彼得前书 4 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

彼得前书 4:1-19

生活的改变

1既然基督曾在肉身上为你们受苦,你们也要怀着同样的心志,因为肉体受过苦的人已经与罪断绝了关系, 2可以在今后的生活中不再随从人的私欲,只服从上帝的旨意。 3你们从前长期沉溺于异教徒的嗜好——淫乱、纵欲、醉酒、狂欢、宴乐和可憎的偶像崇拜。 4如今你们不再和他们同流合污,他们觉得奇怪,就用恶言毁谤你们。 5但他们将来必须向审判活人和死人的主交账。 6正因如此,福音也曾传给已死的人。这样,他们的肉体虽然像世人一样受了审判,他们的灵魂却可以靠上帝活着。

恩典的好管家

7万物的尽头快到了。因此,你们要谨慎自律,警醒祷告。 8最重要的是要彼此真诚相爱,因为爱可以遮盖许多罪。 9要互相接待,不发怨言, 10按着自己所得的恩赐彼此服侍,做上帝各样恩典的好管家。 11能讲道的,要按着上帝的话去讲;能服侍人的,要本着上帝所赐的力量去服侍。这样,上帝会借着耶稣基督在一切的事上得到荣耀。

愿荣耀和权能都归于祂,直到永永远远。阿们!

以受苦为荣

12亲爱的弟兄姊妹,若有火一般的试炼临到你们,不要觉得奇怪,以为发生了什么不寻常的事, 13反倒要欢喜,因为你们是与基督一起受苦。这样,你们在祂的荣耀显现时可以和祂一同欢喜快乐。 14如果你们为基督的缘故受辱骂,就有福了!因为上帝荣耀的灵常住在你们身上。 15你们谁也不可因杀人、偷盗、作恶或管闲事而受苦。 16若是为了做基督徒而受苦,不要觉得羞耻,要因这身份归荣耀给上帝。 17因为时候到了,审判要先从上帝的家开始。如果审判要从我们开始,那些不信从上帝福音的人会有怎样的结局呢? 18如果义人得救尚且不易,不敬虔的人和罪人会有什么下场呢? 19所以,照上帝旨意受苦的人要继续专心行善,将自己的灵魂交托给那位信实的造物主。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Petro 4:1-19

Abrabɔ Foforɔ

1Esiane sɛ Kristo hunuu amane ne honam mu enti, monsɔ saa adwene korɔ no ara mu mfa nhyɛ mo ho den. Ɛfiri sɛ, deɛ wahunu amane wɔ honam mu no ne bɔne nni biribiara yɛ. 2Ɛfiri seesei rekɔ no, mo nna a aka wɔ asase so ha no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn na ɔdi mo abrabɔ so na ɛnyɛ onipa akɔnnɔ. 3Moasɛe mmerɛ bebree de ayɛ deɛ ɛsɛ sɛ abosonsomfoɔ na wɔyɛ. Motenaa ase wɔ ahohwie, akɔnnɔbɔne, nsãborɔ, agobɔne, adidimeeɛ ne abosonsom a ɛyɛ akyiwadeɛ mu. 4Seesei ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ mo ne wɔn mmɔ mu mmu ahuhubra no bio, ɛno enti, wɔyeyɛ mo. 5Nanso, wɔbɛbu wɔn ho nkonta akyerɛ Onyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no. 6Saa enti na wɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ wɔgyina wɔn asetena yi mu nneyɛeɛ so bu wɔn atɛn a wɔn honhom ne Onyankopɔn bɛtena.

7Biribiara awieeɛ abɛn. Ɛsɛ sɛ mohyɛ mo ho so na mowɛn na moatumi abɔ mpaeɛ. 8Yei akyi no, monnodɔ mo ho yie ɛfiri sɛ, ɔdɔ bunkam bɔne nyinaa so. 9Monnye mo ho ahɔhoɔ wɔ mo afie mu a huhuhuhu biara nni akyire. 10Honhom mu adom a obiara anya no, ɔnnyina so mfa nsom afoforɔ. 11Sɛ obi reka asɛm a, ɔnka Onyankopɔn asɛm. Obiara a ɔsom no, ɔmfa ahoɔden a Onyankopɔn de ama no no nsom sɛdeɛ biribiara mu, wɔbɛfa Yesu Kristo so akamfo Onyankopɔn a animuonyam ne tumi wɔ no daadaa no. Amen.

Okristoni Amanehunu

12Anuanom, mommma amanehunu a morehunu no nnyɛ mo nwanwa te sɛ deɛ montee so asɛm da. 13Na mmom, momma mo ani nnye sɛ mo ne Kristo rehunu amane sɛdeɛ mo ani bɛgye daa da a ɔbɛda nʼanimuonyam adi no. 14Nhyira nka mo sɛ moyɛ Kristo akyidifoɔ enti wɔya mo. Yei kyerɛ sɛ animuonyam honhom a ɛyɛ Onyankopɔn Honhom no wɔ mo so. 15Ɛnsɛ sɛ mo mu biara hunu amane sɛ owudifoɔ anaa owifoɔ anaa odwotwafoɔ anaa ɔsɛmpɛfoɔ, 16Na sɛ mohunu amane wɔ mo Kristosom ho a, mommma mo ani nnwu, na mmom, monna Onyankopɔn ase sɛ moyɛ Kristo dea. 17Ɛberɛ aduru sɛ wɔbu atɛn, na Onyankopɔn no ara nkurɔfoɔ na wɔbɛdi kane abu wɔn atɛn. Na sɛ ɛfiri yɛn so kane a, ɛbɛwie Asɛmpa no asoɔdenfoɔ no sɛn? 18Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Ɛyɛ den sɛ wɔbɛgye onipa pa nkwa;

na wɔn a wɔnnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfoɔ no deɛ, ɛdeɛn na ɛbɛba wɔn so?”

19Ne saa enti, wɔn a wɔhunu amane sɛdeɛ Onyankopɔn ahyehyɛ no, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho ma Ɔbɔadeɛ no na wɔkɔ so yɛ papa.