历代志下 32 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 32:1-33

希西迦加强防御

1希西迦忠心地办好这些事以后,亚述西拿基立起兵入侵犹大,围攻各坚城,企图攻占这些城。 2希西迦西拿基立定意要攻打耶路撒冷3就与众官员和将领商议,决定截断城外的水源,众人也都赞成。 4于是,他们召集大批民众,截断所有的水源和过境的溪流,不让亚述王得到充足的水。 5希西迦发愤图强,修筑所有被毁坏的城墙,在上面建造城楼,在城外加建一道墙,并在大卫城的米罗加强防御,制造许多兵器和盾牌。 6他委任将领管理民众,将他们全部召集在城门的广场上,训勉他们说: 7“你们要刚强勇敢,不要在亚述王和他的大军面前恐惧惊慌,因为与我们同在的比与他同在的更有能力。 8那与他同在的只是血肉之躯,与我们同在的却是我们的上帝耶和华,祂必帮助我们,为我们作战。”众人因犹大希西迦的这番话而得到鼓舞。

亚述恐吓耶路撒冷

9之后,亚述西拿基立率领全军围攻拉吉,同时派遣使者到耶路撒冷城,对犹大希西迦和城中所有的犹大人说: 10亚述西拿基立这样说,‘你们仍然留在被困的耶路撒冷,究竟倚仗什么呢? 11希西迦说你们的上帝耶和华会从亚述王手中拯救你们,难道你们不知道这是哄骗你们的话,是要叫你们留在这里饥渴至死吗? 12希西迦不是曾经废掉耶和华的丘坛和祭坛,吩咐犹大人和耶路撒冷人只在一个祭坛前敬拜,在祭坛上烧香吗? 13难道你们不知道我和我的祖先怎样对付列国吗?列国的神明哪个能从我手中救自己的国家呢? 14我祖先所灭的列国中,有哪国的神明能从我手中救自己的国民呢?难道你们的上帝能从我手中救你们吗? 15所以,不要让希西迦欺骗、迷惑你们,也不要相信他!任何民族或国家的神明都不能从我和我祖先手中救他的人民,何况你们的上帝呢?’”

16亚述王的使者还用别的话毁谤耶和华上帝和祂的仆人希西迦17西拿基立还写信侮辱以色列的上帝耶和华说:“既然列邦的神明都不能从我手中救自己的人民,希西迦的上帝也不例外。” 18亚述王的使者用希伯来语大声向城墙上的耶路撒冷人喊话,威吓他们,使他们惧怕,以便攻取城。 19他把耶路撒冷的上帝与世间人手所造的神像相提并论。

耶和华拯救耶路撒冷

20于是,希西迦王和亚摩斯的儿子以赛亚先知向天上的上帝呼求祷告。 21耶和华就差遣一个天使进入亚述王营中,毁灭了所有的勇士、官长和将领。西拿基立只好满脸羞愧地返回自己的国家。趁他去他神明的庙里时,他的几个亲生儿子用刀杀了他。 22这样,耶和华从亚述西拿基立及一切仇敌手中拯救了希西迦耶路撒冷的居民,使他们四境平安。 23许多人带着祭物到耶路撒冷献给耶和华,也带许多名贵的礼物送给犹大希西迦。此后,希西迦受到各国的敬重。

希西迦的疾病和骄傲

24那时,希西迦病危,他向耶和华祈求。耶和华应允了他,赐给他一个征兆。 25希西迦却没有为他所蒙的恩典而感谢上帝,因为他心中骄傲。因此,上帝的烈怒临到他、犹大耶路撒冷26后来希西迦耶路撒冷的居民发觉自己心里骄傲,就谦卑下来。因此,在希西迦有生之年,耶和华的烈怒没有临到他们。

希西迦的财富和尊荣

27希西迦极有财富和尊荣。他建造库房来存放他的金、银、宝石、香料、盾牌和各种珍宝, 28又建造仓库来贮藏谷物、新酒和新油,并为各类牲畜盖棚立圏。 29他为自己建造城邑,并且拥有大批的牛羊,因为上帝赐他极多的财富。 30他截断基训的上泉,将水引到大卫城的西边。希西迦凡事亨通。 31然而,当巴比伦的使者来见他,询问他有关这地方发生的奇迹时,上帝就让希西迦自行处理,为要试验他,好知道他内心如何。

希西迦逝世

32希西迦其他的事迹和他对耶和华的忠诚都记在亚摩斯的儿子以赛亚先知的《启示书》上,以及《犹大和以色列的列王史》上。 33希西迦与祖先同眠后,葬在大卫子孙墓地的高处。所有犹大人和耶路撒冷的居民都向他致哀。他儿子玛拿西继位。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 32:1-33

Asiria Tu Yuda So Sa

1Ɔhene Hesekia de nokwaredi wiee saa dwumadi yi, Asiriahene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda so, dii so nkonim. Otuaa nkurow a wɔabɔ ho ban no, na ɔhyɛɛ nʼakofo sɛ wommubu wɔn afasu no, mmɔ nwura mu. 2Bere a Hesekia huu sɛ Sanaherib asan ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛtow ahyɛ Yerusalem so no, 3ɔne ne mpanyimfo ne nʼasraafo mu afotufo tuu agyina. Wosii gyinae sɛ wobesiw asu a ɛsen fa kuropɔn no akyi no kwan ma wɔboaa no. 4Wɔboaboaa adwumayɛfo ano sɛ wonkosi nsuti kwan na ansen ankɔ mfuw no mu. Na wɔkae se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Asiria ahemfo bɛba ha abenya nsu bebree?” 5Afei, Hesekia miaa ne bammɔ mu, osiesiee ɔfasu no baabiara a abubu no, na ɔtoo ɔfasu foforo kaa nea ɛwɔ hɔ dedaw no ho. Ɔsan miaa bammɔ a ɛwɔ Milo a ɛwɔ Dawid kuropɔn no mu no mu. Afei ɔyɛɛ akode ne nkatabo bebree.

6Oyii asraafo mpanyimfo ma wɔhwɛɛ ɔmanfo no so, na ɔhyɛɛ sɛ wommehyia no wɔ kurow no pon ano aguabɔbea hɔ. Na Hesekia kaa nkuranhyɛsɛm kyerɛɛ wɔn se, 7“Monyɛ den na momma mo bo nyɛ duru. Munnsuro Asiriahene anaa nʼakofodɔm kɛse no, na yɛwɔ tumi a ɛso wɔ yɛn afa. 8Ɛwɔ mu sɛ ɔwɔ asraafodɔm kɛse de, nanso wɔyɛ nnipa kɛkɛ. Yɛwɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn a ɔbɛboa yɛn adi ako ama yɛn.” Saa nsɛm a Hesekia, Yudahene kae yi hyɛɛ ɔmanfo no nkuran bebree.

Senaherib Hunahuna Yerusalem

9Bere a Asiriahene Sanaherib gu so retua Lakis kurow no, ɔsomaa mpanyimfo kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa saa nkra yi nkɔma Hesekia ne ne manfo a wɔwɔ kurow no mu nyinaa:

10“Sɛnea Asiriahene Sanaherib se ni: Dɛn na mode mo ho to so, na ɛma mo susuw sɛ, mubetumi agyina Yerusalem anotua yi ano? 11Hesekia aka se: ‘Awurade, yɛn Nyankopɔn, begye yɛn afi Asiriahene nsam.’ Nokwarem, Hesekia regyigye mo ama ɔkɔm ne osukɔm akum mo! 12Nokware, nea ɛsɛ sɛ mote ase ne sɛ, Hesekia no ara na obubuu Awurade nsɔree so ne afɔremuka no nyinaa. Ɔhyɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ wɔnsom wɔ afɔremuka baako pɛ a ɛwɔ Asɔredan no mu no so, na wɔmmɔ afɔre ahorow wɔ ɛno nko ara so.

13“Nokware, ɛsɛ sɛ muhu nea me ne Asiria ahemfo a wɔaka no ayɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Anyame a na wɔwɔ saa aman no so no tumi gyee wɔn nkurɔfo fii me tumi ase ana? 14Ma nhwɛso baako kyerɛ onyame bi a ɔwɔ baabi a otumi gyee ne nkurɔfo fii me nsam! Dɛn na ɛma wudwen sɛ, wo Nyankopɔn betumi ayɛ ade pa bi? 15Mommma Hesekia mmu mo kwasea. Mommma ɔnnaadaa mo saa! Miti mu, ka bio se, ɔman biara anyame ntumi nnyee ne nkurɔfo mfii me anaa mʼagyanom nsam da. Na ɛbɛyɛ dɛn na mo Nyankopɔn agye mo afi me tumi ase!”

16Na Sanaherib mpanyimfo kɔɔ so dii Awurade Nyankopɔn ne ne somfo Hesekia ho fɛw, twaa no adapaa. 17Ɔhene no san kyerɛw nkrataa de buu Awurade, Israel Nyankopɔn animtiaa. Ɔkyerɛw se: “Sɛnea anyame a wɔwɔ aman ahorow so antumi annye wɔn nkurɔfo amfi me tumi ase no, saa ara na Hesekia Nyankopɔn nso bedi nkogu.” 18Asiria mpanyimfo a wɔde krataa no bae no teɛteɛɛ mu de Hebri kasa kaa saa asɛm yi kyerɛɛ nnipa a wɔaboa wɔn ho ano wɔ kurow no fasu fadansin no so, de hunahunaa wɔn, sɛnea wobetumi afa kuropɔn no a wɔremmrɛ ho. 19Saa mpanyimfo yi kasa faa Yerusalem Nyankopɔn yi ho te sɛ abosonsomfo anyame no mu baako a wɔde nnipa nsa na ɛyɛɛ no.

20Ɔhene Hesekia ne Amos babarima odiyifo Yesaia bɔɔ mpae dennen, frɛɛ ɔsorosoro Nyankopɔn no. 21Na Awurade somaa ɔbɔfo, bɛsɛee Asiria asraafodɔm ne wɔn asahene ne wɔn mpanyimfo nyinaa. Na Sanaherib de aniwu san kɔɔ ne kurom. Na owuraa ne nyame abosonnan mu no, ɔno ankasa mmabarima no mu baako twee ne so afoa, kum no.

22Saa ɔkwan yi na Awurade faa so de gyee Hesekia ne Yerusalem manfo nkwa fii Asiriahene Sanaherib ne wɔn a wohunahuna wɔn no nyinaa nsam. Enti ɛmaa asomdwoe baa asase no so nyinaa. 23Efi saa bere no, aman a atwa wɔn ho ahyia no de obu ne nidi a enni kabea maa ɔhene Hesekia, na wɔde akyɛde bebree a ɛyɛ Awurade dea kɔɔ Yerusalem, na wɔde nneɛma a ɛsom bo kɔmaa Ɔhene Hesekia nso.

Hesekia Yare Ne Nʼayaresa

24Bere no mu, Hesekia yaree owuyare. Ɔbɔɔ mpae frɛɛ Awurade ma ɔsaa no yare daa nsɛnkyerɛnne nwonwaso bi adi kyerɛɛ no. 25Nanso Hesekia anyɛ adɔe a wɔyɛ kyerɛɛ no no so ade, na mmom, ɔbɛyɛɛ ahantan. Enti Awurade abufuw baa ɔno, Yuda ne Yerusalem nyinaa so. 26Enti Hesekia nuu ne ho wɔ nʼahantansu no ho, na ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no nso brɛɛ wɔn ho ase. Ɛno nti, Hesekia nkwanna mu no, Awurade abufuw amma wɔn so.

27Hesekia nyaa ne ho, na wobuu no yiye. Osisii adekoradan sononko bi a ɔkoraa ne dwetɛ, sikakɔkɔɔ, aboɔden abo, nnuhuam, ne nkatabo ne ne nneɛma a ɛsom bo pii no wɔ mu. 28Ɔsan sisii adekoradan de nʼatoko, ne nsa ne ne ngo guu mu; osisii buw bebree maa nʼanantwi ne ne nguan ne ne mmirekyi. 29Ɔkyekyeree nkurow pii, pɛɛ nguan ne anantwi bebree, efisɛ na Onyankopɔn ama no ahonya bebree.

30Osiw asuti a na ɛwɔ Gihon atifi fam no, na ɔde nsu no faa ɔdorobɛn mu kɔɔ Dawid kuropɔn no atɔe fam. Na biribiara a ɔyɛe no nso, ɛyɛɛ yiye. 31Bere a Babilonia ananmusifo bebisaa nneɛma titiriw a asisi wɔ asase no so no, Onyankopɔn twee ne ho fi Hesekia ho, de sɔɔ no hwɛe, pɛɛ sɛ ohu nea ɛwɔ ne koma mu.

Hesekia Ahenni Awiei

32Hesekia ahenni ho nsɛm nkae ne nʼahofama no, wɔakyerɛw wɔ Amos babarima odiyifo Yesaia anisoadehu a ɛka Yuda ne Israel ahemfo nhoma ho no mu. 33Bere a Hesekia wui no, wosiee no wɔ adehye amusiei no atifi fam, na Yuda ne Yerusalem nyinaa hyɛɛ no anuonyam wɔ ne wu mu. Na ne babarima Manase, dii nʼade sɛ ɔhene.