历代志下 35 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 35:1-27

约西亚守逾越节

1约西亚耶路撒冷为耶和华守逾越节。一月十四日,众人宰杀逾越节的祭牲。 2他指派祭司各尽其职,鼓励他们在耶和华的殿里事奉, 3又对将自己献给耶和华、负责教导以色列人的利未人说:“你们把圣约柜放在以色列大卫的儿子所罗门建的殿里,不用再扛在肩上。现在你们去事奉你们的上帝耶和华和祂的以色列子民吧。 4你们要按宗族和班次,依照以色列大卫和他儿子所罗门所写的指示,预备自己。 5你们要按你们弟兄所在宗族的班次,侍立在圣所,每个班次中要有几个利未宗族的人。 6你们要宰杀逾越节的羊羔,洁净自己,为你们的弟兄做好准备,依照耶和华借摩西所吩咐的去行。”

7约西亚从自己的产业中,捐出三万只绵羊羔和山羊羔,以及三千头公牛,赐给所有在场的人做逾越节的祭牲。 8他的众官员也自愿为民众、祭司和利未人捐献。管理上帝殿的希勒迦撒迦利亚耶歇献出两千六百只羊羔和三百头牛,给祭司做逾越节的祭牲。 9利未人的首领歌楠雅和他的两个兄弟示玛雅拿坦业,及哈沙比雅耶利约撒拔献出五千只羊羔和五百头牛,给利未人做逾越节的祭牲。

10一切都准备好后,依照王的吩咐,祭司站在自己的地方,利未人按照班次侍立。 11利未人宰杀逾越节的羊羔,祭司从他们手中接过血,洒在坛上,又剥去祭牲的皮。 12他们按照宗族把燔祭分给众人,好使他们按照摩西书上所写的,把祭物献给耶和华。献牛也是这样。 13他们按规定用火烤逾越节的羊羔,在锅里、罐里和盆里煮圣物,然后迅速分给民众。 14之后,利未人为自己和祭司预备祭物,因为做祭司的亚伦子孙要继续献燔祭和脂肪一直到晚上。 15负责歌乐的亚萨子孙依照大卫亚萨希幔和王的先见耶杜顿的吩咐,站在自己的岗位上;殿门守卫都看守各门,不必离开工作岗位,因为他们的弟兄利未人为他们预备了祭物。

16当天,一切事奉的事都办好了,他们就按约西亚王的命令守逾越节,又在耶和华的坛上献燔祭。 17所有在场的以色列人都在那时守逾越节,又守除酵节七天。 18撒母耳先知以来,在以色列从来没有守过这样的逾越节,以色列从没有君王像约西亚、祭司、利未人、所有在场的犹大人和以色列人,以及耶路撒冷的居民这样守过逾越节。 19这次逾越节是在约西亚执政第十八年庆祝的。

约西亚逝世

20约西亚办理完殿里的事后,埃及尼哥上来,要攻打幼发拉底河附近的迦基米施约西亚出兵拦阻。 21尼哥派使者对约西亚说:“犹大王啊,我与你没有恩怨。我今天来不是要攻击你,乃是要攻击与我作战的那一家。上帝吩咐我要速速完成,你不要与上帝作对,免得祂毁灭你,因为上帝与我同在。” 22约西亚却不听上帝借尼哥说的话。他没有退兵,反而乔装上阵,与尼哥会战于米吉多平原。 23约西亚王在战场上中箭受伤,就对仆人说:“我受了重伤,带我离开吧。” 24他的仆人就扶他下战车,上另一辆战车,送到耶路撒冷约西亚死在那里,葬在他祖先的坟墓里。所有犹大耶路撒冷的人都为他哀悼。 25耶利米约西亚作了哀歌,所有的男女歌乐手至今仍用这些哀歌纪念约西亚,成了以色列的传统。这些哀歌都记在《哀歌书》上。

26约西亚其他的事迹和他怎样忠心地遵行耶和华的律法, 27自始至终都记在《以色列和犹大的列王史》上。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 35:1-27

Yosia Di Twam Afahyɛ No

1Yosia dii Awurade Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem na wokum Twam guamma no wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan. 2Yosia maa asɔfo no kɔɔ wɔn nnwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran wɔ wɔn dwumadi mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ. 3Ɔhyɛɛ Lewifo a wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔnsom Awurade, na wɔyɛ akyerɛkyerɛfo wɔ Israel no se, “Esiane sɛ mprempren Apam Adaka no wɔ Salomo Asɔredan mu, na ɛho nhia sɛ mobɛsoa wɔ mo mmati so de adi akɔneaba nti, momfa mo mmere nsom Awurade, mo Nyankopɔn ne ne nkurɔfo Israel. 4Monkɔ mo nnwuma so sɛnea mo agyanom mmusua nkyekyɛmu no te, ne sɛnea Israelhene Dawid ne ne babarima Salomo ahyɛde a wɔakyerɛw no kyerɛ.

5“Munnyinagyina kronkronbea a wɔayi ama mo no, na mommoa mmusua a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no bere a wɔde wɔn afɔre aba Asɔredan mu no. 6Munkum Twam nguamma no, na munnwira mo ho, na mommoa wɔn a wɔbɛba no. Ahyɛde biara a Awurade nam Mose so de mae no, munni so.”

7Na Yosia fii nea ɔwɔ mu, maa nguantenmma ne mmirekyimma mpem aduasa ne anantwinini mpem abiɛsa sɛ nnipa no Twam afɔrebɔde.

8Ɔhene no mpanyimfo nso fi wɔn pɛ mu boaa ɔmanfo, asɔfo ne Lewifo no. Hilkia, Sakaria ne Yehiel a wɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no ho mpanyimfo nso maa asɔfo no nguantenmma ne mmirekyimma mpem abien ne ahansia ne anantwinini ahaasa sɛ Twam afɔrebɔde. 9Lewifo ntuanofo Kenania ne ne nuanom mmarima Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad maa Lewifo nguantenmma ne mmirekyimma mpem anum ne anantwinini ahannum sɛ wɔn Twam afɔrebɔde.

10Bere a Twam Afahyɛ no ho ahosiesie baa awiei no, asɔfo ne Lewifo no gyinagyinaa wɔn afa sɛnea ɔhene no ahyehyɛ ama akuwakuw no. 11Lewifo no kunkum Twam nguamma no, na wɔde mogya no maa asɔfo no, na wɔde petee afɔremuka no so bere a na Lewifo no regua mmoa no. 12Wɔkyekyɛɛ ɔhyew afɔrebɔde no maa ɔmanfo no sɛnea wɔn mmusua nkyekyɛmu no te, na wɔatumi de abɔ afɔre ama Awurade, sɛnea mmara a wɔakyerɛw agu Mose nhoma no mu no kyerɛ. Saa ara na wɔyɛɛ anantwinini no nso. 13Wɔtotoo Twam nguamma no sɛnea wɔakyerɛ no, na wɔnoaa afɔrebɔde kronkron no wɔ nkuku, dadesɛn ne nkankyee mu de baa ntɛm so sɛnea ɔmanfo no betumi awe. 14Akyiri no, Lewifo yɛɛ wɔn ne asɔfo no aduan, efisɛ na asɔfo no ayɛ adwuma fi anɔpa kosi anadwo a wɔrebɔ ɔhyew afɔre no na wɔrehyew srade no. Saa ahosiesie yi nyinaa, Lewifo no na wogye too wɔn ho so yɛe.

15Asaf asefo nnwom ho nimdefo no nso, na wɔwɔ wɔn nnwuma so, sɛnea Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehuni no kyerɛɛ wɔn no. Aponanohwɛfo no wɛn apon no a na ɛho nhia sɛ wofi wɔn nnwuma so, efisɛ na wɔn mfɛfo Lewifo no de wɔn nnuan kɔma wɔn wɔ hɔ.

16Awurade Twam Afahyɛ no baa awiei da no. Wɔbɔɔ ɔhyew afɔre no nyinaa wɔ Awurade afɔremuka no so, sɛnea ɔhene Yosia hyɛe no. 17Israelfo a wɔwɔ Yerusalem de nnanson dii Twam ne Apiti Afahyɛ no. 18Efi odiyifo Samuel bere so no, wonnii Twam sɛɛ da. Israel ahemfo no mu biara mpo anni Twam sɛnea Yosia yɛe a ɔmaa asɔfo, Lewifo, ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wofi Yuda ne Israel nyinaa bɛkaa ho. 19Wodii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yosia ahenni mfirihyia dunwɔtwe so.35.19 Afe a ɛto so dunwɔtwe. Afe koro no ara mu na wohuu Mmara Nhoma no (34.8,14).

Yosia Wu Wɔ Akono

20Yosia siesiee Asɔredan no wiei no, Misraimhene Neko dii nʼakofo anim fii Misraim, sɛ wɔrebɛko wɔ Karkemis wɔ asu Eufrate ano. Na Yosia ne nʼakofo nso sii mu sɛ wɔne no rekɔko. 21Nanso ɔhene Neko tuu abɔfo de nkra yi kɔmaa Yosia: “Dɛn na wo Yudahene hwehwɛ afi me nkyɛn? Me ne wo nni akasakasa nnɛ! Nea mehwehwɛ ne sɛ, me ne ɔman a matu ne so sa no bɛko. Na Onyankopɔn aka akyerɛ me se, menyɛ no ntɛm. Ntwintwan Onyankopɔn a ɔka me ho no anan mu, anyɛ saa a ɔbɛsɛe wo.”

22Nanso Yosia antie Neko a Onyankopɔn akasa akyerɛ no ampa ara no, annan nʼani. Mmom, odii nʼakofo anim kɔkoo wɔ Megido tataw so. Ɔworɔw nʼahentade no guu nkyɛn baabi sɛnea atamfo no renhu no.

23Nanso atamfo agyantowfo no tow bɛmma ma ɛwɔɔ ɔhene Yosia, piraa no. Ɔteɛɛ mu frɛɛ ne mmarima se, “Momfa me mfi akono ha, efisɛ mapira pira bɔne.” 24Enti woyii Yosia fii ne teaseɛnam mu, de no too teaseɛnam foforo mu. Na wɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɛhɔ na owui. Wosiee no hɔ wɔ adehye amusiei. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa yɛɛ no ayi.

25Odiyifo Yeremia too kwadwom maa Yosia, na ebesi nnɛ yi, nnwontofo to saa kwadwom a ɛfa ne wu no ho no. Saa kwadwom yi abɛyɛ amanne a wɔakyerɛw ahyɛ Kwadwom Nhoma mu.

26Yosia ahenni ho nsɛm nkae ne nʼahofama sɛnea Awurade mmara te no, 27fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma mu.