启示录 11 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

启示录 11:1-19

两位见证人

1有一根杆子赐给我当量尺,同时有声音吩咐我说:“起来,量一量上帝的殿和祭坛,并数点在殿里敬拜的人。 2你不用量圣殿的外院,因为这部分已经给了外族人,他们要践踏圣城四十二个月。 3我要赐权柄给我的两个见证人,他们将身穿麻衣,传道一千二百六十天。”

4这两位见证人就是竖立在世界之主面前的那两棵橄榄树和两座灯台。 5若有人要伤害他们,他们便从口中喷出火焰,烧灭敌人;若有人企图加害他们,必定会这样被杀。 6他们拥有权能,在传道期间可以关闭天空使雨不降在地上,又有权使水变成血,并随时用各样的灾祸击打世界。

7当他们做完见证以后,从无底坑上来的兽要和他们交战,并战胜他们,把他们杀掉。 8他们便陈尸在大城的街上,这大城按寓意名叫所多玛,又名埃及,是他们的主被钉在十字架上的地方。 9三天半之久,他们的尸体不得埋葬,各民族、各部落、各语言族群、各国家的人都观看他们的尸体。 10地上万民便兴高采烈,互相送礼道贺,因为这两位先知曾使地上的人受苦。

11三天半过后,上帝的生命之气进入二人里面,他们便站立起来。看见的人都害怕极了! 12接着天上有大声音呼唤他们说:“上这里来!”他们就在敌人的注视下驾云升上天去。 13就在那一刻,发生了强烈的地震,那座城的十分之一倒塌了,因地震死亡的共七千人,生还者都在恐惧中将荣耀归给天上的上帝。

14第二样灾难过去了,第三样灾难又接踵而来!

第七位天使吹号

15第七位天使吹响号角的时候,天上有大声音说:“世上的国度现在已经属于我们的主和祂所立的基督了。祂要做王,直到永永远远。” 16在上帝面前,坐在自己座位上的二十四位长老都一同俯伏敬拜上帝,说:

17“主啊!昔在、今在的全能上帝啊!

我们感谢你,

因你已施展大能做王了。

18世上的列国曾向你发怒,

现在是你向他们发烈怒的日子了。

时候已到,你要审判死人,

你要赏赐你的奴仆、先知、圣徒

和一切不论尊卑敬畏你名的人,

你要毁灭那些毁坏世界的人。”

19那时,天上上帝的圣殿敞开了,殿内的约柜清晰可见,又有闪电、巨响、雷鸣、地震和大冰雹。

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 11:1-19

Adansefoɔ Baanu No

1Wɔmaa me susudua bi a ɛte sɛ poma, na wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na susu Onyankopɔn asɔredan no ne afɔrebukyia no na kan wɔn a wɔresom wɔ asɔredan no mu no. 2Nanso, mfa asɔredan no adihɔ nka ho, ɛfiri sɛ, wɔde hɔ ama amanamanmufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu. 3Mɛsoma mʼadansefoɔ baanu a wɔfirafira ayitoma, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahanu ne aduosia no mu.” 4Saa adansefoɔ baanu no ne ngo dua mmienu no ne nkaneadua mmienu a ɛsi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no. 5Egya firi wɔn anom bɛkunkum atamfoɔ biara a wɔpɛ sɛ wɔha wɔn no. Ɛno enti, obiara a ɔpɛ sɛ ɔha wɔn no, wɔbɛkum no. 6Wɔwɔ tumi sɛ ɛberɛ a wɔreka Onyankopɔn asɛm no, wɔto soro mu, a osuo rentɔ. Wɔwɔ tumi sɛ wɔde ɔhaw bɛto asase so mpɛn dodoɔ biara a wɔpɛ.

7Na sɛ wɔka wɔn asɛm no wie a, aboa a ɔbɛfiri bunu no mu apue no ne wɔn bɛko. Ɔbɛdi wɔn so akum wɔn 8na wɔn amu no agu kuro kɛseɛ no abɔntene so, wɔ baabi a wɔbɔɔ wɔn Awurade nnadewa mu wɔ asɛnnua no so a ɛhɔ din pa de Sodom ne Misraim no. 9Na nnipa a wɔfiri aman so ne mmusuakuo ne kasa ahodoɔ ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma ɛkwan mma wɔnsie wɔn. 10Asase so nnipa ani bɛgye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wɔbɛgye wɔn ani na wɔakyɛ wɔn ho akyɛdeɛ ɛfiri sɛ, saa adiyifoɔ baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofoɔ so.

11Nanso, nnansa akyi no, Honhom a ɔfiri Onyankopɔn hɔ bɛwura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛseɛ bɛka obiara a ɔbɛhunu. 12Afei, nne a ano yɛ den firi ɔsoro bɛka sɛ, “Mommra ɔsoro ha.” Na ɛberɛ a wɔn atamfoɔ rehwɛ wɔn no, wɔnam omununkum mu kɔɔ ɔsoro.

13Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, asase wosoo dendeenden. Kuro no nkyɛmu edu mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ wɔ asasewosoɔ no mu. Nnipa a wɔaka no bɔɔ hu na wɔkamfoo Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no kɛseyɛ.

14Ɔhaw a ɛtɔ so mmienu no atwa, nanso hwɛ, ɛrenkyɛre na ɔhaw a ɛtɔ so mmiɛnsa aba.

Totorobɛnto A Ɛtɔ So Nson

15Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson hyɛnee ne totorobɛnto, na nne denden wɔ ɔsoro kaa sɛ,

“Tumi a wɔde di ewiase so seesei no

yɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea,

na ɔbɛdi ɔhene daa daa.”

16Afei, mpanimfoɔ aduonu ɛnan a wɔte wɔn ahennwa so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutu fam, somm Onyankopɔn, 17kaa sɛ,

“Yɛda wo ase, Otumfoɔ Onyankopɔn,

wo a wowɔ hɔ na wowɔ hɔ dada,

sɛ woafa wo tumi kɛseɛ,

na wahyɛ aseɛ redi ɔhene.

18Amanaman no bo fuiɛ,

ɛfiri sɛ wʼabofuo berɛ no aduru

a ɛsɛ sɛ wɔbu awufoɔ atɛn.

Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nkoa adiyifoɔ no aba so

ne wo nkurɔfoɔ a wɔdi wo din ni no,

akɛseɛ ne nketewa.

Ɛberɛ aduru sɛ wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!”

19Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ ɔsoro no bueɛ maa wɔhunuu adaka a apam no wɔ mu no wɔ asɔredan no mu. Afei, anyinam ne aprannaa paapaee, ɛnna asase wosoeɛ na asukɔtweaa bebree nso tɔeɛ.