希伯来书 4 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

希伯来书 4:1-16

信的人得享安息

1因此,上帝既然仍旧应许让人进入祂的安息,我们就该战战兢兢,免得有人失去这福分。 2因为我们和他们一样听到了福音,只是他们听了道后没有凭信心领受,结果没有得到益处。 3正如上帝曾说:

“我在愤怒中起誓说,

‘他们绝不可进入我的安息。’”

但我们这些已经信的人能够进入祂的安息。其实造物之工自创世以来就已经完成了, 4因为圣经论到第七日时说:“第七日,上帝歇了一切的工。” 5又说:“他们绝不可进入我的安息。” 6既然最终会有人进入安息,而那些从前听过福音的人因为不信没能进去, 7上帝就另定了一个日子,称之为“今日”。正如多年后,祂借着大卫说:

“你们今日若听见祂的声音,

不可心里顽固。”

8如果当初约书亚已经让他们得到了安息,上帝就不必另定一个日子了。 9这样说来,必定另有一个安息日为上帝的子民存留,使他们可以真正安歇。 10因为人进入上帝的安息,就是歇了自己的工作,好像上帝歇了祂的工作一样。 11因此,我们要竭力进入那安息,免得重蹈他们的覆辙,因不顺服而倒毙。

12上帝的话有生命、有功效,锋利无比,胜过一切两刃的利剑,甚至能够剌入并分开魂与灵、关节与骨髓,辨明人一切的思想和动机。 13受造物在上帝面前都无法隐藏,因为万物都是赤裸裸地暴露在上帝眼前,我们必须向祂交账。

大祭司耶稣

14我们既然有一位已经升上高天的尊贵大祭司——上帝的儿子耶稣,就应当持守我们所认定的信仰。 15因为我们这位大祭司并非不能体恤我们的软弱,祂与我们一样曾经面对各样的试探,却从来没有犯罪。 16所以,让我们坦然无惧地到祂赐恩的宝座前,好领受怜悯和恩典,作随时的帮助。

Asante Twi Contemporary Bible

Hebrifoɔ 4:1-16

Homebea Foforɔ

1Afei, ɛsiane sɛ bɔhyɛ a ɛfa ne mu home da so wɔ hɔ enti, momma yɛnhwɛ yie na mo mu bi antɔ sini wɔ mu. 2Ɛfiri sɛ wɔaka Asɛmpa no akyerɛ yɛn sɛdeɛ wɔka kyerɛ wɔn no. Nanso, wɔammu asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔtiee no no annye anni. 3Na yɛn a yɛagye adi no nko ara na yɛkɔ saa home no mu4.3 Sɛdeɛ wɔrewura Kanaan akɔgye home a gyidie de ba no, saa ara na nkwagyeɛ nso teɛ.

sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ, “Enti mefiri mʼabufuo mu ka ntam sɛ,

‘Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.’ ”

Ɔkaa saa asɛm yi deɛ, nanso ɛfiri ɛberɛ a ɔbɔɔ ewiase no, na wawie ɔhome dwumadie no dada. 4Na Atwerɛsɛm no mu baabi wɔka biribi fa da a ɛtɔ so nson no ho sɛ, “Ɛda a ɛtɔ so nson no, Onyankopɔn home firii ne nnwuma nyinaa mu.” 5Wɔkaa saa asɛm korɔ yi ara bio sɛ, “Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.”

6Wɔn a wɔdii ɛkan tee Asɛmpa no annya saa ahome no, ɛfiri sɛ, wɔannye anni. Afoforɔ bi nso wɔ hɔ a wama wɔn ɛkwan sɛ wɔnnya ahome no. 7Enti Onyankopɔn aka sɛ wayi ɛda bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ.” Mfeɛ bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ,

“Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a

mommpirim mo akoma.”

8Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyire no Onyankopɔn anka da foforɔ ho asɛm. 9Sɛdeɛ ɛte yi, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson no. 10Obiara a ɔbɛhome wɔ Onyankopɔn mu no bɛhome afiri nʼankasa ne nnwuma mu, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne nnwuma mu no. 11Enti, momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛdeɛ wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no.

12Onyankopɔn asɛm4.12 Yesu na ɔbɛyii Onyankopɔn ho nokwasɛm adi (Asɛm Kronkron no. Yoh 1.1,14) yɛ nkwa, na tumi wɔ mu. Ɛyɛ nnam sene sekan anofanu. Ɛhwire mu kɔsi sɛ ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔ ne ɛhon mu. Ɛda yɛn akoma mu ne yɛn adwene mu nsusuiɛ nyinaa adi. 13Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔdeɛ mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho akonta kyerɛ no.

Yesu Yɛn Sɔfopanin

14Ɛno enti, momma yɛnsɔ gyidie a yɛka ho asɛm no mu den. Ɛfiri sɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanin kɛseɛ wɔ Onyankopɔn anim. 15Yɛnni sɔfopanin bi a ɔntumi nhwɛ yɛn mmerɛyɛ ho nhunu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan ahodoɔ nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne. 16Momma yɛnsi yɛn bo na yɛmmra4.16 Ɛsiane sɛ Kristo yɛn Sɔfopanin ahyia sɔhwɛ enti, wasiesie ne ho sɛ, sɛ yɛnya sɔhwɛ biara a, ɔde ahummɔborɔ bɛboa yɛn. (2.10) Onyankopɔn ahennwa a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔborɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn ɛberɛ a ɛsɛ mu.