撒迦利亚书 7 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒迦利亚书 7:1-14

呼吁公义和怜悯

1大流士王四年九月,即基斯流月四日,耶和华的话传给了撒迦利亚2那时,伯特利人差遣沙利色利坚米勒及其随从去向耶和华求恩。 3他们问万军之耶和华殿里的祭司和先知:“我们还要照多年的惯例在五月哀伤、禁食吗?”

4万军之耶和华的话传给了我,说: 5“你要对境内的民众和祭司说,‘七十年来,你们在五月和七月禁食、哀伤,难道真的是为了我吗? 6你们吃喝,难道不是为自己吃、为自己喝吗? 7这些不是耶和华借从前的先知所宣告的吗?当时耶路撒冷和周围的城邑人口兴盛、繁荣,南地和丘陵都有人居住。’”

8耶和华的话又传给了撒迦利亚,说: 9“万军之耶和华曾对你们的祖先说,‘要秉公行义,彼此以慈爱和怜悯相待。 10不可欺压寡妇、孤儿、寄居者和穷人,不可设阴谋彼此相害。’ 11他们却不理会,背过身去,充耳不闻, 12心如铁石,不遵从律法,也不遵从万军之耶和华借着祂的灵指示从前的先知所说的话。因此,万军之耶和华非常愤怒。 13祂说,‘我曾呼唤他们,他们不听;将来他们呼求我,我也不听。 14我要用旋风把他们吹散到陌生的万国中,使他们的土地荒凉、杳无人迹,因为他们使美好的土地一片荒凉。’”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Sakaria 7:1-14

Atɛntrenee Ne Ahummɔbɔ Na Ɛnyɛ Mmuadadi

1Ɔhene Dario adedi mfe anan so no, Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn ɔsram a ɛto so akron a wɔfrɛ no Kislev no da ɛto so anan no mu. 2Na Bet-Elfo asoma Sareser ne Regem-Melek ne wɔn mmarima sɛ wɔnkɔsrɛ Awurade. 3Wɔmfa asɔfo a wɔwɔ Asafo Awurade fi ne adiyifo so mmisa se, “Menkɔ so ntwa adwo, nni mmuada wɔ ɔsram a ɛto so anum no mu, sɛnea mayɛ no mfe bebree a atwa mu no ana?”

4Afei Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 5“Bisa asase no so nnipa nyinaa ne asɔfo no se, ‘Mfe aduɔson a atwam no, sɛ mudii mmuada na mutwaa adwo wɔ asram anum ne ason so no, na ɛyɛ ampa sɛ me nti na mudi mmuada no ana? 6Bere a mudidi na monom no, na ɛnyɛ mo ara na moyɛ de gye mo ani ana? 7Ɛnyɛ saa nsɛm yi ara na Awurade faa kan adiyifo so paee mu kae, wɔ bere a Yerusalem ne nkurow a atwa ne ho ahyia no wɔ asomdwoe ne nkɔso no, bere a na nnipa akɔtena Negeb ne atɔe fam nkoko no so ana?’ ”

8Na Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn bio: 9“Sɛɛ na Asafo Awurade se, ‘Mummu atɛn a ɛyɛ nokware na munnya ahummɔbɔ ne ayamhyehye mma mo ho mo ho. 10Monnhyɛ akunafo, ayisaa, ahɔho ne ahiafo so. Monnnwene bɔne mo koma mu mma mo ho mo ho.’

11“Nanso wɔantie; wɔde asoɔden dan wɔn akyi na wosisiw wɔn aso. 12Wɔyɛɛ wɔn koma den sɛ ɔtwɛrebo, na wɔantie mmara anaa nsɛm a Asafo Awurade nam ne Honhom so de somaa kan adiyifo no. Ɛno nti, Asafo Awurade bo fuw yiye.

13“ ‘Mefrɛe no, wɔannye me so, enti wɔfrɛ a merennye wɔn so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni. 14‘Mede mfɛtɛ bɔɔ wɔn petee aman nyinaa so ma wɔkɔyɛɛ ahɔho wɔ hɔ. Asase a wogyaw no daa mpan a obiara ntwa mu wɔ hɔ. Sɛɛ na wɔyɛ maa asase fɛfɛɛfɛ no sɛee.’ ”