撒母耳记上 22 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒母耳记上 22:1-23

扫罗残杀祭司

1大卫离开迦特,逃到亚杜兰洞。他的兄弟和亲属知道后,都来到他那里, 2所有受压迫的、负债的和心怀不满的人都纷纷来投奔他。大卫就做了他们的首领,跟随他的有四百多人。 3后来,大卫摩押米斯巴去,请求摩押王收留他的父母,直到他明白上帝给他的安排为止。 4大卫把父母留在了摩押王那里。在大卫住堡垒期间,他的父母一直住在摩押5迦得先知吩咐大卫离开堡垒回犹大去,大卫就动身前往哈列的树林。

6当时,扫罗正在基比亚拉玛,坐在垂丝柳下,手中拿着矛,臣仆侍立在左右。他得知大卫一行人的行踪后, 7就对左右的臣仆说:“便雅悯人啊,你们听着!难道耶西的儿子会给你们田地和葡萄园吗?他能立你们做千夫长和百夫长吗? 8为什么你们一同谋害我?我的儿子跟耶西的儿子立约,没有人告诉我。就是今天我的儿子鼓动我的臣仆来谋害我,也没有人关心我,告诉我。” 9以东多益正站在扫罗的臣仆中,他说:“我在挪伯亲眼看见耶西的儿子到了亚希突的儿子亚希米勒那里。 10亚希米勒为他求问耶和华,给他食物,还把非利士歌利亚的刀给了他。”

11于是,扫罗派人把挪伯的祭司——亚希突的儿子亚希米勒及其家人都召来。他们都来到王面前。 12扫罗说:“亚希突的儿子,听着!”亚希米勒答道:“我主啊,我在这里。” 13扫罗说:“你为什么和耶西的儿子一同谋害我?你为什么把食物和刀给他,又为他求问耶和华,使他像今天这样背叛我,伺机害我呢?” 14亚希米勒答道:“王的臣仆中有谁像大卫那样忠心呢?他是王的女婿,又是王的护卫长,在王室中受尊重。 15那也不是我第一次为他求问耶和华,求王不要因这事加罪于我或我的家人,因为我根本不知道谋反的事。” 16王却说:“亚希米勒啊,你和你全家都必死无疑!” 17他就命令身旁的护卫,说:“把这些耶和华的祭司杀掉,因为他们跟大卫同谋,明知道大卫在潜逃,却不来告诉我。”扫罗的臣仆不愿意下手杀害耶和华的祭司。 18扫罗就对多益说:“你去把祭司杀掉!”以东多益就杀了他们。那天,他下手杀了八十五个穿细麻布以弗得的祭司。 19他又把祭司城挪伯的男女老少、牛羊和驴全部杀掉。

20只有亚希米勒的一个儿子亚比亚他逃出去,投奔了大卫21亚比亚他扫罗屠杀耶和华祭司的事告诉了大卫22大卫说:“那天我见以东多益在那里,就知道他一定会告诉扫罗。是我连累了你父亲一家。 23你就放心留在我这里,不要害怕,谁想杀你,就是想杀我。你在我这里很安全。”

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 22:1-23

Dawid Kɔhyɛ Adulam Ɔbodan Mu

1Dawid dwane firii Gat kɔtɛɛ ɔbodan a ɛwɔ Adulam no mu. Ankyɛre biara na ne nuanom mmarima ne ne fiefoɔ bi kɔkaa ne ho wɔ hɔ. 2Afoforɔ bi nso kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Na saa nnipa no yɛ nnipa a ɔhaw da wɔn so anaa wɔn a wɔdede aka ne wɔn a asetena nkɔ wɔn yie. Wɔbaeɛ ara kɔsii sɛ Dawid bɛyɛɛ ɔkannifoɔ maa nnipa bɛyɛ sɛ ahanan.

3Akyire yi, Dawid kɔɔ Mispe a ɛwɔ Moab. Ɛhɔ na ɔbisaa ɔhene no sɛ, “Wobɛma mʼagya ne me maame abɛtena ha, na woabɔ wɔn ho ban kɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ ama me anaa?” 4Ɔhene no penee so, maa Dawid awofoɔ tenaa Moab a na Dawid nso te nʼabanbɔeɛ mu.

5Ɛda bi, odiyifoɔ Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Firi abanbɔeɛ mu ha, na sane kɔ Yuda asase so.” Enti, Dawid kɔɔ Heret kwaeɛ mu.

6Ɔkɔɔ Yuda hɔ no, ankyɛre na Saulo tee asɛm no. Saa ɛberɛ no, na ɔhene no te gyedua bi ase wɔ Gibea bepɔ so a ɔkura ne pea na ne mpanimfoɔ atwa ne ho ahyia. 7Saulo tee asɛm no, ɔteaam sɛ, “Monyɛ aso, mo mmarima a mofiri Benyamin fie! Dawid ahyɛ mo mfuo ne bobe nturo ho bɔ bi anaa? Wahyɛ mo bɔ sɛ mobɛyɛ nʼasafohene wɔ nʼakodɔm so anaa? 8Ɛno enti na moayɛ apam atia me yi? Na mo mu biara antumi anka biribi ankyerɛ me sɛ me ara me babarima wɔ Dawid afa. Na ɛnha mo koraa mma me. Monnwene ho! Me ara me babarima hyɛ Dawid nkuran sɛ ɔmpɛ me nku me!”

9Ɛhɔ na Edomni Doeg a na ɔne Saulo akofoɔ gyina hɔ no kaa sɛ, “Mehunuu Yisai ba no sɛ ɔbaa Ahitub ba Ahimelek nkyɛn wɔ Nob. 10Ahimelek bisaa Awurade deɛ Dawid nyɛ. Ɔsane maa no nnuane, na ɔde Filistini Goliat akofena no kaa ne ho.”

Wɔkum Asɔfoɔ No

11Ɔhene no somaa sɛ wɔnkɔfa ɔsɔfoɔ Ahimelek ne ne fiefoɔ a na wɔyɛ asɔfoɔ wɔ Nob no nyinaa mmra. 12Wɔbaeɛ no, Saulo kaa sɛ, “Tie! Ahitub ba.”

Ɔbuaa sɛ, “Nana asɛm bɛn.”

13Na Saulo bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wo ne Dawid apam me tiri so, na womaa no burodo ne akofena, sane bisaa Awurade maa no. Adɛn enti na wohyɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ dɔm ntia me na ɔmmɛto nhyɛ me so wɔ ha?”

14Ahimelek buaa sɛ, “Nana, mesrɛ mebisa sɛ, wʼasomfoɔ yi nyinaa mu no, obi wɔ hɔ a ɔyɛ nokwafoɔ te sɛ wʼase Dawid anaa? Hwɛ ɔyɛ wʼawɛmfoɔ nyinaa so safohene, na wɔbu no yie wɔ wo fidua mu. 15Ɛnyɛ saa ɛda no ne ɛda a ɛdi ɛkan a mabisa Awurade ama no. Dabi! Ɛnsɛ sɛ ɔhene no de soboɔ bɔ ne ɔsomfoɔ ne ne fiefoɔ, ɛfiri sɛ, wʼakoa nnim saa asɛm yi ho biribiara.”

16Na ɔhene kaa sɛ, “Ɛkwan biara so, wobɛwu. Ahimelek, wo ne wo fiefoɔ nyinaa bɛwu.”

17Na ɔhene ka kyerɛɛ nʼawɛmfoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Monkunkum Awurade asɔfoɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ, wɔn nso kɔ Dawid afa. Na wɔnim sɛ ɔredwane, nanso wɔanka ankyerɛ me.”

Nanso, na ɔhene asraafoɔ no mpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka Awurade asɔfoɔ no.

18Enti, ɔhene hyɛɛ Doeg sɛ, “Dane wo ho na kunkum asɔfoɔ no.” Enti, Edomni Doeg danee ne ho kunkumm wɔn. Ɛda no, ɔkumm mmarima a na wɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ aduɔwɔtwe enum. 19Afei, ɔkɔɔ Nob a ɛyɛ asɔfoɔ no kurom, kɔkunkumm asɔfoɔ no fiefoɔ mmarima, mmaa, mmɔfra ne mmadoma, anantwie, mfunumu ne nnwan nyinaa.

20Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar dwane kɔɔ Dawid nkyɛn. 21Ɛberɛ a ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ Saulo akunkum Awurade asɔfoɔ no, 22Dawid teaam sɛ, “Na menim! Ɛberɛ a mehunuu Doeg wɔ hɔ saa ɛda no, na menim sɛ ɔbɛka akyerɛ Saulo. Seesei, mama wʼagya fiefoɔ nyinaa awuwu. 23Wo ne me ntena ha, na mede me nkwa bɛbɔ wo ho ban, ɛfiri sɛ, onipa korɔ no ara na ɔrehwehwɛ yɛn baanu akum yɛn.”