提多书 2 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

提多书 2:1-15

教导纯正的教义

1你的教导要符合纯正的教义。 2劝年长的男子要节制、庄重、自律,有全备的信心、爱心和耐心。 3劝年长的妇女要过敬虔的生活,不说长道短,不做酒的奴隶,要以身作则。 4这样,她们就能教导年轻的妇女爱丈夫、爱儿女、 5自制、贞洁,持家、和善、顺服丈夫,免得上帝的道被人毁谤。

6劝勉年轻的男子要自制。 7你自己要在各样的善行上做众人的榜样,在教导上要诚恳、认真、 8言语纯全、无可指责,让那些反对的人无话可说、自觉羞愧。

9劝勉做奴仆的要凡事顺服主人,让主人满意,不顶撞主人, 10不偷拿主人的东西,为人要忠信可靠,好凡事尊崇我们救主上帝的教导。

11因为上帝拯救世人的恩典已经显明了, 12这恩典教导我们除掉不敬虔的心和世俗的私欲,在今世过自律、公义、敬畏上帝的生活, 13怀着美好的盼望等候耶稣基督——我们伟大的上帝和救主的荣耀显现。 14主耶稣为我们牺牲自己,要救赎我们脱离一切罪恶,并洁净我们,使我们做祂的子民,成为热心行善的人。

15你要讲明这些事,运用各样权柄劝勉人、责备人,别让人轻看你。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Tito 2:1-15

Nkyerɛkyerɛ Pa

1Ɛsɛ sɛ woma nkyerɛkyerɛ pa a wɔagye ato mu. 2Ka kyerɛ nkwakoraa na wɔmma wɔn ani nna hɔ, wɔnyɛ anyansafo, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidi mu nyɛ den, wonnya ɔdɔ na wontumi ntena ɔhaw mu.

3Saa ara nso na ka kyerɛ mmerewa na wɔmmɔ ɔbra a ɛyɛ kronkron. Wonnni nseku na wɔnnyɛ asadweam nso. Wɔnkyerɛ akyerɛ pa, 4sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam so betumi ama mmabaa adɔ wɔn kununom ne wɔn mma, 5ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronkron na wɔayɛ awarefo pa a wotie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho.

6Saa ara na hyɛ mmerante na wonnya ahohyɛso. 7Nneɛma nyinaa mu no, fa wo ho yɛ nhwɛso pa wɔ nnwuma payɛ mu. Di nokware na ma wʼani nku wo nkyerɛkyerɛ ho. 8Ka nsɛm a ho tew na obi antumi antia mu na ama atamfo ani awu sɛ wonnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.

9Ɛsɛ sɛ asomfo tie wɔn wuranom, na ade nyinaa mu no, wɔsɔ wɔn wuranom ani. Ɛnsɛ sɛ woyiyi nsɛm ano 10anaa wɔbɔ wɔn korɔn. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ papa mmere nyinaa na wodi nokware na anam so ama biribiara a wɔyɛ no de anuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho no.

11Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa. 12Nʼadom no kyerɛ yɛn sɛ, yɛmpa asetena a ɛho ntew no ne wiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛso, kronkronyɛ ne Onyamesuro mu wɔ wiase ha. 13Yɛwɔ anidaso wɔ bere a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfo a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio wɔ anuonyam mu no. 14Ɔde ne ho maa yɛn de gyee yɛn fii bɔne mu, ɔyɛɛ yɛn nnipa a yɛpɛ papayɛ no kronkron de yɛn yɛɛ ne nko ara de.

15Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefo nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmmu wo abomfiaa.