哈该书 1 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

哈该书 1:1-15

耶和华命令百姓重建圣殿

1大流士王执政第二年六月一日,耶和华借着先知哈该撒拉铁的儿子犹大省长所罗巴伯约撒答的儿子大祭司约书亚说:

2“万军之耶和华说,‘这些百姓说,重建耶和华殿的时候还没到。’” 3因此,耶和华对先知哈该说: 4“这殿还是一片废墟,你们却住在华丽的房子里。 5万军之耶和华说,你们要认真反省自己的行为。 6你们种多收少,吃不饱,喝不足,穿不暖,挣来的工钱却放在漏口袋中。”

7万军之耶和华说:“你们要认真反省自己的行为。 8你们要上山伐木,重建这殿,好让我欢喜并得到尊崇。这是耶和华说的。 9你们盼望丰收,结果收的很少;你们把收成带回家,我却把它们吹走。这是什么缘故?万军之耶和华告诉你们,‘因为你们都忙于建自家的房子,任由我的殿一片废墟。 10所以,天不降雨露,地无出产。 11我让旱灾临到大地、群山、五谷、葡萄、橄榄等地里的出产以及人畜,使你们一切的劳碌付诸东流。’”

12撒拉铁的儿子犹大省长所罗巴伯约撒答的儿子大祭司约书亚和所有的余民1:12 余民”指“从流亡之地归回的人”。听到他们的上帝耶和华借先知哈该所讲的话,都顺服耶和华的话。百姓都敬畏耶和华。 13耶和华的使者哈该向百姓传达耶和华的话,说:“耶和华说,‘我与你们同在。’” 14耶和华感动撒拉铁的儿子犹大省长所罗巴伯约撒答的儿子大祭司约书亚和所有的余民,他们就动工建造他们的上帝万军之耶和华的殿, 15时值大流士王执政第二年六月二十四日。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hagai 1:1-15

Asɔredansi Ho Nkaebɔ

1Ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan wɔ Ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien so no, Awurade nam Odiyifo Hagai so, de asɛm maa Sealtiel babarima ne Yuda amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua. 2Asɛm a Asafo Awurade ka ni: “Nnipa no reka se, ‘Bere no nya nnuu sɛ wosi Awurade fi no.’ ”

3Afei, Awurade de saa asɛm yi faa Odiyifo Hagai so: 4“Saa bere yi a me fi yi abubu yi na mo de, motete mo afi a wɔaduradura mu yi ana?”

5Asɛm a, Asafo Awurade ka ni: “Munnwen mo akwan ho yiye. 6Muduaa bebree, nanso mutwaa kakraa bi. Mudidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntade, nanso ɛnka mo hyew. Munya akatua, na mode gu sika nkotoku a wɔatutu mu atokuru mu.”

7Asɛm a Asafo Awurade ka ni: “Munnwen mo akwan ho yiye. 8Afei momforo nkɔ nkoko no atifi, na momfa nnua mmra mmesi me fi no. Na mʼani begye ho, na wɔahyɛ me anuonyam.” Saa na Awurade ka. 9“Mo ani daa bebree so, nanso ɛyɛɛ kakraa bi. Na mode baa fie no, mihuw gui. Dɛn ntia?” Efisɛ, “me fi abubu.” Saa na Asafo Awurade ka, “bere a mo ani abere resisi mo afi no. 10Mo nti na ɔsoro akyere obosu agyina, na asase nso akyere mo nnɔbae. 11Mahyɛ ɔpɛ sɛ, ensi mo mfuw ne nkoko1.11 Nkoko—Wɔyɛ atrapoe sɛso a ɛtrɛw wɔn nkoko so na wɔatumi adɔw, adua, atwa. so; ɔpɛ a ɛbɛhyew mo atoko ne mo bobe ne mo ngodua ne mo nnɔbae, ɛbɛyɛ ɔpɛ a ebesi mo ne mo anantwi mu, na asɛe dwuma biara a mode mo nsa adi.”

Nkaebɔ No Sodi

12Na Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no tiee asɛm a efi Awurade, wɔn Nyankopɔn, ne Odiyifo Hagai a Awurade, wɔn Nyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade. 13Na Hagai, Awurade somafo no, de saa asɛm yi a efi Awurade nkyɛn maa nkurɔfo no: “Meka mo ho.” Saa na Awurade se. 14Ɛno nti, Awurade kanyan Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no nyinaa. Wobefii wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo Awurade, wɔn Nyankopɔn, fi no ase, 15wɔ Ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien no, ɔsram a ɛto so asia no da a ɛto so aduonu anan no.