民数记 25 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 25:1-18

以色列人被诱犯罪

1以色列人驻扎在什亭期间,有些人与摩押女子行淫。 2那些女子邀他们参加祭祀,他们吃了祭物,并跪拜她们的神明, 3结果使以色列巴力·毗珥苟合。耶和华大怒, 4摩西说:“把为首的人都抓起来,当着我的面在大白天处死他们,以消除我对以色列人的怒气。” 5于是,摩西以色列的审判官说:“你们各自把权下与巴力·毗珥苟合的人处死。”

6摩西以色列全体会众正在会幕门口痛哭的时候,有个以色列人当着他们的面把一个米甸女子带进自家的帐篷。 7亚伦祭司的孙子、以利亚撒的儿子非尼哈看见了,便起身离开会众,拿着矛枪, 8跟着进入那人的帐篷,一枪刺透那对男女的腹部。以色列人当中的瘟疫马上止住了, 9但已有两万四千人死于瘟疫。

10耶和华对摩西说: 11亚伦祭司的孙子、以利亚撒的儿子非尼哈消了我对以色列人的怒气。因为在会众中他与我一样痛恨不贞,我才没有在烈怒中消灭他们。 12你告诉他,我要赐给他平安的约, 13使他和他的后代凭此约可以永远做祭司,因为他为我除掉了不贞之人,为以色列人赎了罪。”

14米甸女子一同被杀的以色列人名叫心利,是撒路的儿子,是西缅支派的一个族长。 15被杀的米甸女子名叫哥斯比,她父亲苏珥米甸人的一个族长。 16耶和华对摩西说: 17“你要攻打米甸人,击杀他们。 18因为他们心存敌意,在毗珥陷害你们,他们的姊妹——米甸首领的女儿哥斯比诱惑你们,她在毗珥事件招来瘟疫之日被杀。”

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 25:1-18

Moabfoɔ Daadaa Israelfoɔ

1Ɛberɛ a Israelfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ Sitim no, wɔn mu mmarima no bi hyɛɛ aseɛ ne Moab mmabaawa no bɔɔ adwaman de guu wɔn ho fi. 2Saa mmabaawa yi too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra wɔn afɔdeɛ a wɔbɔ ma wɔn anyame no ase. Ankyɛre biara, mmarima no kɔɔ wɔn apontoɔ ase na wɔsomm Moab anyame. 3Ɛberɛ tiawa bi akyi, Israelfoɔ no nyinaa kɔsom Baal-peor a ɔyɛ Moabfoɔ nyame. Yei maa Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ no yie.

4Ɔhyɛɛ saa mmara yi maa Mose sɛ, “Kunkum mpanimfoɔ a wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no nyinaa. Sɛn wɔn wɔ Awurade anim awia ketee sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabufuo a ano yɛ den no bɛfiri wɔn so.”

5Enti, Mose hyɛɛ atemmufoɔ no ma wɔkunkumm wɔn a wɔsomm Baal-peor no nyinaa.

6Nanso, Israelni ɔhantanni bi de Midiani ababaawa bi baa wɔn atenaeɛ hɔ maa Mose ne nnipa no nyinaa hunuu no ɛberɛ a na wɔn nyinaa gyina Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono akyi retwa adwo no. 7Ɛberɛ a Pinehas a ɔyɛ Eleasa babarima a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ Aaron nana hunuu yei no, ɔhuri sɔɔ pea mu 8taa saa ɔbarima no so de no kɔwuraa ne ntomadan mu baabi a ɔfaa ɔbaa no. Ɔde pea no wowɔɔ ɔbarima no sane de wɔɔ ɔbaa no yafunu mu. Enti, ɔhaw no to twaa wɔ Israelfoɔ no mu, 9nanso ɛkɔsi saa ɛberɛ no, na nnipa mpem aduonu ɛnan awuwu dada.

10Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 11“Eleasa babarima Pinehas a ɔyɛ ɔsɔfoɔ Aaron nana adwodwo mʼabufuo ano, ɛfiri sɛ, ɔbɔɔ mmɔden te sɛ me ara wɔ mʼanimuonyam ho, enti sɛdeɛ meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛsɛe Israelfoɔ nyinaa no, magyae. 12Enti ka kyerɛ no sɛ, me ne no rebɛyɛ asomdwoeɛ apam. 13Saa apam yi mu, ɔno ne nʼasefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ afebɔɔ, ɛfiri sɛ watwe me, ne Onyankopɔn, ho ninkunu wɔ Israelfoɔ mu de ayɛ mpata ama wɔn.”

14Ɔbarima a wɔkumm no ne Midiani ababaawa no, na ne din de Simri a na ɔyɛ Salu a ɔtua Simeon abusuakuo ano no babarima. 15Ɔbaa no nso, na ne din de Kosbi a na ɔyɛ Midianhene babarima Sur babaa.

16Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 17“To hyɛ Midianfoɔ no so na sɛe wɔn, 18ɛfiri sɛ, wɔfaa mo sɛ atamfoɔ, na wɔdaadaa mo ma mosomm Baal-peor, ne Kosbi a ɔyɛ Midian ntuanoni babaa a wɔkumm no wɔ Peor ɔyaredɔm ɛda no.”