民数记 4 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 4:1-49

哥辖子孙的职责

1耶和华对摩西亚伦说: 2“你要按宗族和家系统计利未人中哥辖子孙的人数, 3登记三十岁到五十岁、可在会幕司职的男子。 4他们在会幕里管理至圣之物。

5“拔营出发的时候,亚伦父子们要进会幕解下圣所和至圣所之间的幔子,用它遮盖约柜, 6再在上面依次盖上海狗皮和纯蓝色的布,然后穿上抬约柜的横杠。

7“要在摆放供饼的桌子上铺一块蓝布,把盘、碟、杯和献酒用的瓶子摆在上面。桌上要有供饼。 8这些东西上面要盖朱红色的布,再盖上海狗皮,然后穿上抬桌子的横杠。

9“要用蓝布把灯台、灯盏、蜡剪、蜡盘和盛油的器皿全遮盖起来, 10再在上面盖上海狗皮,然后放在抬架上。

11“金香坛上面要盖蓝色布,再盖上海狗皮,穿上抬金香坛的横杠。

12“圣所里面一切器皿都要用蓝色布包好,盖上海狗皮,放在抬架上。

13“要清除祭坛上的灰烬,铺上紫色布, 14然后把火鼎、肉叉、铲、碗等祭坛的器具放在上面,再盖上海狗皮,穿上抬祭坛的横杠。

15“拔营出发时,哥辖的子孙要等到亚伦父子们把圣所和圣所的器具都盖好后,才可以来抬。他们负责抬这些会幕的器具,但不可触摸这些圣物,免得死亡。 16亚伦祭司的儿子以利亚撒负责管理整个圣幕及里面的灯油、香料、素祭、膏油等一切物品。”

17耶和华对摩西亚伦说: 18“不要让哥辖宗族在利未人中灭绝。 19他们走近至圣之物以前,亚伦父子们要先进去指派他们做什么、抬什么,以免他们死亡。 20他们不可进去看圣物,一刻都不可,免得死亡。”

革顺子孙的职责

21耶和华对摩西说: 22“你要按宗族和家系统计革顺子孙的人数, 23登记三十岁到五十岁、可在会幕司职的男子。 24以下是他们负责的事务。

25“他们要抬圣幕的幔子、会幕、会幕顶盖、顶盖上的海狗皮、会幕门帘、 26围绕圣幕和祭坛的院子的帷幔、院门门帘、绳索等器具,还负责其他相关事务。 27你们要把任务分配给革顺的子孙,他们要遵照亚伦父子们的吩咐司职。 28这是革顺宗族的人在会幕里的职责,他们要按祭司亚伦的儿子以他玛的吩咐司职。

米拉利子孙的职责

29“你要按宗族和家系统计米拉利子孙的人数, 30登记三十岁到五十岁、可在会幕司职的男子。 31他们在会幕里负责抬圣幕的木板、横闩、柱子、带凹槽的底座, 32院子四周的柱子及其带凹槽的底座、橛子、绳索和其他相关器具。你们要把当抬的物件一一指派给他们。 33这是米拉利宗族的人在会幕的职责,由祭司亚伦的儿子以他玛监督。”

34于是,摩西亚伦和会众的首领按宗族和家系统计哥辖的子孙, 35登记了三十岁到五十岁、可在会幕司职的男子, 36共两千七百五十人。 37这是哥辖宗族在会幕司职的人数,是摩西亚伦照耶和华的吩咐统计的。

38-40按宗族和家系统计,革顺的子孙中三十岁到五十岁、可在会幕司职的共两千六百三十人。 41这是革顺宗族在会幕司职的人数,是摩西亚伦照耶和华的吩咐统计的。

42-44按宗族和家系统计,米拉利的子孙中三十岁到五十岁、可在会幕司职的共三千二百人。 45这是米拉利宗族的人数,是摩西亚伦照耶和华的吩咐统计的。

46摩西亚伦以色列人的首领按宗族和家系统计了利未人的人数, 47-48三十岁到五十岁可司职、搬运会幕器具的利未人共八千五百八十人。 49照耶和华对摩西的吩咐,每个人都被统计在内,都有指定的职责和当抬的器具。这样,照耶和华对摩西的吩咐,人口统计完毕。

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 4:1-49

Kohar Mmammarima

1Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2“Kan Kohatfoɔ no dodoɔ a wɔwɔ Lewifoɔ no abusua mu. 3Saa nnipakan yi bɛyɛ mmarima nko ara a wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu.

4“Kohat mma no dwumadie ne sɛ wɔbɛhwɛ akronkronneɛ no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 5Sɛ wɔretu afiri atenaeɛ hɔ a, Aaron ne ne mma mmarima na wɔbɛdi ɛkan akɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu akɔfa nkatanimu no de akata adaka no ho. 6Afei, wɔde abirekyie nwoma bɛkata nkatanimu no ho na wɔde ntoma tuntum akata abirekyie nhoma no ho na wɔde nnua a wɔde soa adaka no ahyehyɛ ne nkawa no mu.

7“Afei, wɔmfa ntoma tuntum nsɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no da so no so, na wɔmfa nyowaa, ntere, dwaresɛn akɛseɛ, nkuruwa ne Burodo no ngu ntoma no so. 8Wɔde ntoma kɔkɔɔ bɛkata so na wɔasane de abirekyie nhoma akata ntoma kɔkɔɔ no so. Na afei, wɔde nnua a wɔde bɛsoa no ahyehyɛ ɛpono no mu.

9“Afei, ɛsɛ sɛ wɔde ntoma tuntum kata kaneadua no, nkanea no, adaawa no, nkukuo apaawa no ne ngo toa no ho. 10Saa nneɛma yi nyinaa nso, wɔde abirekyie nhoma bɛkata ho na wɔde nkyekyereeɛ yi nyinaa abɛgu ɛpono so.

11“Ɛsɛ sɛ wɔde ntoma tuntum kata sikakɔkɔɔ afɔrebukyia no so na wɔsane de abirekyie nhoma kata so bio na wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛ afɔrebukyia no mu.

12“Hyiadan no mu som no ho nneɛma a aka no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔde ntoma bibire kyekyere ho a wɔde abirekyie nhoma asane akyekyere ho na wɔde to mpata a wɔde soa no so.

13“Ɛsɛ sɛ wɔtu nsõ no nyinaa firi afɔrebukyia no mu guo, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bibire kyekyere ho. 14Ɛsɛ sɛ wɔde afɔrebukyia no ho ɔsom nneɛma nyinaa gu ntoma no so. Saa nneɛma no ne nkyɛnsee a wɔnoa mu, nsosɔmu, sofi, kyɛnsee kɛseɛ ne nneɛma a wɔkora mu nneɛma gu ntoma no so na wɔde abirekyie nhoma kata ne nyinaa so. Na afei, wɔde nnua a wɔde soa no gu faako a ɛsɛ sɛ wɔde guo.

15“Sɛ Aaron ne ne mma mmarima no wie kronkronbea hɔ nneɛma no anoboa a, Kohat ne nʼabusuafoɔ bɛba abɛsoa akɔ baabiara a wɔretu nneɛma akɔ. Nanso wɔnni ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nneɛma a ɛho te no bi. Wɔyɛ saa a, wɔbɛwuwu. Kohat mma na ɛsɛ sɛ wɔsoa nneɛma a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.

16“Aaron babarima Eleasa na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhwam, daa aduane a wɔde bɔ afɔdeɛ, ɔsra ngo ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nyinaa so. Biribibiara a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.”

17Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, 18“Monntwa Kohatfoɔ abusuakuo no mfiri Lewifoɔ mu. 19Sɛ wɔresoa nneɛma a ɛho te no a, deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ a wɔrenwuwu nie: Ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mma mmarima no ne wɔn kɔ hɔ kɔkyerɛ wɔn adeɛ a ɛsɛ sɛ wɔn mu biara soa. 20Sɛ wɔanyɛ saa a, ɛnsɛ sɛ wɔkɔ kronkronbea hɔ koraa. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛhunu nneɛma a ɛho te no na ɛrenkyɛre koraa wɔawuwu.”

Gerson Mmammarima

21Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 22“Kan Gerson asefoɔ a wɔfra Lewifoɔ abusua mu no, 23firi mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma kronkron wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ so.

24“Gerson mmusua no dwuma a wɔbɛdie nie: 25Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ, Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne deɛ ɛkata ho, abirekyie nhoma nkurusoɔ ne ntoma a ɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no. 26Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adihɔ hɔ ɔfasuo no ho no. Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa adihɔ hɔ ɛkwan no ano ne afɔrebukyia ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔrebukyia no, ntampehoma ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ, twe yeinom nyinaa. 27Aaron anaa ne mmammarima no bi tumi ma Gerson asefoɔ no bi dwuma di. 28Nanso Gersonfoɔ no bɛhyɛ Aaron Itamar ase.

Merari Mmammarima

29“Afei, kan Merari asefoɔ a wɔfra Lewifoɔ abusua mu no 30ɛfiri mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum so a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ. 31Sɛ wɔpagya Ahyiaeɛ Ntomadan no a, wɔn na ɛsɛ sɛ wɔsoa ne nnyinasoɔ, nnua a ɛsisi mu, ne nsisisoɔ 32mpunan a wɔde yɛɛ adihɔ hɔ afasuo no ne ne nsisisoɔ, mpɛɛwa, ntampehoma ne biribiara a wɔde di ho dwuma. Fa dwumadie ahodoɔ no hyɛ nnipa a wobɛbobɔ wɔn edin nsa. 33Merari asefoɔ no, Aaron babarima Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn so.”

34Enti Mose ne Aaron ne mpanimfoɔ no bi kɔkan Kohatfoɔ

35a mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum nyinaa a wɔbɛtumi ayɛ Ahyiaeɛ Ntomadan mu adwuma ka ho, 36na wɔhunuu sɛ wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem mmienu ne ahanson aduonum. 37Wɔyɛɛ yeinom nyinaa de dii Awurade ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ Mose no so.

38Wɔkan Gersonfoɔ no mmusua ne wɔn mmusuakuo.

39Wɔkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 40Wɔn nyinaa dodoɔ yɛɛ mpem mmienu ahansia ne aduasa. 41Enti na Gersonfoɔ a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nyinaa dodoɔ ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no.

42Merarifoɔ no nso, wɔkan wɔn mmusua ne wɔn mmusuakuo.

43Wɔkan wɔn mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 44Wɔn nyinaa dodoɔ yɛɛ mpem mmiɛnsa ne ahanu. 45Enti Merarifoɔ a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nyinaa dodoɔ ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

46Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanimfoɔ nam Lewifoɔ no mmusua ne wɔn afie so kan wɔn nyinaa. 47Mmarima a na wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi mfeɛ aduonum no nyinaa a na wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ no ne wɔn a wɔbɛsoa akɔ no 48dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe ahanum ne aduɔwɔtwe.

49Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ Mose no enti na wɔnam so kanee nnipa no.