哥林多后书 10 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

哥林多后书 10:1-18

保罗论自己的职分

1你们以为我在你们中间的时候很温和,不在你们中间的时候却很严厉。如今,我保罗以基督的谦卑和温柔亲自劝你们: 2我去的时候,请不要逼我这样严厉地对待你们,我的严厉是用来对付那些说我凭血气行事的人。 3因为我虽然活在血肉之躯里,但在属灵的争战上,却不是凭血气之勇。 4我们争战的兵器不是属血气的,乃是从上帝而来的能力,可以摧毁坚固的营垒, 5击破一切的谬论和阻碍人们认识上帝的骄傲言论,夺回被掳去的心思意念,使其顺服基督。 6等你们完全顺服主后,我们就要惩罚那些叛逆的人。

7你们只会看事情的表面。如果有人相信自己属于基督,他就应该再想一想,我们跟他一样也是属于基督的。 8因为主赐给我们权柄是为了造就你们,不是为了毁坏你们,就算我为这权柄稍微夸口,也不会感到羞愧。 9我不想你们认为我写信是要威吓你们。 10因为有人说:“他信中的话有分量,很严厉,他本人却软弱无能,言语粗俗。” 11说这话的人要留心:我们不在你们那里的时候,在信上怎么说,与你们见面时也会怎么做。

12我们不敢和那些自我推荐的人相提并论!他们以自己的尺度衡量自己,自我比较,实在不明智! 13但我们并非漫无边际地夸口,而是在上帝为我们定下的范围之内夸口,你们也包括在这范围之内。 14其实把你们包括在我们夸口的范围之内一点都不过分,因为我们曾把基督的福音传到你们那里。 15我们没有超出范围拿别人辛劳的成果夸口,只盼望随着你们信心的增长,我们的范围也得到极大的扩展, 16使我们可以把福音传到你们以外的地方,而不是在别人的工作范围内拿别人的成就夸口。 17“要夸耀,就当夸耀主的作为。” 18因为,蒙悦纳的是主所称许的人,而不是自我称许的人。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Korintofoɔ 10:1-18

Paulo Yi Ne Ho Ano

1Me, Paulo a sɛ mewɔ mo nkyɛn a meyɛ mmerɛ na sɛ menni mo nkyɛn nso a me koko yɛ duru ma mo no, me na metu saa fo yi. Mesrɛ me Kristo a ɔyɛ ɔyamyɛfoɔ no din mu sɛ: 2Sɛ meba hɔ a, monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Menim yie sɛ me bo bɛtumi ayɛ duru wɔ nnipa a wɔka sɛ ewiase adwene na yɛde di dwuma no no so. 3Ɛyɛ nokorɛ sɛ, yɛte ewiase, nanso yɛnnyina wiasesɛm so wɔ yɛn ko mu. 4Akodeɛ a yɛde ko no mfiri ewiase. Ɛyɛ Onyankopɔn akodeɛ a ano yɛ den a yɛbɛtumi de asɛe atamfoɔ mpampim a wɔabobɔ. Yɛsɛe akyinnyehunu. 5Yɛsɛe akwansideɛ biara a ɛtia Onyankopɔn ho nimdeɛ no. Yɛto adwene biara nnareka ma wɔtie Kristo. 6Sɛ mo setie wie pɛyɛ na obi sane yɛ asoɔden ɛkwan biara so a, yɛbɛtwe nʼaso.

7Sɛdeɛ nneɛma te no ara na mohunu. Obi wɔ hɔ a ɔkari ne ho ka sɛ, ɔyɛ Kristo dea? Onii no nkari ne ho bio nhwɛ ɛfiri sɛ, yɛn nso yɛyɛ Kristo dea sɛdeɛ ɔno nso yɛ ne dea no. 8Ɛnyɛ me aniwu sɛ aba sɛ mede tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhwɛ mo na monnyini no bɛhoahoa me ho. 9Mempɛ sɛ modwene sɛ mede me nkrataa a matwerɛ mo no rehunahuna mo. 10Obi bɛka sɛ, “Paulo nkrataa mu nsɛm no yɛ ya nanso sɛ ɔba yɛn nkyɛn nso a, ɔyɛ bɔkɔɔ na ne nsɛm nso nka hwee!” 11Ɛsɛ sɛ saa onipa no te ne ho ase sɛ, nsonsonoeɛ biara nna nsɛm a ɛwɔ yɛn nkrataa a yɛtwerɛɛ ɛberɛ a yɛnni mo nkyɛn no, ne deɛ sɛ yɛwɔ mo nkyɛn a, yɛyɛ no mu.

12Ɛyɛ nokorɛ, yɛrentumi mfa yɛn ho ntoto wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔn asetena korɔn no ho. Saa nnipa no yɛ nkwaseafoɔ! Wɔnam wɔn ho a wɔde wɔn ho toto wɔn ho wɔn ho no so bu wɔn ho atɛn. 13Yɛn deɛ, yɛn ahohoahoa no nntra beaeɛ bi. Yɛn ahohoahoa no nntra dwuma a Onyankopɔn atu yɛn sɛ yɛnyɛ a mo mu adwumayɛ ka ho no. 14Esiane sɛ mowɔ saa tebea no mu enti, yɛbaa mo nkyɛn bɛkaa Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no a yɛantra. 15Yei enti yɛmmfa adwuma a nkurɔfoɔ ayɛ nhoahoa yɛn ho te sɛ yɛn ara na yɛyɛeɛ. Deɛ yɛrepɛ ne sɛ mo gyidie ase bɛtim na ɛnam so ama yɛatumi ayɛ mo mu adwuma a yɛntra beaeɛ a Onyankopɔn ahyɛ no. 16Na yɛnam so atumi aka Asɛmpa wɔ aman foforɔ so a yɛremfa adwuma a ɔfoforɔ ayɛ no nhoahoa yɛn ho. 17Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no nhoahoa no wɔ adeɛ a Awurade ayɛ mu.” 18Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ ka a onipa bɛka ne ho asɛm pa no na ɛma Onyankopɔn gye no to mu, na mmom onipa a Onyankopɔn no ara bɛka ne ho asɛm pa no na ɔgye no to mu.