撒母耳记下 24 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒母耳记下 24:1-25

大卫统计人口

1耶和华又向以色列人发怒,祂促使大卫来对付他们,让大卫统计以色列犹大的人口。 2大卫对统领军队的约押说:“你去走遍以色列各支派,从别示巴,统计以色列犹大的人口,让我知道国民的数目。” 3约押说:“我主我王,愿你的上帝耶和华使国民增加百倍,让你亲眼看到。但我主我王为什么要统计人口呢?” 4大卫不听约押和其他将领的规劝。他们只好去统计以色列的人数。 5他们过了约旦河,在谷中亚罗珥城南面安营,又经过迦得前往雅谢6然后,他们到基列他停·合示地区、但·雅安,绕到西顿7再去泰尔的堡垒及希未人和迦南人的城邑。最后,他们到了犹大南部的别示巴8他们花了九个月零二十天的时间,走遍全国,最后回到耶路撒冷9约押把统计的人数奏告大卫:“以色列有八十万英勇的刀兵,犹大有五十万。”

10大卫统计了人口以后,内心不安,就对耶和华说:“我做这事犯了大罪。耶和华啊,求你赦免仆人的罪,我做了极其愚昧的事。” 11第二天早上,耶和华对大卫的先见——迦得先知说: 12“你去告诉大卫,耶和华说,‘我有三样灾祸,你可以选择让我降哪一样给你。’” 13迦得就来见大卫,对他说:“你愿意国内有七年饥荒呢?还是被敌人追杀三个月呢?还是国内发生三天瘟疫呢?请你考虑好后告诉我,我好回复那差我来的。” 14大卫说:“我实在为难!不过我宁愿落在耶和华的手中,也不愿落在人的手中,因为耶和华有无限的怜悯。”

15于是,那天早晨,耶和华在以色列降下瘟疫,瘟疫持续了三天,从别示巴共有七万人死亡。 16当天使准备伸手毁灭耶路撒冷的时候,耶和华心生怜悯,就对灭命天使说:“够了,住手吧!”当时,耶和华的天使正站在耶布斯亚劳拿的麦场上。 17大卫看见灭命天使,就对耶和华说:“是我犯了罪,做了恶事,这些百姓有什么过错呢?愿你的手惩罚我和我的家族。”

18就在那天,迦得来见大卫,对他说:“你要去耶布斯亚劳拿的麦场,在那里为耶和华筑一座坛。” 19大卫就照耶和华借迦得所说的话去了亚劳拿的麦场。 20亚劳拿看见王及他的臣仆来了,就上前俯伏在地,向王跪拜, 21说:“我主我王到仆人这里有什么事?”大卫说:“我要买你的麦场,好在这里为耶和华筑一座坛,使百姓当中的瘟疫止住。” 22亚劳拿说:“我主我王喜欢什么,就拿去献祭吧。这里有牛可以作燔祭,还有麦场的工具和牛轭可以作柴。 23王啊,仆人亚劳拿愿意把这一切都献给你,愿你的上帝耶和华悦纳你。” 24王却说:“不可,我一定要出钱买,我不愿意用白白得来之物作为燔祭献给我的上帝耶和华。”大卫就用六百克银子买了亚劳拿的麦场和牛。 25大卫在麦场上为耶和华建了一座坛,献上燔祭和平安祭,耶和华垂听了他的祷告,瘟疫就在以色列止住了。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 24:1-25

Dawid Kan Nnipa

1Bio, Awurade abufuo baa Israel so enti, ɔhyɛɛ Dawid sɛ ɔmfa nnipakan so nha wɔn a wɔwɔ Israel ne Yuda nyinaa. Awurade see Dawid sɛ, “Kɔ na kɔkan Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyinaa.”

2Enti, ɔhene no ka kyerɛɛ ne sahene Yoab sɛ, “Kan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa, ɛfiri Dan a ɛwɔ atifi fam, de bɛsi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam, na ama mahunu nnipa dodoɔ a wɔwɔ ha.”

3Na Yoab buaa ɔhene no sɛ, “Awurade mma wo ntena ase kɔsi sɛ nnipa a wɔwɔ wʼahennie yi mu ase bɛtrɛ mmɔho ɔha. Na adɛn enti na wopɛ sɛ woyɛ yei?”

4Na ɔhene no hyɛɛ no ketee sɛ, wɔnkan nnipa enti, Yoab ne nʼadwumayɛfoɔ kɔkanee nnipa a wɔwɔ Israel.

5Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔtwaa Yordan kɔtenaa Aroer, kuro a ɛwɔ bɔnhwa no anafoɔ a ɛkyerɛ Gad no. Afei, wɔkɔɔ Yaser, 6toaa so kɔduruu Gilead a ɛwɔ Tatim-hodsi, toaa so kɔɔ Dan Yaan ne Sidon fa mu. 7Afei, wɔbaa Tiro aban mu ne Hewifoɔ ne Kanaanfoɔ24.7 Hewifoɔ ne Kanaanfoɔ nyinaa tenaa Kanaan ansa na Israelfoɔ rebɛdi ɔman no so. nkuropɔn nyinaa mu. Wɔkɔɔ Yuda anafoɔ, kɔduruu Beer-Seba de wieeɛ.

8Wɔwurawuraa asase no nyinaa so, de abosome nkron ne nnafua aduonu wiee nnipakan no, sane kɔɔ Yerusalem.

9Yoab de ne nnipa dodoɔ a wɔnyaeɛ brɛɛ ɔhene no. Na mmarima a wɔaduru sraadie mfeɛ so wɔ Israel no dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe, na mpem ahanum nso wɔ Yuda.

Dawid Bɔne So Atemmuo

10Dawid kan nnipa no nyinaa wieeɛ no, nʼatiboa buu no fɔ, enti ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Deɛ meyɛeɛ yi enti, mayɛ bɔne kɛseɛ. Enti, Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbuo yi firi wo ɔsomfoɔ so. Mayɛ nkwaseadeɛ.”

11Adeɛ kyeeɛ no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunufoɔ nkyɛn sɛ: 12“Kɔka kyerɛ Dawid sɛ, Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede nsɛm mmiɛnsa reto wʼanim. Yi mu baako na mɛyɛ.’ ”

13Enti, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Ɔkɔm mmra wʼasase yi so mfeɛ mmiɛnsa anaa? Anaa, atamfoɔ a wɔgu wo so no wobɛdwane wɔn abosome mmiɛnsa? Anaa, ɔyaredɔm mmra wo ɔman yi mu nnansa? Enti afei, dwene ho yie, na ma menhunu mmuaeɛ a memfa nkɔma Awurade.”

14Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ, “Yɛwɔ ahohiahia mu. Momma yɛmfa yɛn ho nhyɛ Awurade nsa, ɛfiri sɛ, nʼadɔeɛ dɔɔso; nanso, mma me nkɔtɔ nnipa nsam.”

15Enti, Awurade too ɔyaredɔm guu Israel so anɔpa no ma ɛdii nnansa. Na nnipa ɔpeduɔson firii Dan kɔsi Beer-Seba wuwuiɛ. 16Ɛberɛ a ɔbɔfoɔ no reyɛ ahoboa akɔsɛe Yerusalem no, Awurade nuu ne ho wɔ asɛm no ho, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ! Gyae.” Saa ɛberɛ no na Awurade ɔbɔfoɔ no aduru Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.

17Ɛberɛ a Dawid hunuu ɔbɔfoɔ no, ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Me na mayɛ bɔne. Yeinom deɛ wɔnnim ho hwee, ɛdeɛn na wɔayɛ? Ma wo ɔbɔfoɔ nsɛe me ne me fiefoɔ.”

Dawid Si Afɔrebukyia

18Ɛda no, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔsi afɔrebukyia ma Awurade wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.”

19Na Dawid kɔyɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. 20Ɛberɛ a Arauna hunuu sɛ ɔhene ne ne mmarima reba no, ɔpueeɛ, bɛkotoo ɔhene, de nʼanim butuu fam.

21Arauna bisaa sɛ, “Adɛn enti na woaba, me wura?”

Dawid buaa sɛ, “Merebɛtɔ ayuporobea hɔ, na masi afɔrebukyia wɔ hɔ ama Awurade, sɛdeɛ Awurade bɛma ɔyaredɔm no agyae.”

22Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Me wura fa na fayɛ deɛ wopɛ. Nantwie a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nie. Wobɛtumi de ayuporeeɛ nnua ne nantwie mpamho nnua no ayɛ anyina wɔ afɔrebukyia no so. 23Mede ne nyinaa bɛma wo, na mesrɛ sɛ, Awurade, wo Onyankopɔn nnye afɔdeɛ yi.”

24Na ɔhene no buaa Arauna sɛ, “Dabi, mepɛ sɛ mɛtɔ, na merentumi mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, me Onyankopɔn, a mammɔ ho ka biara.”

Enti, Dawid tuaa dwetɛ bɛyɛ gram ahanum aduɔson enum (575) de tɔɔ ayuporobea ne nantwie no. 25Dawid sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ hɔ. Na Awurade tiee ne mpaeɛbɔ maa ɔyaredɔm no gyaee.