哥林多前书 16 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

哥林多前书 16:1-24

捐助圣徒

1至于捐款帮助圣徒这件事,你们可以照我吩咐加拉太各教会的方法办理。 2每逢周日,各人应按照自己的收入抽出一部分留起来,免得我到的时候才现凑。 3我到了以后,会差遣你们委托的人带着推荐信把你们的捐款送到耶路撒冷4如果我也需要去的话,他们可以跟我一起去。

保罗的计划

5我正打算从马其顿经过,过了马其顿,我就去探望你们。 6我也许会和你们住一段时期,甚至在你们那里过冬。之后,我无论去什么地方,你们都可以给我送行。 7我不想只是现在顺道探望你们,主若许可,我盼望能够和你们同住一段时期。 8我会在以弗所停留到五旬节, 9因为大门为我敞开了,工作很有成效,不过反对我的人也很多。

10提摩太到了以后,你们要好好接待他,让他在你们那里安心,因为他和我一样,都是在为主做工。 11所以谁也不许轻视他。你们要帮助他平安地回到我这里,我正在等候他和弟兄们同来。 12至于亚波罗弟兄,我虽然再三劝他和弟兄们去你们那里,但他目前还不愿启行。不过他有机会就会去。

劝勉与问候

13你们要警醒,在信仰上坚定不移,做勇敢刚强的人。 14无论做什么事,都要有爱心。

15弟兄姊妹,你们都知道司提法纳一家在亚该亚是最早信主的16:15 最早信主的”希腊文是“最早的果子”。,也知道他们怎样尽心竭力地服侍圣徒。 16你们要顺服这样的人,也要顺服所有同心努力服侍的人。 17我很高兴司提法纳福徒拿都亚该古来我这里,因为你们帮不到我的地方,他们都补足了。 18他们使我和你们心里都感到十分欣慰,你们要敬重这样的人。

19亚细亚的各教会问候你们。亚居拉百基拉夫妇和常在他们家里聚会的信徒,奉主的名衷心地向你们问安。 20全体弟兄姊妹都问候你们。你们要以圣洁的吻彼此问候。

21保罗亲笔问候你们。

22如果有人不爱主,这人可咒可诅!主啊,我愿你来!

23愿主耶稣基督的恩典与你们同在! 24我在基督耶稣里爱你们所有的人。阿们!

Asante Twi Contemporary Bible

1 Korintofoɔ 16:1-24

Ɛtoɔ Yie

1Asɛm a ɛfa ɛtoɔ a wɔbɛyi de aboa Onyankopɔn asafo mma a wɔwɔ Yudea ho no nie: Ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ meka mekyerɛɛ Galati asafo ahodoɔ sɛ wɔnyɛ no bi. 2Kwasiada biara, sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛdeɛ meba mo nkyɛn a, ɛremma monyi toɔ. 3Sɛ meba hɔ a, mɛtwerɛ adansedie krataa mede asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabɛgye mo akyɛdeɛ no de akɔ Yerusalem. 4Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.

Paulo Nhyehyɛeɛ

5Sɛ mefiri Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, ɛfiri sɛ, mɛfa hɔ. 6Ebia, mɛdi nna kakra wɔ mo nkyɛn. Ebia, mɛdi awɔberɛ no wɔ mo nkyɛn. Ɛno akyi moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ. 7Mempɛ sɛ medi nna tiaa bi mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛre. 8Nanso, mɛtena Efeso ha yi akɔsi Pentekoste da no. 9Ɛwom sɛ wɔn a wɔasɔre atia me dɔɔso deɛ, nanso akwan pa a mɛtumi mafa so madi dwuma pa wɔ ha.

10Sɛ Timoteo ba mo nkyɛn wɔ ha a, monsom no hɔhoɔ, ɛfiri sɛ, ɔreyɛ Awurade adwuma sɛdeɛ meyɛ yi ara. 11Obiara mmu no abomfiaa, na mmom, mommoa no na ɔntu ne kwan yi asomdwoeɛ mu na watumi asane abɛka me nsa, ɛfiri sɛ, merehwɛ ɔne anuanom no anim.

12Ɛfa onua Apolo ho nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a aka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛba seesei ara. Sɛ ɔnya ɛkwan deɛ a, ɔbɛba.

13Monnwɛn, momma mo gyidie mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na monnya ahoɔden. 14Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa.

15Monim Stefana ne ne fiefoɔ ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdane bɛyɛɛ Akristofoɔ ɛkan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfoɔ. Mesrɛ mo, me nuanom, 16sɛ monni nnipa a wɔte saa ne wɔn a wɔdi saa dwuma no bi na wɔne wɔn som no akyi. 17Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbaeɛ no ho. Wɔbɛsii mo anan 18na wɔama mʼani agye sɛdeɛ wɔmaa mo ani gyeeɛ no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.

19Asafo a wɔwɔ Asia no kyea mo.

Akwila ne Priska ne asafo a wɔhyia wɔn fie no nso kyea mo.

20Anuanom a wɔwɔ ha no kyea mo.

Momfa ɔdɔ nkyeakyea mo ho mo ho.

21Me ara me nsa ano atwerɛ nie: Me Paulo, mekyea mo.

22Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta “Yɛn Awurade bra!”

23Awurade Yesu adom mmra mo so.

24Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu. Amen.