彼得前书 1 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

彼得前书 1:1-25

1我是耶稣基督的使徒彼得,写信给蒙上帝拣选,寄居在本都加拉太加帕多迦亚细亚庇推尼各地的人。 2你们蒙拣选是按照父上帝预先定好的旨意,借着圣灵得以圣洁,好顺服耶稣基督,并靠祂的血得到洁净。

愿上帝赐给你们丰丰富富的恩典和平安!

活泼的盼望

3愿颂赞归于我们主耶稣基督的父上帝!祂有无穷的怜悯,借着耶稣基督从死里复活使我们获得重生,有活泼的盼望, 4可以承受那不会朽坏、没有污点、不会衰残、为你们存留在天上的产业。 5你们这些因信而蒙上帝用大能保守的人,必能得到那已经预备好、在末世要显明的救恩。

6为此,即使现今你们必须暂时在百般试炼中忍受痛苦,也要满怀喜乐。 7这样,你们的信心经过试验便显明是真实的,比那经过火炼仍会坏掉的金子更加宝贵,使你们可以在耶稣基督显现时得到称赞、荣耀和尊贵。 8你们虽然没有见过基督,却爱祂;虽然现在看不见祂,却信祂,并且有无法形容、充满荣耀的喜乐。 9因为你们得到了信心带来的果效,就是你们的灵魂得救。

10有关这救恩,那些预言恩典要临到你们的众先知早已详细寻求查考了。 11基督的灵曾在他们心中指示他们,预言基督要受苦,然后得荣耀。他们便详细查考这些事会在什么时候、什么情况下发生。 12他们得到启示,知道他们传讲这些事不是为了自己,而是为了你们。现在,那些靠着从天上差来的圣灵向你们传福音的人,已经将这些事传给你们了。连天使也想把这些事看个明白。

要圣洁像主

13所以,要预备好你们的心,谨慎自律,专心盼望耶稣基督显现时要带给你们的恩典。 14你们既是顺服的儿女,就不要再像从前无知的时候那样放纵私欲。 15那呼召你们的是圣洁的,你们在一切事上也要圣洁。 16因为圣经上说:“你们要圣洁,因为我是圣洁的。”

17既然你们称呼那位按各人的行为公正无私地审判人的上帝为父,就应该存着敬畏的心过你们在世上寄居的日子。 18要知道,你们从传统的、没有意义的生活中被救赎出来,不是靠金银等会朽坏的东西, 19而是靠无瑕无疵的代罪羔羊——基督的宝血。 20基督是上帝在创世以前预先拣选的,却在这末世为你们显现。 21你们借着基督信了使祂从死里复活、赐祂荣耀的上帝,所以,你们的信心和盼望都在于上帝。

22你们既因顺服真理,洁净了自己的心,能够真诚地爱弟兄姊妹,就当以清洁的心彼此切实相爱。 23你们获得重生,不是借着会腐烂的种子,而是借着不会腐烂的种子——上帝活泼永存的道。 24因为

“芸芸众生尽如草,

荣华不过草上花;

草必枯干花必残,

25唯有主道永长存。”

这道就是传给你们的福音。

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Petro 1:1-25

1Saa krataa yi fi Yesu Kristo somafo Petro nkyɛn,

Ɔde kɔma Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn a wɔabɔ ahwete sɛ ahɔho kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu no. 2Wɔnam Agya Onyankopɔn botae so na woyii mo na wɔnam ne Honhom so tew mo ho sɛ munni Yesu Kristo akyi na ɛnam so ama ne mogya no atew mo ho:

Adom ne asomdwoe a ɛdɔɔso nka mo.

Anidaso

3Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔbɔ dodow nti, ɔnam nyan a onyan Yesu Kristo fii owu mu no so maa yɛn nkwa foforo. Eyi ma yenya anidaso a ase atim, 4enti yɛrehwɛ anim sɛ yebenya nhyira dodow a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie wɔ ɔsoro ama mo, efisɛ hɔ de, ɛremporɔw anaa ɛrensɛe na ɛrempa nso. 5Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛse no so bɛhwɛ sɛ mubedu hɔ wɔ asomdwoe mu na mo nsa aka, efisɛ mugye no di. Ɛbɛyɛ mo de nna a edi akyiri no mu ama obiara ahu. 6Ɛwɔ mu sɛ ebia ɛbɛba mprempren, esiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no nti, mo werɛ bɛhow de, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho. 7Ɔhaw ba sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ mo gyidi no yɛ kann. Sikakɔkɔɔ a wotumi sɛe no no mpo, wɔde ogya sɔ hwɛ, enti ɛsɛ sɛ wɔsɔ mo gyidi a ɛsom bo kyɛn sikakɔkɔɔ no hwɛ hu sɛ ebetumi agyina ana. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mubenya anuonyam. 8Ɛwɔ mu sɛ munhu Yesu de, nanso modɔ no. Munhu no mprempren de, nanso mugye no di. Anigye a moanya no boro so, 9efisɛ mo nsa renka gyidi so mfaso a ɛyɛ mo kra nkwagye no.

10Saa nkwagye yi na adiyifo no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, hyɛɛ saa akyɛde yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm. 11Wɔpɛɛ sɛ wohu bere no ne ɔkwan a ɛnam so bɛba. Saa bere yi ne bere a Kristo Honhom a ɛte wɔn mu no rekyerɛ wɔ nkɔmhyɛ a ɛfa Kristo amanehunu a ɔbɛfa mu ne anuonyam a ebedi akyi no ho. 12Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifo no sɛ, wɔanyɛ adwuma no amma wɔn ho, na mmom wɔyɛ de som mo. Wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no fii ɔsoro no tumi so kaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo. Ɛwɔ mu sɛ abɔfo no pɛɛ sɛ wɔbɛte Asɛmpa yi de, nanso wɔde brɛɛ mo nko ara.

13Enti munsi mo adwene pi na munni dwuma. Munnyina yiye na momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so. 14Muntie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a edii mo so bere a na munnim no no nni mo so. 15Na mmom monyɛ kronkron wɔ biribiara a moyɛ mu, sɛnea Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no. 16Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.”

17Monkae sɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro a mobɔ no mpae no nhwɛ nnipa anim wɔ nʼatemmu mu. Ɛno nti momfa nidi nyinaa mma no wɔ mo nna a aka mo wɔ asase yi so no. 18Efisɛ munim bo a wotua de gyee mo fii abrabɔ bɔne a mo nananom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ ade a ɛhwere ne bo a ɛsom te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no. 19Kristo a ɔte sɛ oguamma a onni dɛm no de ne ho bɔɔ afɔre a ne bo yɛ den ma munyaa ahofadi. 20Ansa na wɔrebɔ wiase no, na Onyankopɔn ayi no na mo nti na nna a edi akyiri no wɔdaa no adi no. 21Ɛnam ne so na mugyee Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔmaa no anuonyam no dii. Ɛnam so ama mo gyidi ne mo anidaso ase atim wɔ Onyankopɔn mu no.

22Afei a moayɛ osetie ama nokware no nti, mo ho atew na mododɔ mo nuanom agyidifo nokware mu yi, mumfi mo koma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho. 23Efisɛ wɔawo mo foforo; emfi aba a ɛporɔw mu, na mmom efi Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔw no mu. 24Kyerɛwsɛm no ka se,

“Nnipa nyinaa te sɛ sare;

na wɔn anuonyam te sɛ nhwiren.

Sare no wu ma ne nhwiren no po,

25nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa.”

Eyi ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo.