申命记 8 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

申命记 8:1-20

不可忘记耶和华

1“你们要谨遵我今日吩咐你们的一切诫命,以便能够存活,生养众多,并且得到耶和华起誓要赐给你们祖先的土地。 2要记住这四十年来你们的上帝耶和华怎样在旷野引领你们,祂磨炼你们、考验你们,好知道你们的心意如何、肯不肯遵守祂的诫命。 3祂让你们忍饥挨饿,然后赐给你们祖祖辈辈从未见过的吗哪吃,为了使你们明白人活着不是单靠食物,乃是靠祂口中的每一句话。 4这四十年来,你们的衣服没有穿破,双脚也没有走肿。 5你们心里要明白,你们的上帝耶和华管教你们,如同父亲管教儿子。

6“所以,你们要遵守你们的上帝耶和华的诫命,行祂的道,敬畏祂, 7因为祂要带你们到一个佳美之地。那里的谷中和山间流淌着条条溪流、股股清泉; 8那里盛产大麦、小麦、葡萄、无花果、石榴、橄榄油和蜂蜜; 9那里食物充足,一无所缺;那里矿产资源丰富,石头就是铁,山中可以采铜。 10你们吃饱喝足后,要赞美你们的上帝耶和华,因为祂赐给你们那佳美之地。

11“你们要谨慎,免得忘记你们的上帝耶和华,不遵守我今天吩咐你们的诫命、典章和律例。 12当你们丰衣足食、居室华美、 13牛羊众多、金银日增的时候, 14切勿心骄气傲,忘记你们的上帝耶和华。祂把你们从受奴役之地——埃及救出来, 15带领你们走过干旱、可怕、毒蛇和蝎子出没的大旷野。祂使坚硬的磐石流出水来给你们喝, 16在旷野中把你们祖先从未见过的吗哪赐给你们吃,为要磨炼你们、考验你们,使你们最终得到益处。 17你们切勿以为是凭自己的双手和能力致富的。 18要记住,是你们的上帝耶和华赐给你们致富的能力,为要坚立祂给你们祖先的誓约,正如今日的情形。

19“我今天警告你们,如果你们忘记你们的上帝耶和华,去追随、供奉、祭拜其他神明,你们必灭亡。 20如果你们不听从你们的上帝耶和华,你们必灭亡,正如祂使列国在你们面前灭亡一样。

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 8:1-20

Mma Wo Werɛ Mfiri Awurade

1Monhwɛ yie na monni mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛtena ase na moadɔɔso na moakɔ asase a Awurade kaa ntam de hyɛɛ mo agyanom bɔ no na moatena so. 2Monkae sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn dii mo anim faa ɛserɛ so mfeɛ aduanan, nam so brɛɛ mo ase de sɔɔ mo suban hwɛeɛ sɛ mobɛdi ne mmara so anaasɛ morenni so no. 3Nokorɛm, ɔmaa ɛkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase, ɛnna ɔmaa mo mana, aduane a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Awurade asɛm. 4Mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, mo ntadeɛ antete, na mo nan ammɔ mpumpunnya na anhonhono nso. 5Enti, deɛ ɛsɛ sɛ mohunu ne sɛ, sɛdeɛ ɔbaatan tea ne ba no, saa ara nso na Awurade mo Onyankopɔn tea mo de boa mo.

6Monni Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ so na monnante nʼakwan so na momfa anidie mma no. 7Ɛfiri sɛ, mo Awurade de mo rekɔ asase pa so—asase a asutene, mmura ne nsutire resene wɔ bɔnhwa ne mmepɔ mu; 8asase a atokoɔ, ayuo, bobe, borɔdɔma, ateaa, ngo dua ne ɛwoɔ wɔ so. 9Ɛyɛ asase a aduane abu wɔ so a biribiara wɔ so; ɛyɛ asase a fagudeɛ dadeɛ abu so te sɛ aboɔ, na sumpii nso nyɛ na wɔ ne mmepɔ mu.

10Sɛ modidi mee a, monhyira Awurade mo Onyankopɔn wɔ asase pa a ɔde ama mo no enti. 11Nanso, monhwɛ yie na mo werɛ amfiri Awurade mo Onyankopɔn a morenni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ a merehyɛ mo ɛnnɛ yi so. 12Anyɛ saa a, sɛ modidi na momee na mosisi mo afie fɛfɛ, na mokɔtena mu 13na mo anantwie ne nnwan ase dɔre, na monya dwetɛ ne sika pii, na mo agyapadeɛ nyinaa dɔɔso 14a, saa ɛberɛ no na ɛsɛ sɛ mohwɛ yie. Monnyɛ ahomasoɔ na mommma mo werɛ mfiri Awurade mo Onyankopɔn a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase so no. 15Mommma mo werɛ mfiri sɛ ɔno na ɔdii mo anim yii mo firii ɛserɛ a na ɛso yɛ hu so. Ɔno na ɔyii mo firii asase a ɛso yɛ hye, a awɔ ne anyanyankyerɛ a wɔn ano wɔ borɔ wɔ so no so. Ɔmaa mo nsuo firi ɔbotan mu. 16Ɔmaa mo mana aduane a mo agyanom nnim diiɛ wɔ ɛserɛ so. Ɔyɛɛ yei de brɛɛ mo ase, de sɔɔ mo hwɛeɛ wɔ mo ankasa yiedie mu. 17Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnsɛ sɛ modwene sɛ mo ahonya no firi mo ankasa mo ahoɔden mu. 18Daa monkae sɛ, Awurade mo Onyankopɔn a ɔma mo tumi ma moyɛ adefoɔ no, ɔyɛ saa de dii apam a ɔne mo agyanom hyɛeɛ no so.

19Na mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mo werɛ firi Awurade, mo Onyankopɔn, na mokɔdi anyame foforɔ akyi, som wɔn, koto wɔn a, sɛeɛ na wɔbɛsɛe mo. 20Sɛdeɛ Awurade asɛe amanaman a na wɔwɔ mo anim no, mo nso sɛ moantie Awurade mo Onyankopɔn a, saa ara na wɔbɛsɛe mo.