撒迦利亚书 3 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒迦利亚书 3:1-10

约书亚大祭司

1耶和华又让我看见约书亚大祭司站在祂的天使面前,撒旦站在约书亚的右边要控诉他。 2耶和华对撒旦说:“撒旦啊,耶和华斥责你!拣选耶路撒冷的耶和华斥责你!这人岂不像从火中抽出来的一根柴吗?” 3那时,约书亚穿着污秽的衣服站在天使面前。 4天使对侍立在周围的说:“脱掉他污秽的衣服。”他又对约书亚说:“看啊,我已除掉你的罪,我要给你穿上华美的衣服。”

5我说:“要给他戴上洁净的礼冠。”他们便给他戴上洁净的礼冠、穿上华美的衣服。那时,耶和华的天使站在旁边。

6耶和华的天使告诫约书亚7“万军之耶和华说,‘你若遵行我的道,谨守我的吩咐,便可以管理我的家,看守我的院宇。我必让你在这些侍立的天使中间自由出入。 8约书亚大祭司啊,你和坐在你面前的同伴们听着,你们都是将来之事的预兆——我将使我仆人大卫的苗裔兴起。 9看啊,这是我在约书亚面前安置的石头,它有七眼3:9 ”或作“面”。,我要在上面刻上字,并在一天之内除掉这地方的罪。这是万军之耶和华说的。 10到那天,你们将各自邀请邻居坐在葡萄树和无花果树下。这是万军之耶和华说的。’”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Sakaria 3:1-10

Ɔsɔfopanyin Ntade A Ani Tew

1Afei ɔkyerɛɛ me ɔsɔfopanyin Yosua3.1 Yosua: Onipa koro yi ara na wɔbɔ ne din Yesua wɔ Hebri kasa mu wɔ Ɛsra ne Nehemia nhoma mu. Ɛha no, din no gyina hɔ ma nnebɔneyɛfoman Israel (nky. 8-9). a ogyina Awurade bɔfo anim, na Satan gyina ne nifa so rebɛbɔ no sobo. 2Na Awurade ka kyerɛɛ Satan se, “Awurade nka wʼanim, Satan! Awurade a wafa Yerusalem no, nka wʼanim. Saa ɔbarima yi nyɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu ana?”

3Na Yosua hyɛ ntadefi, bere a ogyina ɔbɔfo no anim. 4Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina nʼanim no se, “Munnyi ne ho ntadefi no.”

Afei ɔka kyerɛɛ Yosua se, “Hwɛ, mayi wo bɔne afi wo so, na mede ntade a ɛyɛ fɛ bɛhyɛ wo.”

5Afei mekae se, “Momfa abotiri a ani tew mmɔ ne ti.” Enti wɔde abotiri a ani tew bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atade, bere a Awurade bɔfo no gyina hɔ.

6Na Awurade bɔfo de saa akwankyerɛ yi maa Yosua: 7“Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Sɛ wobɛyɛ osetie ama me na woayɛ mʼapɛde a, ɛno de, wubedi me fi so na woahwɛ mʼabangua so, na mɛma wo baabi atena wɔ nnipa a wogyinagyina ha yi mu.

8“‘Tie, Ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo nkurɔfo a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wogyina hɔ ma nneɛma a ɛrebesisi: Mede me somfo, Dubaa no bɛba. 9Hwɛ, ɔbo a mede asi Yosua anim! Ani ason na etuatua saa ɔbo baako no ho, na mikurukyerɛw biribi wɔ so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni, ‘na mede da koro pɛ bɛpepa asase yi so bɔne.

10“‘Saa da no mo mu biara bɛto nsa afrɛ ne yɔnko ne no akɔtena ne ngodua ne borɔdɔma dua ase,’ sɛnea Asafo Awurade se ni.”