希伯来书 5 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

希伯来书 5:1-14

1从人间选出来的大祭司,都是受委任代表人办理与上帝有关的事,为人的罪向上帝献上礼物和赎罪祭。 2他能体谅那些无知和迷失的人,因为他自己也有人性的软弱。 3所以,他不但要为众人的罪献祭,也要为自己的罪献祭。 4没有人能自取这大祭司的尊荣,只有像亚伦一样蒙上帝呼召的人才可以做大祭司。

5同样,基督也没有自取荣耀做大祭司,是上帝对祂说:

“你是我的儿子,

我今日成为你父亲。”

6在圣经的另一处,上帝又说:

“你照麦基洗德的模式永远做祭司。”

7基督在世为人的时候,曾经声泪俱下地祈求能救祂脱离死亡的上帝。祂因为敬虔而蒙了应允。 8基督虽然是上帝的儿子,仍然从所受的苦难中学习了顺服。 9祂既然达到了纯全的地步,就成了永恒救恩的源头,使所有顺服祂的人都得到拯救。 10上帝照着麦基洗德的模式立祂做大祭司。

信徒要长进

11关于这方面的事,我们还有很多话要说,但因为你们已经听不进去,很难向你们解释。 12按你们学习的时间来算,你们本该做别人的老师了,可惜你们还需要别人向你们传授上帝话语的基本道理,成了不能吃干粮、只能吃奶的人。 13因为只能吃奶的人还是婴孩,不熟习仁义的道理。 14干粮是给成年人吃的,他们的心思历经锻炼,能够分辨善恶。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hebrifo 5:1-14

1Woyii Ɔsɔfopanyin biara fii nnipa bi mu na wasi wɔn anan mu de wɔn akyɛde ne wɔn bɔne ho afɔre asom Onyankopɔn. 2Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛw wɔ akwan ahorow pii so no nti, otumi tɔ ne bo ase ma wɔn a wonnim na wɔyɛ mfomso no. 3Ne mmerɛwyɛ nti, sɛ ɔrebɔ bɔne ho afɔre a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ma ne ho ne afoforo nso. 4Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho anuonyam5.4 Kristo bere so no, na Ɔsɔfopanyin dibea no da abusuakuw bi mu. sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ Ɔsɔfopanyin sɛnea wɔfrɛɛ Aaron no.

5Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin amfa anhyɛ ne ho anuonyam. Na mmom Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se,

“Woyɛ me Ba;

nnɛ, mayɛ wʼAgya.”

6Ɔsan kaa wɔ baabi foforo se,

“Wobɛyɛ ɔsɔfo akosi daa

sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.”

7Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpae nam nkotosrɛ so de nʼabisade too Onyankopɔn a obetumi agye no afi owu mu no anim. Esiane sɛ odwo na ɔde ne ho nyinaa som no no nti, Onyankopɔn tiee no. 8Ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba de, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛase. 9Na owiee pɛyɛ no, wɔn a wotie no no nam ne so nya nkwagye a enni awiei, 10na Onyankopɔn ada no adi sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.

11Yɛwɔ eyi ho nsɛm pii ka, nanso emu kyerɛkyerɛ yɛ den, efisɛ mo ntease yɛ den. 12Moayɛ nkyerɛkyerɛ adwuma no akyɛ, nanso ɛsɛ sɛ munya obi ma ɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn ho asɛm fi ne mfiase. Anka ɛsɛ sɛ saa bere yi mudi aduan a ɛyɛ den, nanso nufusu na eye ma mo. 13Obiara a nufusu ye ma no no da so yɛ akokoaa a onnim nea eye ne nea enye. 14Aduan a ɛyɛ den ye ma mpanyimfo a wɔatetew wɔn na wɔahu nsonoe a ɛda papa ne bɔne ntam no.