撒迦利亚书 13 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒迦利亚书 13:1-9

1“到那天,必为大卫家和耶路撒冷的居民开一个泉源,洗净他们的罪恶和污秽。

2“到那天,我必铲除地上偶像的名号,使它们被人遗忘;我必除去地上的假先知和污秽的灵。这是万军之耶和华说的。 3若有人再说预言,他的亲生父母必对他说,‘你不得活命,因为你奉耶和华的名说谎。’他说预言的时候,他的亲生父母必把他刺死。 4到那天,先知必因自己所讲的异象而羞愧,不再穿着毛皮衣欺骗人。 5他必说,‘我不是先知,我是农夫,我从小便以种田为生。’ 6若有人问他,‘你胸口上的伤是怎么回事?13:6 异教的先知有用利器自割或自刺的习惯。’他必回答说,‘是在我朋友家弄伤的。’”

牧人被杀

7万军之耶和华说:

“刀剑啊,醒来吧,

要攻击我的牧人和同伴,

要击打牧人,羊群将四散,

我必出手攻击小羊。

8地上三分之二的人必遭铲除、毁灭,

只剩下三分之一的人存活。

这是耶和华说的。

9我必使这三分之一的人受到火一般的考验;

我必像熬炼银子一样熬炼他们,

像试炼金子一样试炼他们。

他们必呼求我的名,

我必回应他们。

我必说,‘这是我的子民。’

他们必说,‘耶和华是我们的上帝。’”

Asante Twi Contemporary Bible

Sakaria 13:1-9

Bɔne Ho Ahodwira

1“Saa ɛda no, wɔbɛtu asubura ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.

2“Saa ɛda no, mɛyi ahoni no din afiri asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛyi adiyifoɔ ne efiyɛ honhom afiri asase no so. 3Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a, agya ne ɛna a wɔwoo saa onipa no bɛka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wowuo, ɛfiri sɛ, wode Awurade din atwa atorɔ.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofoɔ bɛwɔ no sekan.

4“Saa ɛda no, odiyifoɔ biara ani bɛwu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehunu ho. Ɔrenhyɛ odiyifoɔ atadeɛ a wɔde nwi ayɛ, mfa nnaadaa nnipa. 5Ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ okuafoɔ. Na ɛfiri me mmeranteberɛ mu no, asase yi so na menya mʼano aduane.’ 6Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn akuro na ɛwɔ wo ho yi a?’ Ɔbɛbua sɛ, ‘Ɛyɛ akuro a menyaa wɔ me nnamfonom fie.’ ”

Wɔbɔ Odwanhwɛfoɔ No, Na Nnwan No Hwete

7“Sɔre, Ao, akofena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ,

tia onipa a ɔbɛn me!”

Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

“Bɔ odwanhwɛfoɔ no,

na nnwan no bɛbɔ ahwete,

na mɛma me nsa so atia nnwammaa no.

8Asase no so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

“Wɔbɛbɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu mmienu ahwe fam ma wɔawuwu;

na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛka wɔ so.

9Mede nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yi bɛfa ogya mu;

mɛnane wɔn te sɛ deɛ wɔnane dwetɛ,

na masɔne wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ.

Wɔbɛbɔ me din afrɛ me,

na mɛgye wɔn so.

Mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me nkurɔfoɔ,’

na wɔbɛka sɛ, ‘Awurade yɛ yɛn Onyankopɔn.’ ”