申命记 18 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

申命记 18:1-22

利未人的产业

1利未祭司及其他利未支派的人在以色列不可拥有土地。他们吃的是献给耶和华的火祭,那是他们的产业。 2他们在众支派中没有自己的产业,因为耶和华是他们的产业,这是祂的应许。 3众人所献的牛羊的前腿、腮颊和胃应归祭司。 4你们要给祭司初收的五谷、新酒、新油和初剪的羊毛。 5因为你们的上帝耶和华从各支派中拣选了利未人,让他们世代奉祂的名事奉。

6以色列境内任何地方的利未人若愿意离开自己所住的城,去耶和华选定的地方, 7他可以像在耶和华面前事奉的其他利未人一样,在那里事奉他的上帝耶和华。 8除了变卖产业所得之外,他还可以分到与其他祭司同等分量的祭物。

不可随从外族风俗

9“你们进入你们的上帝耶和华将要赐给你们的土地后,不可仿效当地民族的可憎行径。 10你们当中不可有人焚烧自己的子女作祭物,不可有人占卜、算命、作法、行邪术、 11念咒、做灵媒、行巫术或求问亡灵。 12凡做这些事的人都是耶和华所憎恶的。正是因为当地的民族做这些可憎之事,你们的上帝耶和华才要当着你们的面把他们赶走。 13你们要在你们的上帝耶和华面前纯全无过。

耶和华使一位先知兴起

14“你们将要赶走的那些民族听信术士和巫师,但你们的上帝耶和华不准你们仿效他们。 15你们的上帝耶和华要在你们中间选立一位像我一样的先知,你们要听从他。 16这正是你们在何烈山聚会时向你们的上帝耶和华所求的,当时你们说,‘不要让我们再听见我们上帝耶和华的声音,也不要让我们再看见这烈火,免得我们死亡。’ 17于是,耶和华对我说,‘他们说的对。 18我要在他们当中选立一位像你一样的先知,我会告诉他该说的话,他要把我的一切吩咐告诉他们。 19如果有人不听从他奉我的名所说的话,我必亲自惩罚那人。 20若有先知冒我的名说我未曾吩咐他的话,或以其他神明的名义说话,必须处死他。’ 21你们也许心里会问,‘我们如何知道是否是耶和华说的话呢?’ 22如果先知奉耶和华的名说的话没有应验,他的话就不是耶和华说的。他是妄自说预言,你们不用怕他。

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 18:1-22

Asɔfo Ne Lewifo Akyɛde

1Lewifo Asɔfo no, nokware Lewi abusuakuw nyinaa no, nni kyɛfa ne agyapade biara wɔ Israelman mu te sɛ mmusuakuw a wɔaka no. Wobedi aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade no bi, efisɛ wonni agyapade. 2Israelfo mu de, wɔrennya agyapade biara sɛ wɔn ankasa kyɛfa. Awurade ankasa bɛyɛ wɔn kyɛfa sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.

3Eyi ne kyɛfa a asɔfo no benya afi nantwi ne oguan a nnipa no de bɛbɔ afɔre no mu: ne mmati, nʼabogye ne nʼayamde. 4Afei, momma wɔn mo atokokan mu ade, nsa foforo ne ngo ne nwi a edi kan a wotwitwa fi mo nguan ho no. 5Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, apaw Lewifo ne wɔn asefo afi mo mmusuakuw nyinaa mu sɛ wonnyina, nsom daa wɔ Awurade din mu.

6Sɛ Lewini bi pɛ na ofi mo nkurow no mu biara a ɔte so wɔ Israel kɔ baabi a Awurade ayi a, 7otumi som wɔ Awurade, ne Nyankopɔn, din mu te sɛnea ne nkurɔfo Lewifo a wɔsom wɔ hɔ wɔ Awurade anim no yɛ no ara. 8Sɛ mpo wanya sika bi afi abusua agyapade bi tɔn mu a, wɔde ne kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔde no mu sɛ Lewini no bɛma no sɛ asɛde.

Nneyɛe A Ɛyɛ Akyiwade

9Sɛ munya du asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so a, monhwɛ yiye na moansua amanaman a ɛwɔ hɔ no amanne a ɛyɛ akyiwade no. 10Mommma wonhu sɛ mo mu bi de ne babarima anaa ne babea abɔ ɔhyew afɔre. Na mommma mo nnipa no nyɛ akɔmfo a wɔhyɛ abosom nkɔm, abayifo ne abisakɔfo, ne ntafowayifo 11ne nkaberekyerefo ne samanfrɛfo, osumanni a ɔfrɛ ɔsaman. 12Obiara a ɔyɛ saa ade yi bi no yɛ Awurade akyiwade na saa akyiwade yi nti na Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpam saa aman no afi mo anim. 13Monyɛ pɛ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim.

Odiyifo

14Aman a morekotu wɔn yi tie wɔn a wɔpɛ abayisɛm ne nkɔmhyɛnsɛm. Nanso mo de, Awurade, mo Nyankopɔn no, mmaa mo kwan sɛ monyɛ saa ɛ. 15Awurade, mo Nyankopɔn no, beyi odiyifo a ɔte sɛ me afi mo Israelfo yi ara mu. Ɛsɛ sɛ moyɛ osetie ma no. 16Eyi ne nea mo ankasa mobisaa Awurade, mo Nyankopɔn no, bere a muhyiaa wɔ Horeb no. Mosrɛɛ sɛ mompɛ sɛ mote Awurade, mo Nyankopɔn no, nne anaa muhu ogyaframa bio, efisɛ musuro sɛ anhwɛ a, mubewuwu.

17Na Awurade buae se, “Mɛyɛ wɔn abisade ama wɔn. 18Mɛda odiyifo te sɛ wo adi afi wɔn nkurɔfo Israelfo mu. Mede me nsɛm bɛhyɛ nʼanom, na ɔbɛka biribiara a mɛhyɛ wɔn no akyerɛ wɔn. 19Mʼankasa me ne obiara a wantie asɛm a odiyifo no bɛka wɔ me din mu no bedi. 20Na odiyifo biara bɛpatuw aka nea menhyɛe, anaa ɔnam onyame foforo bi din so ka asɛm no, ɛsɛ sɛ wokum no.”

21Mubebisa mo ho se, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahu sɛ adiyisɛm no fi Awurade anaasɛ emfi no?” 22Sɛ odiyifo no hyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu na amma mu a, na ɛnyɛ Awurade na ɔde asɛm no mae. Na ɛkyerɛ sɛ, saa odiyifo no ara kaa ɔno ankasa nʼasɛm bi kwa enti ɛnsɛ sɛ musuro.