希伯来书 1 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

希伯来书 1:1-14

划时代的启示

1在古代,上帝曾借着先知以各种方式多次向我们的祖先说话; 2在这世界的末期,祂又借着自己的儿子亲自向我们说话。上帝早已立祂承受万物,并借着祂创造了宇宙万物。 3祂正是上帝荣耀的光辉,是上帝本体的真像。祂用自己充满能力的话语维系万物。祂洗净了世人的罪之后,便坐在天上至高上帝的右边。 4祂既承受了比天使更高的名分,就远超越天使。

5上帝从未对任何一个天使说:

“你是我的儿子,我今日成为你父亲。”

或说:

“我要做你的父亲,你要做我的儿子。”

6上帝差遣祂的长子到世上来时,说:

“上帝的天使都要敬拜祂。”

7上帝提到天使的时候,也只是说:

“上帝使祂的天使成为风,使祂的仆役成为火焰。”

8但论到祂的儿子,祂却说:

“上帝啊,你的宝座永远长存,

你以公义的杖执掌王权。

9你喜爱公义,憎恶邪恶。

所以上帝,你的上帝,

用喜乐之油膏你,使你超过同伴。”

10此外又说:

“主啊,太初你奠立大地的根基,

亲手创造诸天。

11天地都要消亡,但你永远长存。

天地都会像衣服渐渐破旧,

12你要像卷外衣一样把天地卷起来。

天地将如衣服一样被更换,

但你永远不变,

你的年日永无穷尽。”

13上帝从未对任何一个天使说:

“你坐在我的右边,

等我使你的仇敌成为你的脚凳。”

14天使岂不都是服役的灵吗?他们奉差遣,岂不是去为那些将要承受救恩的人服务吗?

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hebrifo 1:1-14

Onyankopɔn Akasa

1Mmere a atwa mu no, na Onyankopɔn nam akwan ahorow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo no. 2Mmom, mmere a edi akyiri no de,1.2 Mmere a bɔhyɛ a wodii ho dwuma wɔ Apam Dedaw mu no baa mu. ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de. 3Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn anuonyam hyerɛn no so haran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fii wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro. 4Ɛno nti ɔyɛɛ ɔkɛse sen abɔfo no, efisɛ din a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sen wɔn de no.

5Efisɛ Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfo no mu biara se,

“Woyɛ me Ba;

nnɛ mayɛ wʼAgya.”

Na wanka ankyerɛ ɔbɔfo biara se,

“Mɛyɛ wʼAgya na woayɛ me Ba.”

6Bere a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se,

“Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no.”

7Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne sɛ,

“Onyankopɔn soma nʼabɔfo sɛ mframa,

na ɔsoma nʼasomfo sɛ gyaframa.”

8Nea ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae se,

“Ao, Onyankopɔn, wʼahengua bɛtena hɔ daa nyinaa;

wʼAhenni yɛ atɛntrenee.

9Wodɔ trenee, na wukyi bɔne,

ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no, de wo asi wo mfɛfo so,

na ɔde anigye ngo asra wo.”

10Onyankopɔn san kae se,

“Mfiase no wotoo asase fapem,

na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.

11Ne nyinaa betwa mu; na wo de, wobɛtena hɔ daa;

wɔbɛtetew sɛ atade.

12Wɔbɛbobɔw no sɛ ntama;

na wɔbɛsesa no sɛ ntade.

Nanso wote sɛnea wote,

na wo mfe to rentwa da.”

13Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfo no se,

“Montena me nifa so

nkosi sɛ mede mo atamfo bɛyɛ

mo anan ase ntiaso.”

14Sɛ saa a, na abɔfo no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no.