箴言 14 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

箴言 14:1-35

1智慧的女子建立家园,

愚昧的女子亲手拆毁。

2行为正直的人敬畏耶和华,

行事邪僻的人轻视耶和华。

3愚人的狂言招来鞭打,

智者的唇舌保护自己。

4没有耕牛槽头净,

五谷丰登需壮牛。

5忠实的证人不会撒谎,

虚假的证人谎话连篇。

6嘲讽者徒然寻智慧,

明哲人轻易得知识。

7你要远离愚昧人,

他口中毫无知识。

8明哲凭智慧辨道,

愚人被愚昧欺骗。

9愚妄人戏看罪恶,

正直人彼此恩待。

10心头的愁苦,唯有自己明白;

心中的喜乐,外人无法分享。

11恶人的房屋必遭毁灭,

正直人的帐篷必兴盛。

12有的路看似正确,

最终却通向死亡。

13欢笑难消内心的痛苦,

欢乐过后,悲伤犹在。

14背弃正道,自食恶果;

善人行善,必得善报。

15愚昧人什么都信,

明哲人步步谨慎。

16智者小心谨慎,远离恶事;

愚人骄傲自负,行事鲁莽。

17急躁易怒的人做事愚昧,

阴险奸诈之人遭人痛恨。

18愚昧人得愚昧作产业,

明哲人得知识为冠冕。

19坏人俯伏在善人面前,

恶人俯伏在义人门口。

20穷人遭邻舍厌,

富人朋友众多。

21藐视邻舍是罪过,

怜悯穷人蒙福乐。

22图谋恶事的步入歧途,

行善的受爱戴和拥护。

23殷勤工作,带来益处;

满嘴空谈,导致贫穷。

24智者以财富为冠冕,

愚人以愚昧为装饰。

25诚实的证人挽救性命,

口吐谎言者欺骗他人。

26敬畏耶和华的信心坚定,

他的子孙也有庇护所。

27敬畏耶和华是生命的泉源,

可以使人避开死亡的陷阱。

28人民众多,是君王的荣耀;

没有臣民,君主必然败亡。

29不轻易发怒者深明事理,

鲁莽急躁的人显出愚昧。

30心平气和,滋润生命;

妒火中烧,啃蚀骨头。

31欺压穷人等于侮辱造物主,

怜悯贫弱就是尊敬造物主。

32恶人因恶行而灭亡,

义人到死仍有倚靠。

33智慧存在哲士心里,

愚人心中充满无知。

34公义能叫邦国兴盛,

罪恶是人民的耻辱。

35明智的臣子蒙王喜悦,

可耻的仆人惹王发怒。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 14:1-35

1Ɔbea nyansafo si ne dan,

nanso ɔbea kwasea de nʼankasa ne nsa dwiriw ne de gu fam.

2Nea ne nantew teɛ no suro Awurade,

na nea nʼakwan kyea no bu no animtiaa.

3Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa,

nanso anyansafo ano bɔ wɔn ho ban.

4Faako a anantwi nni no, adididaka no mu da mpan,

na nantwi ahoɔden mu na nnɔbae pii fi ba.

5Ɔdanseni nokwafo rennaadaa,

ɔdansekurumni hwie atoro gu hɔ.

6Ɔfɛwdifo hwehwɛ nyansa nanso onya,

nanso wɔn a wɔwɔ nhumu nya nimdeɛ ntɛm.

7Twe wo ho fi ɔkwasea ho,

efisɛ, worennya nimdeɛ mfi nʼano.

8Anitewfo nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho,

na nkwaseafo agyimisɛm yɛ nnaadaa.

9Nkwaseafo de bɔne ho adwensakra di fɛw,

na wɔn a wɔteɛ mu na anisɔ wɔ.

10Koma biara nim ɔyaw wɔ ne mu,

na obi foforo rentumi ne no nkyɛ nʼanigye.

11Wɔbɛsɛe amumɔyɛfo fi,

nanso teefo ntamadan bɛyɛ frɔmfrɔm.

12Ɔkwan bi wɔ hɔ a ɛteɛ wɔ onipa ani so,

nanso awiei no, ɛkɔ owu mu.

13Ɔserew mu mpo, koma tumi di yaw,

na anigye tumi wie awerɛhow.

14Akyirisanfo benya akatua sɛnea wɔn akwan te,

na onipa pa nso benya ne de.

15Atetekwaa gye biribiara di,

nanso onitefo dwene nʼanammɔntu ho.

16Onyansafo suro Awurade na oguan bɔne,

nanso ɔkwasea yɛ asowui ne basabasa.

17Onipa a ne bo nkyɛ fuw no yɛ nkwaseade,

na wɔtɔn nea ɔpam apam bɔne no.

18Ntetekwaafo agyapade ne gyimi,

na wɔde nimdeɛ bɔ anitewfo abotiri.

19Nnipa bɔnefo bɛkotow nnipa pa anim,

na amumɔyɛfo akotow atreneefo apon ano.

20Ahiafo de, wɔn yɔnkonom mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ,

nanso adefo wɔ nnamfonom bebree.

21Nea obu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne,

na nhyira nka nea ne yam ye ma ohiani.

22So wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne nyera kwan ana?

Nanso wɔn a wɔhyehyɛ nea eye no nya adɔe ne nokware.

23Adwumadenyɛ nyinaa de mfaso ba,

na kasahunu de, ɛkɔ ohia mu.

24Anyansafo ahonya ne wɔn abotiri,

na nkwaseafo agyimisɛm sow gyimi aba.

25Ɔdanseni nokwafo gye nkwa,

nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafo.

26Nea osuro Awurade no wɔ bammɔ a mu yɛ den,

na ɛbɛyɛ guankɔbea ama ne mma.

27Awurade suro yɛ nkwa asuti,

eyi onipa fi owu afiri mu.

28Ɔman mu nnipa dodow yɛ ɔhene anuonyam,

nanso sɛ asomfo nni hɔ a mmapɔmma no sɛe.

29Onipa a ɔwɔ abodwokyɛre wɔ ntease a mu dɔ,

na nea ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.

30Koma mu asomdwoe ma nipadua nkwa,

na anibere ma nnompe porɔw.

31Nea ɔhyɛ ahiafo so no bu wɔn Yɛfo animtiaa,

nanso nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn anuonyam.

32Sɛ amanehunu ba a amumɔyɛfo hwe ase,

nanso owu mu mpo atreneefo wɔ guankɔbea.

33Nyansa te ntease koma mu,

na nkwaseafo mu mpo, oyi ne ho adi.

34Trenee pagyaw ɔman,

na bɔne yɛ animguase ma nnipa nyinaa.

35Ɔhene ani sɔ ɔsomfo nyansani,

na ɔsomfo nimguasefo hyɛ no abufuw.