撒母耳记上 27 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒母耳记上 27:1-12

大卫投奔非利士人

1大卫心里想:“终有一天,我会死在扫罗手里,我最好逃到非利士人那里。这样,扫罗就不会在以色列到处追捕我了,我便可以逃离他的手。” 2于是,大卫率领他的六百个随从去投靠玛俄的儿子迦特亚吉3他部下的家眷和他的两位妻子——耶斯列亚希暖拿八的遗孀迦密亚比该也跟他一同住在迦特亚吉那里。 4扫罗听到这个消息,就不再追捕他了。 5大卫亚吉说:“如果你开恩,就让我到郊野的一个城邑去住吧,何必让仆人与王一同住在都城呢?” 6亚吉当天把洗革拉赐给他,因此那地方至今仍属犹大王。 7大卫非利士人的地方共住了一年零四个月。 8他率领部下袭击基述人、基色人和亚玛力人,这些人自古以来就住在远至书珥埃及一带的地方。 9大卫攻打那一带,杀死所有的人,抢走牛、羊、驴、骆驼和衣物,回去见亚吉10亚吉问:“你们今天攻打了哪里?”大卫会说:“攻打了犹大南部”,或说:“攻打了耶拉篾南部”,或说:“攻打了基尼南部。” 11大卫把那地方的人都杀掉,一个也不带到迦特,因为他害怕他们会泄露真相。大卫非利士人那里居住的时候,常常这样做。 12亚吉相信了大卫的话,心里想:“以色列人恨透了大卫,他必永远留在迦特做我的仆人。”

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 27:1-12

Dawid Wɔ Filistifoɔ Mu

1Na Dawid dwenee ho sɛ, “Ɛda bi, mɛtɔ wɔ Saulo nsa ano. Na deɛ mɛyɛ a ɛbɛyɛ pa ara ne sɛ, mɛdwane akɔ Filistifoɔ nkyɛn. Ɛba saa a, Saulo bɛgyae mʼakyi die na mɛnya banbɔ.”

2Na Dawid ne mmarima ahansia tutu kɔtenaa Gat kɔhyɛɛ Maok babarima ɔhene Akis ase. 3Na Dawid de ne yerenom baanu a wɔyɛ Ahinoam a ɔfiri Yesreel ne Abigail a ɔfiri Karmel a na ɔyɛ Nabal kunabaa no kɔeɛ. 4Saulo tee sɛ Dawid adwane kɔ Gat no, wanni nʼakyi anhwehwɛ no bio.

5Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ, “Sɛ ɛrenha wo a, ma yɛn baabi wɔ nkuro no bi so na yɛnkɔtena hɔ sene sɛ yɛbɛtena ahenkuro yi mu.”

6Enti, Akis de Siklag kuro maa no, (na ɛfiri saa ɛda no, ɛhɔ abɛyɛ Yuda ahemfo atenaeɛ de bɛsi ɛnnɛ), 7na wɔtenaa Filistifoɔ no mu afe ne abosome ɛnan.

8Afei, Dawid ne ne dɔm kɔto hyɛɛ Gesurfoɔ, Girsifoɔ ne Amalekfoɔ so. Saa nnipa yi na na kane no, wɔtete asase a ɛtene kɔ Sur a ɛwɔ Misraim ɛkwan so no. 9Dawid annya onipa baako anikann wɔ nkura a ɔkɔto hyɛɛ wɔn so no mu. Ɔfaa nnwan, anantwie, mfunumu, nyoma ne ntadeɛ nyinaa ansa na ɔsane akɔ Akis nkyɛn.

10Akis bisaa Dawid sɛ, “Ɛhe na ɛnnɛ mofom nneɛma kɔduruiɛ?”

Dawid buaa sɛ, “Yɛkɔɔ Yuda anafoɔ fam, kɔto hyɛɛ Yerahmeelfoɔ27.10 Yerahmeelfoɔ nam Hesron so bɛyɛɛ Yuda asefoɔ (1 Be 2.9,25,26). Hwɛ nsɛm a ɛfa Kenifoɔ ho wɔ Ate 4.11. ne Kenifoɔ so.” 11Dawid kumm wɔn nyinaa. Wannya obiara a ɔbɛtumi aba Gat abɛkyerɛ faako a ɔkɔeɛ. Saa adeɛ yi kɔɔ so ara wɔ ɛberɛ a na Dawid te Filistifoɔ mu no. 12Akis gyee Dawid diiɛ, na ɔdwenee ne tirim sɛ, “Saa ɛberɛ yi deɛ, Israelfoɔ bɛkyiri no kɔkɔɔkɔ. Ɛsɛ sɛ ɔtena ha, na ɔsom me afebɔɔ.”