲,

18铭记在心、随时诵咏,

方为美事。

19今天我将这些指示你,

为要使你倚靠耶和华。

20关于谋略和知识,

我已写给你三十条,

21要使你认识真理,

能准确答复差你来的人。

22不可仗势剥削贫穷人,

法庭上不可欺凌弱者,

23因为耶和华必为他们申冤,

夺去掠夺他们之人的性命。

24不可结交脾气暴躁者,

不要跟易怒之人来往,

25免得你沾染他们的恶习,

不能自拔。

26不要为人击掌作保,

不要为欠债的抵押。

27如果你还不起,

连你的床也会被抬走。

28不可移动祖先定下的界石。

29你看那精明能干的人,

他必侍立在君王面前,

不会效力于泛泛之辈。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 22:1-29

1Din pa ye sen ahonya bebrebe;

sɛ wobedi wo ni ye sen dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ.

2Ɔdefo ne ohiani wɔ ade baako,

Awurade ne wɔn nyinaa Yɛfo.

3Onitefo hu amanehunu a ɛreba na ohintaw ne ho,

nanso atetekwaa kɔ nʼanim konya amane.

4Ahobrɛase ne Awuradesuro

ɛma ahonya ne anuonyam ne nkwa.

5Nsɔe ne mfiri wɔ amumɔyɛfo akwan so,

nanso nea ɔbɔ ne kra ho ban no mmɛn ho.

6Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so,

na sɛ onyin a ɔremfi so.

7Adefo di ahiafo so,

na boseagyefo yɛ nea ɔde fɛm somfo.

8Nea odua amumɔyɛsɛm no twa ɔhaw

na wɔbɛsɛe nʼabufuwhyew abaa.

9Ɔyamyefo benya nhyira

efisɛ ɔne ahiafo kyɛ nʼaduan.

10Pam ɔfɛwdifo na basabasayɛ nso bɛkɔ;

ntɔkwaw ne animka to atwa.

11Obi a ɔdɔ koma a mu tew na ne kasa ho yɛ nyam no,

benya ɔhene afa no adamfo.

12Awurade ani wɛn nimdeɛ,

na ɔsɛe ɔtorofo nsɛm.

13Ɔkwadwofo ka se, “Gyata bi wɔ mfikyiri hɔ!”

anaasɛ, “Wobekum me wɔ mmɔnten so.”

14Ɔbea waresɛefo anom yɛ amoa donkudonku;

nea ɔhyɛ Awurade abufuw ase no bɛtɔ mu.

15Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho,

nanso nteɛso abaa bɛpam no akɔ akyiri.

16Obi besisi ohiani de apɛ ahonya,

anaa ɔbɛkyɛ ɔdefo ade, ne nyinaa de no kɔ ohia mu.

Anyansasɛm

17Yɛ aso na tie anyansasɛm yi;

fa wo koma di me nkyerɛkyerɛ akyi,

18efisɛ eye sɛ wokora saa nsɛm yi wɔ wo koma mu,

na ne nyinaa ada wʼano.

19Sɛ ɛbɛyɛ a wode wo ho bɛto Awurade so,

merekyerɛkyerɛ wo nnɛ, yiw ɛyɛ wo.

20Menkyerɛw mmɛ aduasa mmaa wo,

nea ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ,

21a ɛkyerɛkyerɛ wo nokware ne nea akyinnye nni ho,

sɛnea wubenya mmuae pa ama nea ɔsomaa wo no ana?

22Mmɔ ahiafo korɔn, sɛ wɔyɛ ahiafo nti,

na nsisi wɔn a wonni bi wɔ asennii,

23efisɛ Awurade bedi wɔn asɛm ama wɔn,

na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafo fa.

24Mfa obi a ne koma yɛ den no adamfo,

na mfa wo ho mmɔ nea ne bo nkyɛ fuw,

25anyɛ saa a, wubesua nʼakwan

na woakɔtɔ afiri mu.

26Nyɛ nea ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu

anaasɛ odi akagyinamu;

27na sɛ wunni nea wɔde tua a

wobehuam wo mpa mpo afi wʼase.

28Ntutu tete abo a wɔde ato hye,

nea wo nenanom de sisii hɔ no.

29Wuhu obi a ne nsa akokwaw nʼadwuma ho ana?

Ahemfo anim na ɔbɛsom,

na ɔrensom wɔ mpapahwekwa anim.