民数记 22 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 22:1-41

摩押王召巴兰

1以色列人继续前行,抵达约旦河东岸的摩押平原,在耶利哥对面安营。 2西拨的儿子摩押巴勒及其人民得知以色列人杀败了亚摩利人, 3又见他们人多势众,都惊恐万状, 4米甸的长老说:“这群人将吞掉我们周围的一切,如同牛吃光田间的草一样。”那时,西拨的儿子巴勒摩押王。 5他差遣使者到幼发拉底河附近的毗夺——比珥的儿子巴兰的家乡,去召巴兰。他让使者带去的信息是:“有一个民族从埃及铺天盖地而来,就住在我对面。 6他们比我强大,求你为我咒诅他们。这样,我也许就能击败他们,把他们赶走。我知道你祝福谁,谁就蒙福;你咒诅谁,谁就遭祸。”

7摩押米甸的长老们带着占卜的礼金去见巴兰,把巴勒的话转告他。 8巴兰说:“你们今夜住在这里,我必照耶和华的旨意回复你们。”摩押的使臣就在巴兰那里住下。 9晚上,上帝来问巴兰:“住在你这里的是谁?” 10巴兰回答说:“他们是摩押西拨的儿子巴勒派来的使臣, 11前来告诉我说,‘有一个民族从埃及铺天盖地而来。请你去咒诅那民族,这样巴勒王或许能击败他们,把他们赶走。’” 12上帝对巴兰说:“你不可跟他们去,也不可咒诅那民族,因为那民族是蒙福的。”

13第二天清早,巴兰巴勒的使臣说:“你们回去吧,耶和华不准我跟你们去。” 14摩押的使臣回去对巴勒说:“巴兰不肯跟我们来。” 15巴勒又派去更多、更尊贵的使臣。 16他们到了巴兰那里,对他说:“西拨的儿子巴勒请你务必去一趟, 17他必有重赏。你要什么都可以,只求你去为他咒诅那民族。” 18巴兰回答说:“巴勒就是把他满屋的金银都给我,我也不能在任何事上违背我的上帝耶和华的命令。 19你们可以在这里过夜,看看耶和华对我还有什么吩咐。” 20当夜,上帝来对巴兰说:“这些人既然来请你,你就跟他们去吧,但你只可照我说的做。” 21巴兰清早起来,备好驴,跟摩押的使臣去了。

上帝拦阻巴兰

22巴兰这一去,激怒了上帝。巴兰骑着驴,带着两个仆人正走在途中,耶和华的天使拦住他的去路。 23驴看见耶和华的天使持刀拦在路上,就离开大路,跑进田间。巴兰鞭打它,要它回到路上。 24耶和华的天使又站在葡萄园之间的一条窄路上,两边都是墙。 25驴看见耶和华的天使,就靠着墙边走,将巴兰的脚挤伤了。巴兰又鞭打它。 26耶和华的天使又走到前面,站在狭窄之处,两边都无侧身通过的余地。 27驴看见耶和华的天使,就卧在地上,巴兰大怒,便用杖打它。 28耶和华使驴开口对巴兰说:“我做错了什么,你竟打我三次!” 29巴兰说:“因为你戏弄我。如果我手中有刀,早就把你宰了!” 30驴对巴兰说:“我是你从小就骑的驴,我可曾这样对你?”巴兰说:“没有。”

31那时,耶和华开了巴兰的眼,他才看见耶和华的天使持刀拦在路上,便俯伏在地。 32耶和华的天使对他说:“你为何三次打你的驴?我特意来阻挡你,因为你走的路在我眼中是邪路。 33你的驴看见我,一连躲避了三次,驴若没有躲开,我早已杀了你,只放过驴。” 34巴兰对耶和华的天使说:“我有罪了,我不知道是你拦在路上。如果你反对我去,我就回去。” 35耶和华的天使说:“跟这些人去吧,但你只许按我的指示说话。”于是,巴兰巴勒的使臣去了。

36巴勒听见巴兰来了,就来到边界尽头、亚嫩河边的摩押城迎接他。 37巴勒巴兰说:“上次派人请你,你为何不肯来?难道我不能给你重赏吗?” 38巴兰说:“现在我已经来了,但我不能随便发言,只能按上帝的指示说话。” 39巴兰巴勒一同来到基列·胡琐40巴勒宰牛杀羊赏给巴兰和随行的臣仆。 41次日清晨,巴勒巴兰上到巴力巴末22:41 巴力巴末”希伯来文是“巴力的高岗”之意。,从那里可以看到一部分以色列人。

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 22:1-41

Balak Frɛ Balaam

1Afei, Israelfoɔ no kɔɔ Moab tata so kɔtenaa Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a ɛhɔ ne Yeriko di nhwɛanimu no.

2Sipor babarima Moabhene Balak hunuu deɛ Israelfoɔ ayɛ Amorifoɔ. 3Ɛberɛ a ɔhunuu Israelfoɔ dodoɔ a wɔwɔ hɔ no, ɔne ne nkurɔfoɔ bɔɔ huboa.

4Ntɛm ara, wɔne Midian mpanimfoɔ tuu agyina. Wɔkaa sɛ, “Saa dɔm yi bɛwe biribiara a wɔhunu sɛdeɛ nantwie we serɛ.”

Enti, Moab ɔhene Balak 5somaa nnipa ma wɔkɔɔ Beor babarima Balaam nkyɛn wɔ Petor a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate ho. Ɔsrɛɛ Balaam sɛ ɔmmɛboa no.

Ɔkaa sɛ, “Nnipadɔm bi firi Misraim aba. Wɔkata asase ani nyinaa na wɔrehunahuna me. 6Mɛsrɛ wo, bra na bɛdome wɔn ma me, ɛfiri sɛ wɔdɔɔso dodo. Ebia metumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afiri asase no so. Na menim nhyira a ɛba wɔn a wohyira wɔn no so, ɛnna menim musuo a ɛba wɔn a wodome wɔn so.”

7Nnipa a ɔsomaa wɔn no yɛ atitire a wɔfiri Moab ne Midian. Wɔfaa sika sɛ wɔde rekɔtua Balaam ka ama wadome Israelfoɔ. Enti wɔkɔɔ Balaam nkyɛn kɔkaa deɛ ɛhia Balak kyerɛɛ no.

8Balaam kaa sɛ, “Monna ma adeɛ nkye mo. Adeɛ kye a, deɛ Awurade bɛkyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛka akyerɛ mo.” Enti wɔdaeɛ.

9Anadwo no, Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Saa nnipa yi yɛ ɛhefoɔ?”

10Ɔbuaa sɛ, “Wɔfiri Moabhene Balak nkyɛn. 11Na nnipadɔm bi firi Misraim aba ne hyeɛ so, na ɔpɛ sɛ mekɔ hɔ ntɛm so na mekɔdome wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi adi wɔn so.”

12Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɔ. Ɛnsɛ sɛ wodome wɔn, ɛfiri sɛ, mahyira wɔn!”

13Adeɛ kyeeɛ no, anɔpa, Balaam ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Monsane nkɔ fie! Awurade rempene mma mennyɛ saa.”

14Enti, ɔhene Balak ananmusifoɔ no sane wɔn akyi bɛbɔɔ amaneɛ sɛ ɔse ɔremma.

15Balak sɔ hwɛɛ bio. Saa ɛberɛ no deɛ, ɔsomaa nnipa dodoɔ pa ara a animuonyamfoɔ a wɔkyɛn kane dɔm no fra wɔn mu. 16Wɔbaa Balaam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ,

“Ɔhene Balak se ɔsrɛ wo sɛ bra. 17Ɔbɛhyɛ wo animuonyam na sika biara a wɔbɛgye no no nso, ɔbɛtua. Ka sika a wobɛgye! Ɔse, wo deɛ, bra na bɛdome saa nnipa no ma yɛn.”

18Nanso, Balaam buaa sɛ, “Sɛ ɔma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ no ma tɔ koraa a, merentumi nyɛ biribiara mmu saa ahyɛdeɛ a Awurade a ɔyɛ me Onyankopɔn no ahyɛ no so. 19Nanso, monna ha ma adeɛ nkye na yɛnhwɛ sɛ Awurade bɛka asɛm foforɔ bi aka deɛ waka dada no ho anaa.”

20Anadwo no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Sɔre na wo ne saa nnipa no nkɔ na mmom, hwɛ yie na yɛ deɛ mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no nko ara.”

21Adeɛ kyee anɔpa no, ɔhyehyɛɛ nʼafunumu, tenaa ne so ne wɔn hyɛɛ aseɛ kɔeɛ. 22Nanso, Onyankopɔn bo fuu Balaam ahopere a ɔde kɔeɛ no; enti ɔsomaa ɔsoro Awurade ɔbɔfoɔ kɔgyinaa akwantemfi sɛ ɔnkum no wɔ hɔ. Ɛberɛ a Balaam ne asomfoɔ baanu rekorɔ no, 23prɛko pɛ, Balaam afunumu no hunuu Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ ɔkura sekan gyina ɛkwan no mfimfini. Aboa no kwae faa wiram nanso Balaam kaa ne so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛfa ɛkwan mu.

24Baabi a na Awurade ɔbɔfoɔ no gyina hɔ no yɛ bobefuo afasuo mmienu ntam. 25Ɛberɛ a afunumu no hunuu Awurade ɔbɔfoɔ no, ɔde ne ho twee ɔfasuo no ho maa Balaam nan pɛkyɛeɛ. Nanso, Balaam kɔɔ so hwee aboa no bio.

26Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no kɔɔ ɛkwan no anafoɔ kɔgyinaa baabi a ɛhɔ kyere pa ara a na afunumu no nnya baabi mfa. 27Enti, ɔbutuu ɛkwan no mu. Balaam de abufuo kaa aboa no mmaa. 28Afei, Awurade hyɛɛ afunumu no ma ɔkasaeɛ! Ɔbisaa ne wura no sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ enti a ɛsɛ sɛ wohwe me mprɛnsa?”

29Balaam nso buaa no sɛ, “Ɛfiri sɛ, woama masɛ ɔkwasea. Na sɛ mekura sekan a, anka mɛkum wo.”

30Afunumu no nso bisaa no sɛ, “Me ne wo tenaeɛ yi, mayɛ sei pɛn?”

Ne wura no buaa sɛ, “Dabi.”

31Afei, Awurade buee Balaam ani ma ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ no sɛ watwe sekan gyina ɛkwan no mfimfini enti ɔkɔbutuu nʼanim.

32Awurade ɔbɔfoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wohwe wʼafunumu no mprɛnsa saa? Maba sɛ merebɛka ama woagyae, ɛfiri sɛ, worepɛ adeɛ asɛe. 33Afunumu no hunuu me mprɛnsa a emu biara ɔkwae faa baabi; anyɛ saa a, anka mɛkum wo na magyaa no.”

34Afei, Balaam ka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Mafom. Na mennim sɛ wowɔ hɔ. Sɛ wompɛ sɛ metoa mʼakwantuo no so deɛ a, meresane akɔ efie.”

35Nanso, Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne nnipa no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no nko na ka.” Enti Balaam ne wɔn kɔeɛ.

36Ɛberɛ a ɔhene Balak tee sɛ Balaam reba no, ɔfirii kuro no mu kɔhyiaa no Asubɔnten Arnon ho wɔ ne hyeɛ so. 37Ɔbisaa Balaam sɛ, “Adɛn enti na wokyɛɛ saa? Anaasɛ, mehyɛɛ wo bɔ sɛ mɛhyɛ wo animuonyam no na wonnye nni?”

38Balaam buaa sɛ, “Ɛwom sɛ maba deɛ, nanso menni tumi biara a mɛka asɛm biara agye asɛm a Onyankopɔn bɛka akyerɛ me sɛ menka no nko na mɛka.”

39Balaam kaa ɔhene no ho ne no kɔɔ Kiria-Husot, 40baabi a ɔhene Balak de anantwie ne nnwan bɔɔ afɔdeɛ na ɔde mmoa no bi maa Balaam ne ne mpanimfoɔ sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ no. 41Adeɛ kyee anɔpa no, Balak faa Balaam de no kɔɔ Bamot-Baal atifi. Ɔfiri hɔ too nʼani hunuu sɛ Israelfoɔ no sam aseɛ hɔ.