启示录 17 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

启示录 17:1-18

大淫妇的下场

1拿着七碗的七位天使中有一位前来对我说:“你过来!我要让你看那坐在众水之上的大淫妇将要遭受的刑罚。 2地上的君王与她行淫,地上其他人也因喝了她淫乱的酒而酩酊大醉。”

3那时,我被圣灵感动,被天使带到旷野,在那里见到一个妇人骑着一只朱红色的怪兽。怪兽有七头十角,浑身写满亵渎上帝的名号。 4那妇人身穿紫色和朱红色的袍子,用黄金、宝石及珍珠装扮自己。她手中拿着金杯,里面盛满了她淫乱的污秽、可憎之物。 5在她额上还写了一个神秘的名号:“大巴比伦——地上淫妇及可憎事物之母”。 6我又见她醉了,因她喝了众圣徒的血,就是为耶稣做见证之人的血。

我看见她,非常惊奇。 7天使对我说:“你为什么这样惊奇呢?我要将这妇人和她骑的七头十角怪兽的奥秘告诉你。 8你看见的这怪兽以前出现过,现今没有出现,将来要从无底坑上来,然后走向灭亡。那些住在地上、自创世以来名字没有记在生命册上的人,都因见到这只从前出现过、现今没有出现、将来会再出现的怪兽而感到惊奇。 9这里需要智慧才能明白,它的七个头代表那妇人坐镇的七座山,又代表七个王。 10其中五个已经衰亡,一个还在,另外一个还未来到,他来后只能短暂存留。 11那从前出现过、现今没有出现的怪兽是第八个王,他是七个王之一,也要走向灭亡。 12你看见的那十个角象征另外十个还没有得势的王,他们将取得王权和那怪兽一同统治短暂的一段时期。 13他们一致同意把自己所有的能力和权柄交给那怪兽。 14他们将与羔羊交战,但羔羊必胜过他们,因为羔羊是万主之主,万王之王。那些跟随羔羊的是被呼召、蒙拣选、忠心耿耿的人。”

15天使又对我说:“你看见的那淫妇所坐的众水象征来自各民族、各国家、各语言族群的人。 16怪兽和它头上的十角必憎恨那淫妇,使她赤身露体、景况凄凉。它们要吃她的肉,最后用火将她烧尽。 17因为上帝使众王定意这样做,好完成祂的旨意。他们便同心将政权交给那怪兽,直到上帝的话得到实现。 18你看见的那妇人就是那掌管世上众王的大城。”

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 17:1-18

Odwamanfoɔ Bi

1Abɔfoɔ baason no mu baako a ɔkura nkuruwa nson no baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra na menkyerɛ wo kwan a wɔbɛfa so atwe odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii so no aso. 2Ewiase ahene ne no bɔɔ adwaman, na asase so nnipa aboto wɔ nʼadwaman nsã no mu.”

3Honhom no faa me maa ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ ɛserɛ so. Ɛhɔ na mehunuu ɔbaa bi sɛ ɔte aboa kɔkɔɔ bi a wɔatwerɛ edin a ɛyɛ abususɛm agu ne ho nyinaa. Na aboa no wɔ tire nson, ne mmɛn edu. 4Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne kɔkɔɔ a ɔde sikakɔkɔɔ aboɔ ne nhweneɛ a ne boɔ yɛ den ahyehyɛ ne ho. Na ɔkura sika kuruwa a afideɛ ne adwamammɔ ho nneɛma ayɛ no ma tɔ. 5Na wɔatwerɛ edin bi wɔ ne moma so a ne nkyerɛaseɛ no wɔ ahintasɛm mu sɛ,

“Babilonia kɛseɛ

asase so adwamanfoɔ

ne akyiwadeɛ maame.”

6Na mehunuu sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne Yesu akyidifoɔ a wɔkumm wɔn no mogya aboro no.

Mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa. 7Ɔbɔfoɔ no bisaa me sɛ, “Adɛn enti na ɛyɛ wo nwanwa? Mɛkyerɛ wo ahintasɛm nkyerɛaseɛ a ɛwɔ ɔbaa no ne aboa no a ɔwɔ tire nson ne mmɛn edu a ɔte ne so no ho. 8Aboa a wohunuu no no na ɔte ase, nanso ɔnte ase bio. Ɔrebɛfiri bunu no mu aba ama wɔasɛe no. Nnipa a wɔte asase so a wɔantwerɛ wɔn din angu ateasefoɔ nwoma no mu ansa na wɔrebɔ ewiase no, sɛ wɔhunu aboa no a, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa. Ɛberɛ bi na ɔte ase, nanso seesei ɔnte ase na ɔbɛsane aba.

9“Nyansa ne nteaseɛ ho hia wɔ ha. Etire nson no gyina hɔ ma mmepɔ nson, mmepɔ a ɔbaa no tena so. Wɔyɛ ahene baason nso 10a wɔn mu baanum awuwu, na wɔn mu baako da so di ɔhene na ɔbaako a ɔka wɔn ho no mmaeɛ. Na sɛ ɔba a ɔbɛdi ɔhene kakra. 11Aboa no a anka na ɔte ase na afei deɛ, ɔnte ase no yɛ ɔhene a ɔtɔ so nwɔtwe a ɔka baason a wɔdi ɛkan no ho a ɔrekɔ ne sɛeɛ mu.

12“Mmɛn edu a wohunuiɛ no yɛ ahene edu a wɔmfirii wɔn ahennie ase a wɔbɛma wɔn tumi na wɔne aboa no adi ɔhene dɔnhwereɛ no. 13Wɔn nyinaa wɔ botaeɛ baako, na wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn tumi bɛma aboa no. 14Wɔbɛko atia Odwammaa no, na ɔno ne nʼakyidifoɔ, agyidifoɔ ne nokwafoɔ a wɔafrɛ wɔn no bɛdi wɔn so, ɛfiri sɛ, ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Ɔhene.”

15Ɔbɔfoɔ no nso ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuo a wohunuiɛ a odwamanfoɔ no te so no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa hodoɔ. 16Mmɛn edu ne aboa no a wohunuiɛ no bɛkyiri odwamanfoɔ no. Wɔbɛfa biribiara a ɛwɔ ne ho ama wada adagya. Wɔbɛwe ne nam na wɔde ogya ahye no. 17Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔbɛpene so de wɔn tumi ama aboa no na wadi ɔhene kɔsi sɛ Onyankopɔn asɛm no bɛba mu de ahyɛ ne botaeɛ no ma. 18Ɔbaa a wohunuu no no yɛ kuro kɛseɛ a ɛdi asase so ahene so.”