尼希米记 5 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

尼希米记 5:1-19

尼希米帮助穷苦人

1那时,民众和他们的妻子都抱怨他们的犹太同胞。 2有的说:“我们和我们的儿女人口众多,需要粮食来活命。” 3有的说:“因为饥荒的缘故,我们要将田地、葡萄园和房屋作抵押来获取粮食。” 4有的说:“我们要借钱才能缴纳王对我们的田地和葡萄园征收的税。 5我们和他们是同胞,我们的孩子就像他们的孩子。但现在我们的儿女要被迫成为仆婢,甚至我们的女儿有些已经沦为奴婢。我们却无能为力,因为我们的田地和葡萄园已经归别人了。”

6听到他们的抱怨后,我非常愤怒。 7经过深思熟虑后,我便斥责这些贵族和官员,说:“你们竟然向同胞放高利贷!”于是我召开大会处理他们的问题。 8我对他们说:“我们在尽力赎回那些被卖到外邦的犹太同胞,你们却要卖他们为奴,好让我们再赎回他们吗?”他们都沉默不语,无言以对。 9我继续说:“你们的所作所为实在不对。难道你们不应该敬畏上帝,以免我们的仇敌凌辱我们吗? 10我和我的兄弟及仆人都借钱、借粮给民众,现在我们要停止放高利贷。 11你们今天就要归还他们的田地、葡萄园、橄榄园和房屋,以及你们向他们所收的五谷、新酒和油的利息。”

12他们说:“我们会照你的话去做,把东西还给他们,不再向他们索债。”于是,我召来祭司,让这些人起誓遵守自己的诺言。 13我抖着衣服说:“如果你们不守誓言,愿上帝也这样抖掉你们的家园和你们劳碌得来的,使你们一无所有。”全体会众都说:“阿们!”他们赞美耶和华,民众都遵照誓言去行。

尼希米大公无私

14亚达薛西王二十年至三十二年,也就是我奉派为犹大省长的十二年间,我和我的弟兄都没有吃省长的俸禄。 15在我之前的省长使民众负担沉重,天天索取食物、酒及五百克银子。他们的仆人也欺压民众,但我因敬畏上帝而没有这样做。 16我全心修筑城墙,没有购置田产,我的仆人也都参与修建城墙的工作。 17除了从周围外邦来到我们这里的人之外,还有一百五十名犹太人和官员与我一同吃饭。 18我每天需要预备一头公牛、六只肥羊和飞禽;每十天还要大量供应各样酒品。即使这样,我仍然没有吃省长的俸禄,因为民众已经负担沉重。 19我的上帝啊,求你记念我为这些民众所做的一切,施恩于我。

Asante Twi Contemporary Bible

Nehemia 5:1-19

Nehemia Di Ma Ahiafoɔ

1Saa ɛberɛ yi mu mmarima no bi ne wɔn yerenom nwiinwii tiaa wɔn mfɛfoɔ Yudafoɔ. 2Wɔkaa sɛ, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yɛhia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduane adi anya ahoɔden.”

3Afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛde yɛn mfuo, bobe nturo ne yɛn afie asisi awowa sɛdeɛ yɛbɛnya aduane wɔ ɛkɔm ɛberɛ mu.”

4Afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛabɔ bosea a ɛne yɛn mfuo ne bobefuo ano boɔ yɛ pɛ, de atua yɛn apeatoɔ. 5Yɛfiri abusua korɔ mu, na yɛn mma te sɛ wɔn deɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yɛanya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmammaa bi dada, na yɛrentumi nyɛ ho hwee, ɛfiri sɛ, yɛde yɛn mfuo ne bobefuo asisi awowa ama afoforɔ.”

6Metee wɔn anwiinwii no, me bo fuu yie. 7Medwenee saa asɛm yi ho, na mekasa tiaa atitire ne adwumayɛfoɔ no. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monam nsiho a mogye firi mo ara mo nkurɔfoɔ bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfoɔ nhyiamu kaa ho asɛm. 8Nhyiamu no ase, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛn a yɛaka no, yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛbɛtumi agye yɛn abusuafoɔ Yudafoɔ a ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho ma ahɔhoɔ abosonsomfoɔ. Nanso, moresan atɔn wɔn akɔ nkoasom mu bio. Ɛda biara na ɛsɛ sɛ yɛgye wɔn anaa?” Na wɔantumi anka asɛm biara anyi wɔn ho ano.

9Afei, mekɔɔ so kaa sɛ, “Deɛ moreyɛ no nyɛ. Ɛsɛ sɛ monante Onyamesuro mu, sɛdeɛ atamfoɔ aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aseredeɛ. 10Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfoɔ bɔ ɔmanfoɔ no sika ne atokoɔ bosea, nanso, afei momma yɛnnyae boseabɔ no. 11Ɛnnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuo, bobeturo, ngo dua mfuo ne wɔn afie ma wɔn. Montua nsiho a mogyee wɔn wɔ sika, atokoɔ, nsã ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no ho mma wɔn.”

12Na wɔbuaa sɛ, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfiri nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ deɛ woka no.”

Afei, mefrɛɛ asɔfoɔ no, na memaa atitire no ne adwumayɛfoɔ no kaa ntam sɛ, wɔbɛdi wɔn bɔhyɛ so. 13Meporoo mʼabɔɔmu mu kaa sɛ, “Sɛ mobu ɛbɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporo mo mfiri mo afie mu ne mo agyapadeɛ ho!”

Badwa no gyee so sɛ, “Amen.” Na wɔkamfoo Awurade. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so.

14Na mepɛ sɛ meka sɛ, mfeɛ dumienu a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahennie mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduasa mmienu so a meyɛɛ amrado wɔ Yuda no, me ne mʼadwumayɛfoɔ nnyee yɛn akɔnhomabɔdeɛ da. 15Yei ne nsonsonoeɛ kɛseɛ a ɛda yɛne amradofoɔ a wɔdii ɛkan no ntam, ɛfiri sɛ, wɔde asodie kɛseɛ too ɔmanfoɔ no so. Na daa wɔgye nnuane ne nsã ka a ɛkari gram ahanan ne aduosia (460) ho firi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafoɔ faa ho didii ɔmanfoɔ no ho. Nanso, ɛsiane suro a na mesuro Onyankopɔn no enti, mamfa saa ɛkwan no so. 16Mekum me ho maa ɔfasuo no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ mɛnya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfoɔ nyinaa de wɔn berɛ bɛyɛ adwuma wɔ ɔfasuo no ho.

17Mammisa hwee, nso na ɛberɛ biara mema Yudafoɔ adwumayɛfoɔ ɔha aduonum didi wɔ me didipono so a, ahɔhoɔ a wɔfifiri nsase foforɔ so nka ho. 18Nneɛma a na ɛho hia me da biara a ɛyɛ mʼankasa me ka no yɛ nantwie baako, nnwan akɛseɛ nsia ne nkokɔ bebree. Na dadu biara, na ɛsɛ sɛ yɛnya nsã ahodoɔ nyinaa bi. Nanso, mannye amrado akɔnhomabɔdeɛ biara, ɛfiri sɛ, na ɔmanfoɔ no wɔ ahokyere mu dada.

19Ao me Onyankopɔn, kae deɛ mayɛ ama nnipa yi, na hyira me.