哥林多后书 3 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

哥林多后书 3:1-18

保罗的荐信

1难道我们又是在称赞自己吗?难道我们像别人一样,需要拿着推荐信去见你们,或拿着你们的推荐信去见别人吗? 2你们自己就是我们的推荐信,写在了我们心坎上,众所周知,人人可读。 3显然,你们是从基督而来的一封信,是我们工作的成果。这信不是用笔墨写成的,乃是借着永活上帝的灵写成的;不是写在石版上的,而是刻在心版上的。

4我们靠着基督在上帝面前有这样的确信。 5我们并不认为自己能够承担什么,我们能够承担全是靠上帝。 6祂使我们能够担任新约的执事。这新约不是用律法条文立的,而是圣灵的工作,因为律法条文带给人死亡,但圣灵赐给人生命。

新约的荣耀

7这最终带来死亡、刻在石版上的律法条文的事工尚且有荣耀,甚至使摩西的脸上发出荣光,尽管很快就消逝了,以色列人仍然无法定睛看他, 8那么圣灵的事工岂不更有荣耀吗? 9那定人罪的事工尚且有荣耀,这使人被称为义人的事工岂不更有荣耀吗? 10其实先前的荣耀和现今的大荣耀相比,就黯然失色了。 11那渐渐消逝的尚且有荣耀,这永远长存的更是荣耀无比。

12我们因为有这极大的盼望,就放胆无惧, 13不像摩西将帕子蒙在脸上,以免以色列人看见那渐渐消逝的荣光。 14以色列人的心刚硬,直到今日,他们每逢读旧约的时候,同样的帕子还在那里,没有揭去。因为只有在基督里,那帕子才能被除去。 15时至今日,每逢他们读摩西律法的时候,帕子仍然蒙在他们心上。 16然而,他们一旦归向基督,那帕子就被除去了。 17主就是那灵,主的灵在哪里,哪里就有自由。 18我们这些脸上不再蒙着帕子的人,可以像镜子一样反映主的荣光,渐渐变成主的样式,荣上加荣。这都是主的作为,主就是那灵。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Korintofo 3:1-18

Mo Gyidi Boa Asɛnka No

1Eyi kyerɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho bio ana? Anaasɛ yehia adansedi nkrataa a efi yɛn nkyɛn anaa mo nkyɛn sɛnea afoforo hia no ana? 2Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔakyerɛw wɔ yɛn koma mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu na wakenkan. 3Mote sɛ krataa a Kristo nam yɛn som so akyerɛw. Ɛnyɛ adubiri na wɔde kyerɛw no ɔbo pon so na mmom Onyankopɔn a ɔte ase no Honhom na wɔde kyerɛw guu nnipa koma mu.

4Saa ahotoso yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Onyankopɔn fam. 5Biribiara nni yɛn mu a ebetumi ama yɛasi yɛn bo aka se yebetumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no fii Onyankopɔn. 6Ɔno na wama yɛn afata sɛ NʼApam Foforo ho asomfo. Efi Honhom Kronkron no na emfi mmara a wɔakyerɛw. Mmara de owu ba na Honhom no ne nea ɛma nkwa.

Kristo Anuonyam Foforo

7Mmara a ɛde owu bae no, na wɔakyerɛw no ɔbo pon so, nanso anuonyam a na ekura no nti nnipa no antumi anhwɛ Mose anim. Mose anuonyam hyerɛnee nanso saa anuonyam no dumii. 8Enti apam a Honhom no de ba no rennya anuonyam mmoroso ana? 9Sɛ mmara a ɛde owu ba no wɔ anuonyam a, ɛno de nea ɛma yɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim no rennya anuonyam a ɛboro so ana? 10Nokware mu, Apam Foforo no anuonyam mmoroso nti, mmara a ɛde owu ba no anuonyam ayera. 11Na sɛ anuonyam wɔ biribi a ɛnkyɛ mu a, ade a ɛwɔ hɔ daa no anuonyam bɛyɛ nea ɛso yiye.

12Esiane sɛ yɛwɔ saa anidaso yi nti, yɛwɔ akokoduru. 13Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkataanim kataa nʼanim sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no renhu nea ɛretwa mu no awiei. 14Nanso ntease a wɔannya no nti besi nnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dedaw nhoma no a, saa nkataanim no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkataanim no befi hɔ no, gye sɛ wogye Kristo di. 15Nnɛ yi mpo, bere biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkataanim no da so kata wɔn koma so. 16Nanso sɛ obi gye Awurade di a woyi nkataanim no fi hɔ. 17Na Awurade ne Honhom no, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no ahotɔ wɔ hɔ. 18Yɛn a nkataanim biara nkata yɛn anim no, Awurade anuonyam hyerɛn wɔ yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanuonyam mu.