民数记 26 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 26:1-65

第二次人口统计

1瘟疫过后,耶和华对摩西亚伦祭司的儿子以利亚撒说: 2“你们要统计以色列全体会众,按宗族登记所有二十岁以上、有作战能力的男子。” 3摩西以利亚撒祭司就在约旦河边、耶利哥对面的摩押平原对以色列人说: 4“你们要按照耶和华的吩咐统计二十岁以上的男子。”

以下是从埃及出来的以色列人。

5以色列的长子是吕便吕便的子孙有哈诺族、法路族、 6希斯伦族和迦米族, 7共登记了四万三千七百三十人。 8法路的儿子是以利押9以利押的儿子是尼姆利大坍亚比兰大坍亚比兰原是会众所推选的首领,他们与可拉一伙一起反叛摩西亚伦,反叛耶和华, 10以致大地裂开将他们全部吞了下去,当时大火还烧灭了二百五十人——成了后人的警戒。 11然而,可拉的子孙没有被灭绝。

12西缅的子孙有尼姆利族、雅悯族、雅斤族、 13谢拉族和扫罗族, 14共登记了两万二千二百人。

15迦得的子孙有洗分族、哈基族、书尼族、 16阿斯尼族、以利族、 17亚律族和亚列利族, 18共登记了四万零五百人。

19犹大的儿子俄南死在迦南20犹大的子孙有示拉族、法勒斯族、谢拉族。 21法勒斯的子孙有希斯伦族和哈姆勒族。 22这些是犹大各宗族,共登记了七万六千五百人。

23以萨迦的子孙有陀拉族、普瓦族、 24雅述族和伸仑族, 25共登记了六万四千三百人。

26西布伦的子孙有西烈族、以伦族和雅利族, 27共登记了六万零五百人。

28约瑟的儿子有玛拿西以法莲29玛拿西的子孙有玛吉族和基列族。基列玛吉的儿子。 30基列的子孙有伊以谢族、希勒族、 31亚斯烈族、示剑族、 32示米大族和希弗族。 33希弗的儿子西罗非哈没有儿子,只有女儿玛拉挪阿曷拉密迦得撒34这些是玛拿西各宗族,共登记了五万二千七百人。

35以法莲的子孙有书提拉族、比结族和他罕族。 36书提拉的子孙有以兰族。 37这些是以法莲各宗族,共登记了三万二千五百人,都是约瑟的子孙。

38便雅悯的子孙有比拉族、亚实别族、亚希兰族、 39书反族和户反族。 40比拉的子孙有亚勒族和乃幔族。 41这些是便雅悯各宗族,共登记了四万五千六百人。

42的子孙有书含族, 43共登记了六万四千四百人。

44亚设的子孙有音拿族、亦施韦族和比利亚族。 45比利亚的子孙有希别族和玛结族。 46亚设的女儿名叫西拉47这些是亚设各宗族,共登记了五万三千四百人。

48拿弗他利的子孙有雅薛族、沽尼族、 49耶色族和示冷族, 50共登记了四万五千四百人。

51登记的以色列男子共有六十万一千七百三十人。

52耶和华对摩西说: 53“你要按着各支派登记的人数把土地分给他们作产业; 54人数多的多分产业,人数少的少分产业,要按登记的人数分配。 55以色列人要按各自的支派抽签分地,承受产业。 56无论大小支派,都要用抽签的方法分配产业。”

57利未的子孙有革顺族、哥辖族和米拉利族。 58立尼族、希伯仑族、玛利族、姆示族和可拉族也是利未的子孙。哥辖暗兰59暗兰的妻子叫约基别,是利未女子,出生在埃及。她给暗兰生了亚伦摩西和他们的姐姐米利暗60亚伦拿答亚比户以利亚撒以他玛61拿答亚比户因用凡火向耶和华献祭而被击杀。 62利未人中一个月以上的男性共登记了两万三千人,他们的人数没有登记在以色列人中,因为他们在以色列人中不分产业。

63以上是摩西以利亚撒祭司在约旦河边、耶利哥对面的摩押平原统计的人数, 64其中没有一个是摩西和祭司亚伦从前在西奈旷野登记的人。 65因为耶和华说过,那批人都要死在旷野。果然,除了耶孚尼的儿子迦勒的儿子约书亚以外,上次登记的人无一存活。

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 26:1-65

Israel Nnipakan A Ɛto So Abien

1Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar se, 2“Monkan Israelfo mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodow a wobetumi akɔ ɔsa ama Israel wɔ abusua biara mu.” 3Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔatra Yeriko no se, 4“Monkan mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.”

Eyinom ne Israelfo a wofi Misraim bae no:

Ruben Abusuakuw

5Eyinom ne Yakob babarima panyin Ruben asefo:

Hanokfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok;

Palufo abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu;

6Hesronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron;

Karmifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi.

7Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan abiɛsa ahanson aduasa (43,730).

8Na Palu yɛ Eliab babarima, 9na Eliab mmabarima ne Nemuel, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofo a wɔka Kora akyidifo a wɔyɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtiaa no ho. 10Na asase mu bue menee wɔne Kora. Ogya fi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifo ahannu aduonum. Na wɔyɛɛ kɔkɔbɔ nsɛnkyerɛnne. 11Nanso Kora ase antɔre.

Simeon Abusuakuw

12Eyinom ne mmusua a wofi Simeon ase:

Nemuelfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel.

Yaminfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin.

Yakinfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin.

13Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah;

Saulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo.

14Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahannu (22,200).

Gad Abusuakuw

15Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Gad asefo:

Sefonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon;

Hagifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi;

Sunifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni;

16Osnifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni;

Erifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri;

17Arodfo abusua, wɔde too wɔn agya Arod;

Arelifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli.

18Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodow yɛ mpem aduanan ne ahannum (40,500).

Yuda Abusuakuw

19Na Yuda wɔ mmabarima baanu a wɔn din de Er ne Onan a wowuwuu wɔ Kanaan asase so.

20Yuda asefo mmusua a edidi so yi:

Selafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela;

Peresfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres;

Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.

21Eyinom ne mmusua a wofi Peres ase.

Hesronfo abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron;

Hamulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul.

22Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduɔson asia ne ahannum (76,500).

Isakar Asefo

23Eyinom ne mmusua a wofi Isakar ase:

Tolafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola;

Puwafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa;

24Yasubfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub;

Simronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron.

25Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahaasa (64,300).

Sebulon Asefo

26Eyinom ne mmusua a wofi Sebulon ase:

Seredfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered;

Elonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon.

Yakleefo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel.

27Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia ne ahannum (60,500).

Manase Abusuakuw

28Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua abien fii Yosef mu bae.

29Manase asefo:

Makirfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir;

Gileadfo abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead.

30Eyinom ne mmusua a wofi Gileadfo ase:

Yeserfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser;

Helekfo abusua, wɔde too wɔn agya Helek.

31Asrielfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel;

Sekemfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem;

32Semidafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida;

Heferfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer.

33Hefer babarima Selofehad annya mmabarima nanso na ɔwɔ mmabea a wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

34Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodow yɛ mpem aduonum abien ne ahanson (52,700).

Efraim Abusuakuw

35Eyinom ne mmusua a wofi Efraim ase:

Sutelafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela;

Bekerfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker;

Tahanfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan.

36Eyinom ne Sutela asefo:

Eranfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran.

37Eyinom Efraim mmusua; wɔn dodow yɛ mpem aduasa abien ne ahannum (32,500).

Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Yosef asefo.

Benyamin Abusuakuw

38Eyinom ne mmusua a wofi Benyamin ase.

Belafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela;

Asbelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel;

Ahiramfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram;

39Sufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam;

Hufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam.

40Eyinom ne mmusua a wofi Belafo mu;

Ardfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Ard;

Naamanfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Naaman.

41Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahansia (45,600).

Dan Abusuakuw

42Eyi ne abusua a efi Dan ase.

Suhamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham.

Na Dan asefo no nyinaa yɛ Suhamfo. 43Mmarima a na wɔwɔ saa mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahannan (64,400).

Aser Abusuakuw

44Eyinom ne mmusua a wofi Aser ase:

Yimnafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna;

Isuifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui;

Beriafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria.

45Eyinom ne mmusua a wofi Beria ase:

Heberfo de wɔn ho too wɔn tete agya Heber;

Malkielfo de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel.

46Na Aser wɔ ɔbabea bi a ne din de Sera.

47Mmarima a na wɔyɛ Aser asefo no nyinaa dodow yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400).

Naftali Abusuakuw

48Eyinom ne mmusua a wofi Naftali ase:

Yakseelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel;

Gunifo abusua no, wɔde too wɔn agya Guni;

49Yeserfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser;

Silemfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem.

50Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahannan (45,400).

Nnipa Dodow A Wɔkan Wɔn

51Nnipa dodow a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa (601,730).

52Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 53“Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn dodow te. 54Ma abusua a ɛso no agyapade kɛse na abusua a esua no agyapade ketewa. 55Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Nea ɛsɛ sɛ kuw biara nya no begyina nʼagyanom abusuakuw din dodow so. 56Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapade no kyekyɛ so wɔ akuw akɛse ne nketewa no mu.”

57Eyinom ne Lewifo a wɔnam wɔn mmusua so kan wɔn:

Wɔde Gersonfo too wɔn tete agya Gerson.

Wɔde Kohatfo too wɔn tete agya Kohat.

Wɔde Merarifo too wɔn tete agya Merari.

58Eyinom nso yɛ Lewifo mmusua:

Libnifo,

Hebronfo,

Mahlifo,

Musifo ne

Korafo.

Kohat yɛ Amram tete agya. 59Bere a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabea a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam. 60Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar. 61Nanso, bere a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wowuwui.

62Nnipakan no mu no, na Lewifo nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abiɛsa (23,000). Wɔkan mmarima a wɔadi fi ɔsram kosi mpanyimfo so. Nanso, wɔammu Lewifo no ano anka Israel nnipakan no ho, efisɛ wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuw no, wɔamma Lewifo no bi.

63Enti sɛnea Mose ne ɔsɔfo Eleasar fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔw a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a na wɔatwa Yeriko ne no. 64Na saa nnipa yi mu biara nni hɔ a ɔfra wɔn a Mose ne Aaron kan wɔn wɔ Sinai sare so no mu. 65Efisɛ Awurade ka kyerɛɛ saa Israelfo no se wobewuwu wɔ sare no so. Anka wɔn mu biara, gye Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.