民数记 3 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 3:1-51

利未人的职分

1以下是耶和华在西奈山与摩西说话期间亚伦摩西的后代。

2亚伦的长子是拿答,其他儿子还有亚比户以利亚撒以他玛3亚伦的儿子都是受膏的祭司,从摩西那里承受圣职做祭司。 4拿答亚比户西奈旷野用凡火向耶和华献祭,因而被击杀。他们没有后裔,因此只剩下以利亚撒以他玛在父亲亚伦身边担任祭司。

5耶和华对摩西说: 6“你去叫利未支派来协助亚伦祭司。 7他们要为亚伦和全体会众在会幕司职,办理圣幕的事务, 8也要负责看守会幕里面的器具,为以色列人办理圣幕的事务。 9你要把利未人交给亚伦父子们,因为他们是从以色列人中选出来协助亚伦的。 10你要指派亚伦父子们尽祭司的职分,其他人若走近圣幕,必被处死。” 11耶和华又对摩西说: 12“我从以色列人中拣选利未人代替以色列人所有的长子。利未人要属于我, 13因为所有头生的都属于我。我杀死埃及人所有的长子和头生的牲畜那天,已把以色列人所有的长子和头生的牲畜都分别出来,使之圣洁,归给我,我是耶和华。”

14耶和华在西奈旷野对摩西说: 15“你要按利未人的宗族和家系统计他们的人口,登记所有年龄在一个月以上的男性。” 16于是,摩西照耶和华的吩咐统计利未人。 17利未的儿子是革顺哥辖米拉利18革顺的儿子依次是立尼示每19哥辖的儿子依次是暗兰以斯哈希伯仑乌薛20米拉利的儿子依次是抹利姆示。他们按家系都属于利未人的宗族。

21革顺宗族有立尼示每两个家族, 22其中年龄在一个月以上的男性共七千五百人。 23革顺宗族的人要在圣幕的后面,即西面安营, 24拉伊勒的儿子以利雅萨做首领。 25他们负责看守会幕,即圣幕、圣幕的罩棚、顶盖和门帘、 26围绕圣幕和祭坛的院子的帷幔、门帘、绳索及一切相关的物品。

27哥辖宗族有暗兰家族、以斯哈家族、希伯仑家族和乌薛家族, 28其中年龄在一个月以上的男性共有八千六百人,他们负责看守圣所。 29哥辖宗族的人要在圣幕南面安营, 30乌薛的儿子以利撒反做首领。 31他们负责照管约柜、桌子、灯台、两座坛、圣所里面的器具、幔子等一切物品。 32亚伦祭司的儿子以利亚撒利未人的最高首领,负责监督在圣所工作的人。

33米拉利宗族有抹利姆示两个家族, 34其中年龄在一个月以上的男性共六千二百人, 35亚比亥的儿子苏列做首领。他们要在圣幕的北面安营, 36负责照管圣幕的木板、横闩、柱子、带凹槽的底座和圣幕的一切器具, 37以及院子四周的柱子、带凹槽的底座、橛子和绳索。

38摩西亚伦亚伦的儿子们要在圣幕东面、朝日出的方向安营,为以色列人在圣所司职。凡擅自走近圣所的人,都要被处死。 39摩西亚伦照耶和华的吩咐,按宗族统计利未人,年龄在一个月以上的男性共两万二千人。

利未人代替长子的地位

40耶和华对摩西说:“你要统计以色列人中年龄在一个月以上的长子,登记他们的姓名。 41我是耶和华,你要把利未人归给我,代替以色列人所有的长子,也要把利未人的牲畜献给我,代替以色列人所有头生的牲畜。” 42摩西就照耶和华的吩咐统计了以色列人的长子, 43年龄在一个月以上的共两万二千二百七十三人。 44耶和华又对摩西说: 45“你要用利未人代替以色列人所有的长子,用利未人的牲畜代替以色列人所有头生的牲畜。利未人是属于我的,我是耶和华。 46以色列人所有长子的人数比利未人总数多二百七十三人,这些多出来的人需要被赎回, 47每人折合五十五克银子,要以圣所的秤为准,即一舍客勒3:47 一舍客勒约合十一克。是二十季拉。 48要把赎银交给亚伦父子们。” 49摩西就收取了那二百七十三人的赎银, 50以圣所的秤计算,共十五公斤银子, 51照耶和华的吩咐,将赎银交给亚伦父子们。

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 3:1-51

Lewifoɔ

1Ɛberɛ a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔ so no.

2Na yeinom ne Aaron ne Mose abusua. Aaron mmammarima edin na ɛdidi soɔ yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasa ne Itamar. 3Yeinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ asɔfoɔ. 4Nadab ne Abihu deɛ, wɔwuwuu wɔ Awurade anim ɛberɛ a wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ ogya a ɛmfata so wɔ Sinai ɛserɛ so. Na wɔnni mma enti, Eleasa ne Itamar nko ara na wɔsomm sɛ asɔfoɔ, ɛberɛ a wɔn agya Aaron te ase.

5Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: 6“Frɛ Lewifoɔ no, na fa wɔn ma ɔsɔfoɔ Aaron sɛ nʼaboafoɔ. 7Wɔbɛyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ama ɔsɔfoɔ Aaron ne nnipa no nyinaa. 8Afei, wɔbɛhwɛ nneɛma a wɔde siesie Ahyiaeɛ Ntomadan mu no so, de asi Israelfoɔ no no anan mu ayɛ asodie a wɔyɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 9Fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mmammarima; wɔn ne Israelfoɔ a wɔde wɔn bɛma no korakora. 10Ma Aaron ne ne mmammarima no nsom sɛ asɔfoɔ; onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛne kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.”

11Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 12“Mayi Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ no mu de wɔn asi Israel babaa biara abakan a ɔyɛ ɔbarima anan mu. Lewifoɔ no yɛ me dea, 13ɛfiri sɛ abakan biara wɔ me. Ɛberɛ a mekunkum mmakan wɔ Misraim no, megyaa Israel mmakan, sɛ wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade.”

14Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai ɛserɛ so sɛ, 15“Kan Lewifoɔ no wɔ wɔn mmusua ne afie mu. Kan ɔbarima biara firi deɛ wadi bosome baako so.” 16Enti Mose kanee wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.

17Yeinom ne Lewi mmammarima:

Gerson, Kohat ne Merari.

18Gerson asefoɔ nie:

Libni ne Simei.

19Kohat asefoɔ:

Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.

20Merari asefoɔ:

Mahli ne Musi.

Yeinom ne Lewifoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn afie teɛ.

21Gerson asefoɔ no na wɔyɛ mmusua a wɔfiri Libni ne Simei ase.

22Na Gersonfoɔ mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa a wɔfiri Gerson mmusua mu no dodoɔ yɛ mpem ahanson ne ahanum (7,500).

23Wɔn atenaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no akyi wɔ atɔeɛ fam.

24Na Gersonfoɔ no ntuanoni ne Lael babarima Eliasaf.

25Saa mmusuakuo mmienu yi na na wɔhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ne nkataho no ne ɛkwan nsɛnanotam no so. 26Afei, na wɔhwɛ adihɔ nsɛnanotam a ɛtwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho ne afɔrebukyia ne adihɔ nsɛnanotam, nhoma ne ɛhɔ nneɛma a wɔde di dwuma ahodoɔ no nyinaa so.

27Kohat asefoɔ yɛ mmusua a wɔfiri Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ase.

28Na Kehat mmusua no mu mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe ne ahansia (8,600).

Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea mu hɔ so.

29Wɔmaa wɔn atenaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anafoɔ fam.

30Na Kohatfoɔ ntuanoni no ne Usiel babarima Elisafan.

31Saa mmusua ɛnan yi na na wɔhwɛ apam adaka, ɛpono, kaneadua, afɔrebukyia hodoɔ, ne deɛ ɛkeka ho a na wɔde di dwuma wɔ kronkronbea hɔ, mfimfini ntwamutam ne nneɛma a wɔde di dwuma ahodoɔ wɔ hɔ nyinaa no so.

32Aaron babarima ɔsɔfoɔ Eleasa no na na ɔyɛ ɔpanin wɔ Lewifoɔ no nyinaa so. Ɔyɛɛ no panin wɔ asɔfoɔ a wɔhwɛ kronkronbea no so.

33Na Merari asefoɔ no yɛ mmusua a wɔfiri Mahli ne Musi ase.

34Merarifoɔ mmusua no mu na mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa dodoɔ yɛ mpem nsia ne ahanu (6,200).

35Merari abusua no ntuanoni ne Abihail babarima Suriel,

na wɔtenaa Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam.

36Dwumadie a wɔde hyɛɛ saa mmusuakuo mmienu yi nsa ne sɛ, wɔbɛhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no nnyinasoɔ so. Afei, wɔbɛhwɛ mmeamu nnua, mpunan, nsisisoɔ ne ɛho nneɛma a wɔde di dwuma nyinaa. 37Afei, mpunan a ɛwɔ adihɔ hɔ nyinaa ne ne nsisisoɔ, mpɛɛwa, ne ntampehoma nyinaa, wɔbɛhwɛ so.

38Ahyiaeɛ Ntomadan no apueeɛ fam, deɛ owia pue firi no, wɔgya maa Mose ne Aaron ne ne mmammarima sɛ wɔnsisi wɔn ntomadan wɔ hɔ.

Saa nnipa yi na na wɔsi Israelfoɔ no anan mu di Ahyiaeɛ Ntomadan no ho dwuma nyinaa.

Onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, wɔbɛkum no.

39Lewifoɔ a Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ a ɔbarima biara a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa ka ho no dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu (22,000).

40Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kan Israelfoɔ mmakan a wɔyɛ mmarima na wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa no, na twerɛ wɔn edin. 41Lewifoɔ no bɛyɛ me dea. Ma wɔnsi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan mu, na Lewifoɔ nyɛmmoa mmakan nsi Israelfoɔ nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade.”

42Enti Mose kanee Israelfoɔ mmakan nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no. 43Mmammarima mmakan a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa no a ɔtwerɛɛ wɔn edin no ano si mpem aduonu mmienu ahanu ne aduɔson mmiɛnsa (22,273).

44Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 45“Ma Lewifoɔ nsi Israelfoɔ mmakan ananmu. Na Lewifoɔ nyɛmmoa mmakan nso nsi Israelfoɔ nyɛmmoa mmakan ananmu. Lewifoɔ yɛ me dea. Mene Awurade. 46Ansa na mobɛgye Israelfoɔ mmakan ahanu aduɔson mmiɛnsa no a wɔboro Lewifoɔ no dodoɔ so no, 47momma wɔntua tiadeɛ, sɛdeɛ hyiadan mu nnwetɛbena teɛ, a emu duru yɛ gram aduonum nson. 48Fa tiadeɛ sika no ma Aaron ne ne mma.”

49Enti Mose gyegyee Israelfoɔ ahanu aduɔson mmiɛnsa a na wɔboro Lewifoɔ no dodoɔ so no tiadeɛ. 50Sika a wɔgyegyeeɛ no nyinaa ano sii dwetɛ kilogram dunum ne fa. 51Na Mose de maa Aaron ne ne mmammarima sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.