帖撒罗尼迦后书 3 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

帖撒罗尼迦后书 3:1-18

请求代祷

1弟兄姊妹,最后我还要请你们为我们祷告,好使主的道像在你们那里一样迅速传开,受到尊崇, 2并使我们能避开那些邪恶的人,因为不是人人都有信心。

3主是信实的,祂必使你们刚强,保护你们脱离那恶者。 4我们靠着主深信你们现在遵行了我们的吩咐,而且以后还会继续遵行。

5愿主引导你们的心领悟上帝的爱和基督的坚忍。

不可游手好闲

6弟兄姊妹,现在我们奉主耶稣基督的名吩咐你们,要远离那些游手好闲、不遵守我们教导的信徒。 7你们自己知道应该怎样效法我们,因为我们在你们那里的时候,并没有懒懒散散, 8也没有白吃谁的饭,而是昼夜辛勤工作,免得成为你们任何人的负担。 9我们并不是没有权利接受供应,而是要给你们树立学习的榜样。 10我们在你们那里的时候,曾吩咐过你们:不肯工作的人没有资格吃饭。 11我们听说在你们当中有些人游手好闲,无所事事,却专管闲事。 12我们奉主耶稣基督的名吩咐并劝诫这些人要安分守己,自食其力。

13弟兄姊妹,你们要坚持行善,不要灰心。 14如果有人不听从这信上的教导,要注意提防他,不要和他来往,好使他羞愧。 15只是不可把他当作仇人,要像对待弟兄姊妹一样劝诫他。

问候

16愿平安之主随时随地亲自赐你们平安!愿主与你们同在! 17我保罗在这里亲笔问候你们,这是我的笔迹,我所有的信都以此为记号。

18愿我们主耶稣基督的恩典与你们众人同在!

Asante Twi Contemporary Bible

2 Tesalonikafoɔ 3:1-18

Mommɔ Mpaeɛ Mma Yɛn

1Anuanom, asɛm a ɛtwa toɔ ne sɛ, mommɔ mpaeɛ mma yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade asɛm bɛkɔ so atrɛ ntɛm sɛdeɛ ɛyɛɛ wɔ mo mu no. 2Afei, mommɔ mpaeɛ mma yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn bɛyi yɛn afiri abɔnefoɔ ne nsɛmmɔnedifoɔ nsam. Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔgye asɛm no di. 3Nanso, Awurade yɛ ɔnokwafoɔ. Ɔbɛhyɛ mo den na wagye mo afiri ɔbɔnefoɔ no nsam. 4Awurade ama yɛn mo mu anidasoɔ. Yɛwɔ anidasoɔ sɛ moreyɛ na mobɛkɔ so ayɛ biribiara a yɛbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no. 5Awurade nka mo ho na monnya ɔdɔ akoma sɛ Onyankopɔn ne abodwokyɛreɛ sɛ Kristo.

Aniha Ho Kɔkɔbɔ

6Anuanom, yɛhyɛ mo wɔ Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, montwe mo ho mfiri anuanom a wɔdi aniha na wɔnni mmara a yɛahyɛ ama wɔn no so no ho. 7Mo ankasa monim pefee sɛ ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ yɛyɛeɛ no bi pɛpɛɛpɛ. Ɛberɛ a na yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛanyɛ aniha. 8Obi ammoa yɛn a yɛantua onii no ka. Yɛyɛɛ adwuma dendeenden. Awia ne anadwo nyinaa yɛyɛɛ adwuma sɛdeɛ yɛremfa sikasɛm biara nha mo adwene. 9Yei nkyerɛ sɛ na yɛnni ho ɛkwan sɛ yɛbisa mo biribi de boa yɛn asetena. Yɛyɛɛ saa de yɛɛ nhwɛsoɔ maa mo. 10Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo sɛ, “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ sɛ wɔma ɔdidi.”

11Yɛka saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, yɛte sɛ mo mu bi yɛ anihafoɔ a wɔnyɛ hwee sɛ wɔnenam nkurɔfoɔ nnwuma ase. 12Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, bɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔmmɔ bra pa na wɔnyɛ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔnhoma. 13Anuanom monnnyae papayɛ da.

14Obi wɔ hɔ a ɔrentie nwoma a matwerɛ abrɛ mo yi mu nsɛm. Sɛ mohunu obi saa a, monhwɛ no yie na montwe mo ho mfiri ne ho na nʼanim ngu ase. 15Nanso, mommfa saa onipa no sɛ ɔyɛ ɔtamfoɔ na mmom, mommɔ no kɔkɔ sɛ mo nua.

16Na ɔno asomdwoeɛ Awurade no ara mma mo asomdwoeɛ daa adeɛ nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.

17Me ara me Paulo, me nsa ano atwerɛ a menam so rekyea mo ni. Saa ɛkwan yi ara so na mefa twerɛ nwoma.

18Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.