申命记 29 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

申命记 29:1-29

在摩押立约

1耶和华除了与以色列人在何烈山立约外,还在摩押吩咐摩西以色列人立以下的约。

2摩西召来所有以色列人,对他们说:“你们曾亲眼见过耶和华在埃及怎样对付法老及其臣仆和国民, 3怎样降下巨大的灾难,行伟大的神迹奇事。 4但耶和华至今还没有赐给你们能明白的心、能看见的眼、能听清的耳。 5四十年来,我领你们走过旷野,你们身上的衣服没有穿破,脚上的鞋子没有穿坏; 6你们没有吃饼,也没有喝淡酒和烈酒。这是为了让你们知道耶和华是你们的上帝。 7我们来到这里的时候,希实本西宏巴珊都来攻击我们,我们击败了他们, 8并将占领的土地分给吕便支派、迦得支派和玛拿西半个支派作产业。 9所以,你们要谨遵这约上的话,以便你们可以凡事顺利。

10“今天,你们全都站在你们的上帝耶和华面前,包括你们的族长、长老、官员、所有以色列男子、 11你们的孩子、妻子和寄居在你们中间为你们砍柴挑水的外族人, 12为要接受你们的上帝耶和华与你们立的誓约。 13这样,祂今天将宣告你们是祂的子民、祂是你们的上帝,正如祂对你们的应许和对你们祖先亚伯拉罕以撒雅各的誓言。 14耶和华的这誓约不仅是与你们立的, 15也是与今天一同站在我们的上帝耶和华面前的人,以及今天不在这里的人29:15 今天不在这里的人”或译“我们将来的子孙”。立的。

16“你们知道我们如何在埃及生活,也知道我们如何穿越列国来到这里。 17你们也见过他们用木、石、金、银造的可憎神像。 18你们中间,不论男人或女人,家族或支派,切不可有人背弃我们的上帝耶和华,去祭拜列国的神明,免得你们中间有残根长出苦毒的果实, 19免得有人听了这誓言后,心存侥幸地说,‘即使我一意孤行,连累他人,也必平安无事。’ 20耶和华绝不会赦免这样的人,祂必向这样的人发烈怒,使记在这书上的一切咒诅临到他身上,从世上抹去他的名字。 21耶和华必把他从以色列各支派中隔离出来,使他按律法书上约中的一切咒诅受惩罚。

22“你们的子孙后代和从远方来的外族人,必看见耶和华降在这地方的灾祸和疾病。 23遍地将是硫磺和盐,无法耕种,寸草不生,如同耶和华盛怒之下毁灭的所多玛蛾摩拉押玛洗扁24万国必问,‘耶和华为什么要这样对待这地方?祂为什么大发烈怒?’ 25必有人回答说,‘因为这地方的人背弃了他们祖先的上帝耶和华领他们出埃及时与他们所立的约, 26去供奉、祭拜他们所不认识、并非耶和华所分派的神明。 27因此,耶和华向这片土地发怒,把这书上的一切咒诅都降在这里。 28耶和华盛怒之下把他们从这地方连根拔起,扔到别的地方,正如今日的情形。’

29“奥秘的事属于我们的上帝耶和华,只有显明的事永远属于我们和我们的子孙,以便我们可以遵守这律法上的一切话。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 29:1-29

Apam No Ntimu

1Eyinom ne nhyehyɛe a ɛwɔ apam a Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfo no nyɛ wɔ Moab nka apam a ɔne wɔn yɛɛ no wɔ Horeb no mu no ho.

2Mose frɛɛ Israelfo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se:

Moahu nea Awurade yɛɛ Farao ne ne mpanyimfo ne ne man nyinaa wɔ Misraim no. 3Mo ankasa muhuu sɔhwɛ akɛse, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwade akɛse no. 4Nanso de besi nnɛ yi, Awurade mmaa mo adwene a ɛte asɛm ase anaa ani a ehu ade anaa aso a ɛte asɛm. 5Nanso Awurade se, mfe aduanan a midii mo anim faa sare so no mu no, mo ntama antetew, na mo mpaboa a ɛhyehyɛ mo anan nso anhwere. 6Moanni brodo, annom nsa anaa nsa a ano yɛ den. Meyɛɛ saa sɛnea mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn no.

7Yeduu ha no, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og ba bɛko tiaa yɛn, nanso yedii wɔn so. 8Yɛfaa wɔn asase de maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw no fa sɛ wɔn agyapade.

9Ɛno nti, munni saa apam yi so sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara a mobɛyɛ no bɛyɛ yiye. 10Mo nyinaa—mo mmusuakuw mpanyimfo, mo atemmufo, mo ahwɛfo ne Israel mmarima nyinaa, nnɛ mugyina Awurade, mo Nyankopɔn no, anim; 11mo ne mo mma ne mo yerenom ne ahɔho a wɔte mo mu a wobu mo nnua, soa mo nsu. 12Mugyina ha sɛ mo ne Awurade, mo Nyankopɔn no, rebɛyɛ apam; apam a Awurade ne mo reyɛ nnɛ na ɔde ntam resɔw ano 13na wasi so gyinae sɛ nnɛ, moyɛ ne nkurɔfo na ɔno nso bɛyɛ mo Nyankopɔn, sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ no na ɔkaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no. 14Mereyɛ saa apam yi a ne ntam bata ho a, ɛnyɛ mo nko a, 15mo ne yɛn gyina ha nnɛ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim na mmom, wɔn a wonni ha nnɛ nso ka ho bi.

16Mo ankasa munim sɛnea yɛtenaa Misraim ne sɛnea yɛreba ha no yɛfaa aman so besii ha. 17Muhuu akyiwade ahoni a wɔde nnua ne abo ne dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ wɔ wɔn nkyɛn. 18Monhwɛ yiye sɛ ɔbarima anaa ɔbea anaa abusua biara a ɛwɔ mo mu nnɛ no mu biara koma rennan mfi Awurade, mo Nyankopɔn no, ho nkɔsom saa aman yi anyame; monhwɛ sɛ ntin biara nni mo mu a epuw bɔre a ɛyɛ nwen saa.

19Sɛ saa onipa no te ntam yi mu nsɛm na ohyira ne ho, na ɔka wɔ ne tirim se, “Me ho sɔnn, ɛmfa ho sɛ menam asoɔden kwan so.” Eyi de atoyerɛnkyɛm bɛba asase a so afɔw ne nea so awo no nyinaa so. 20Awurade remfa nkyɛ saa onipa no. Nʼabufuw ne ne ninkunu bɛdɛw atia no. Nnome a wɔakyerɛw no saa nhoma yi mu no nyinaa bɛba ne so na Awurade bɛpepa ne din afi ɔsoro ase. 21Awurade bɛtwe no afi Israel mmusuakuw nyinaa mu na wahwie apam no mu nnome nyinaa a wɔakyerɛw wɔ saa mmara nhoma no mu no agu ne so.

22Mo mma a wɔbɛba wɔ daakye awo ntoatoaso mu no ne wɔn a wofi ahɔho ase a wofi akyirikyiri asase so behu asase no sɛe ne nyarewa a Awurade de bɛbrɛ asase no. 23Wobehu sɛ, wɔn asase no nyinaa adan sufre ne nkyene a wonnua so hwee, na hwee mfifi wɔ so na ahabammono biara nnyina so, a ɛnyɛ yiye na hwee nso nnyin wɔ so; sare ahaban mpo. Ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim a Awurade sɛee no nʼabufuwhyew mu no. 24Aman a atwa ahyia no bebisa se, “Adɛn nti na Awurade ayɛ saa asase yi saa? Adɛn nti na ne bo fu dennen saa?”

25Na wɔbɛka akyerɛ wɔn se, “Saa asɛm yi sii, efisɛ nnipa a wɔwɔ asase no so buu apam a wɔne Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no, yɛe bere a oyii wɔn fii Misraim asase so no. 26Wɔdan kɔsom anyame afoforo wɔkotow wɔn, anyame a wonnim wɔn, anyame a Awurade nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsom. 27Ɛno nti Awurade abufuw dɛw tiaa saa asase yi, nam so de nnome a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no nyinaa baa wɔn so no. 28Abufuwhyew mu, Awurade tutuu ne nkurɔfo ase fii wɔn asase so twaa wɔn asu de wɔn koguu asase foforo so, sɛnea ɛte mprempren yi.”

29Kokoamsɛm yɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn no, dea, nanso nneɛma a wɔda no adi no yɛ yɛn ne yɛn asefo dea daa, sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi saa mmara yi mu nsɛm so.