箴言 21 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

箴言 21:1-31

1耶和华掌管君王的心,

易如支配垄沟的流水。

2人自以为行事正确,

但耶和华衡量人心。

3秉公行义比献祭更蒙耶和华喜悦。

4高傲的眼,狂妄的心,恶人的灯,

都是罪恶。

5勤劳者的计划必致富足,

行事急躁的人必致贫困。

6骗来的财如过眼云雾,

使人掉进死亡的陷阱。

7恶人的暴力必毁灭自己,

因为他们行事不公不义。

8犯罪的人行径扭曲,

纯洁的人行为正直。

9宁愿住在房顶的一角,

也不跟争闹之妻同屋。

10恶人贪恋邪恶,

对邻舍残忍无情。

11惩罚嘲讽者,愚人得智慧;

训诫智者,他便长见识。

12公义的上帝鉴察恶人的家,

祂必使他们灭亡。

13掩耳不听穷人呼求的,

他将来求救也无人管。

14暗中送的礼物能平息愤怒,

塞进怀里的贿赂止息盛怒。

15正义得到伸张,

义人喜、恶人怕。

16人偏离明智之道,

终必与阴魂为伍。

17贪图享受必穷困,

奢华宴乐难富足。

18恶人作义人的赎价,

奸徒替正直人受苦。

19宁愿独居旷野,

不跟吵闹易怒的女子同住。

20智者家中积存宝物和油,

愚人将所有的挥霍一空。

21追求公义与慈爱的,

必寻得生命、公义和尊荣。

22智者攀上勇士的城池,

摧毁他们倚仗的坚垒。

23管住口舌,免遭祸患。

24嘲讽者狂妄自大,

行事骄横无比。

25懒人的欲望害死自己,

因为他的手不肯做工。

26懒人整天贪得无厌,

义人施舍毫不吝啬。

27恶人的祭物已经可憎,

何况他怀着恶意来献!

28作伪证的终灭亡,

道实情的常发言。

29恶人虚张声势,

正直人谨慎行事。

30任何智慧、悟性和谋略,

都不能对抗耶和华。

31马为争战之日预备,

胜败由耶和华决定。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 21:1-31

1Ɔhene koma da Awurade nsam;

ɔkyerɛ no ɔkwan te sɛ asuten ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.

2Onipa akwan nyinaa teɛ wɔ nʼani so,

nanso Awurade na ɔkari koma.

3Sɛ woyɛ ade pa ne ade a ɛteɛ a,

ɛsɔ Awurade ani sen afɔrebɔ.

4Ani a ɛtra ntɔn ne ahomaso koma,

ne amumɔyɛfo asetena nyinaa yɛ bɔne!

5Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba,

sɛnea ntɛmpɛ kowie ohia no.

6Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no,

ɛyɛ omununkum a etwa mu kɔ, na ɛsan yɛ owu afiri.

7Amumɔyɛfo basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ,

efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ.

8Onipa a odi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye,

na nea ne ho nni asɛm no nneyɛe teɛ.

9Suhyɛ twɔtwɔw ase baabi tena

ye sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo bɛtena fie.

10Omumɔyɛfo kɔn dɔ bɔne;

onni ahummɔbɔ mma ne yɔnko.

11Sɛ wɔtwe ɔfɛwdifo aso a, ntetekwaafo hu nyansa,

sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafo a, onya nimdeɛ.

12Ɔtreneeni no hu nea ɛrekɔ so wɔ omumɔyɛfo fi,

na ɔde omumɔyɛfo no kɔ ɔsɛe mu.

13Sɛ onipa sisiw nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a,

ɔno nso besu afrɛ, na wɔrennye no so.

14Kokoa mu adekyɛ dwudwo koma,

kɛtɛasehyɛ nso pata abufuwhyew.

15Sɛ wubu atɛntrenee a, atreneefo ani gye,

nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefo.

16Onipa a ɔman fi nhumu kwan so no

bɛhome wɔ awufo fekuw mu.

17Nea odi ahosɛpɛw akyi no bɛyɛ ohiani;

nea ɔpɛ nsa ne ngo no rennya ne ho da.

18Amumɔyɛfo de wɔn nkwa to hɔ ma atreneefo,

na atorofo yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.

19Eye sɛ wobɛtena sare so,

sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo a ne koma haw no no bɛtena.

20Nnuan pa ne ngo ayɛ onyansafo fi ma,

nanso ɔkwasea di nea ɔwɔ nyinaa.

21Nea otiw trenee ne ɔdɔ no

nya nkwa, yiyedi ne anuonyam.

22Onyansafo tow hyɛ ahoɔdenfo kuropɔn so,

na odwiriw abandennen a wɔn werɛ hyɛ mu no gu fam.

23Nea ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no

twe ne ho fi amanenya ho.

24Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛwdifo”

ɔde ahantan ntraso yɛ ade.

25Nea ɔkwadwofo kɔn dɔ no bɛyɛ owu ama no,

efisɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.

26Da mu nyinaa ɔpere sɛ obenya bebree,

nanso ɔtreneeni de, ɔma a ɔnnodow ho.

27Omumɔyɛfo afɔrebɔ yɛ akyiwade,

ne titiriw ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.

28Ɔdansekurumni bɛyera,

na wɔbɛsɛe obiara a otie no no nso.

29Amumɔyɛfo di akakabensɛm,

na ɔtreneeni de, osusuw nʼakwan ho.

30Nyansa, nhumu ne nhyehyɛe biara nni hɔ a

ebetumi ayɛ yiye atia Awurade.

31Wosiesie apɔnkɔ ma ɔko da,

nanso nkonimdi yɛ Awurade dea.