历代志下 31 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 31:1-21

希西迦的改革

1当一切都办妥后,所有在场的以色列人就前往犹大各城邑,打碎神柱,砍倒亚舍拉神像,又拆毁犹大便雅悯以法莲玛拿西境内所有的丘坛和祭坛,然后各自返回自己的城邑和家园。

2希西迦分派祭司和利未人的班次,使他们各司其职,献上燔祭和平安祭,在耶和华殿门内事奉,称谢、颂赞耶和华。 3王又从自己的产业中划分出一部分作为早晚的燔祭,以及安息日、朔日及耶和华律法规定的其他节期的燔祭。

4他又吩咐耶路撒冷的居民将祭司和利未人当得的份交给他们,好使他们专心执行耶和华的律法。 5谕旨一出,以色列人就献出许多初熟的五谷、新酒、新油、蜂蜜、田间的出产及各样物品的十分之一,数量极多。 6住在犹大各城的以色列人和犹大人也送来牛羊的十分之一,以及献给他们的上帝耶和华的圣物,就是十一奉献,把它们堆积成堆。 7他们从三月开始堆积,到七月才结束。 8希西迦与众官员来了,看见堆积起来的供物,就称颂耶和华,又为耶和华的以色列子民祝福。 9希西迦向祭司和利未人询问这些供物的事, 10撒督家族的亚撒利雅大祭司回答说:“自从民众把这些供物送到耶和华的殿里以来,我们不但吃得饱,还剩下许多。因为耶和华赐福给祂的子民,所以才有这么多剩余。”

11于是,希西迦下令在耶和华的殿里预备库房。他们预备好后, 12便忠心地把供物、十一奉献和圣物放进库房。利未歌楠雅总管这事,他的兄弟示每做助手。 13耶歇亚撒细雅拿哈亚撒黑耶利末约撒拔以列伊斯玛基雅玛哈比拿雅做监督协助歌楠雅和他兄弟示每,他们都是希西迦王和管理上帝殿的亚撒利雅指派的。 14看守东门的利未人音拿的儿子可利,负责管理民众自愿献给上帝的礼物,以及分发献给耶和华的供物和至圣之物。 15伊甸珉雅珉耶书亚示玛雅亚玛利雅示迦尼雅在祭司所在的各城忠心地协助可利,按照班次,不分老幼,将物品分给他们的弟兄。 16此外,他们还分给三岁及三岁以上、姓名记在家谱上、每天在耶和华的殿中按班次供职的男子, 17并分给按宗族登记在家谱上的祭司,按班次和职任分给二十岁及二十岁以上的利未人, 18也按照家谱分给他们的妻子儿女,因为他们诚心洁净自己。 19至于住在各城郊野做祭司的亚伦子孙,各城都有指定的人把应得之份分给祭司中所有的男子和登记在家谱上的利未人。

20希西迦犹大全境都如此行,做他的上帝耶和华视为良善、正直和忠心的事。 21无论是在上帝的殿中事奉,还是遵行律法和诫命,他都寻求他的上帝,尽心去做。因此,他行事顺利。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 31:1-21

Hesekia Ɔsom Nhyehyɛe Foforo

1Afahyɛ no twaa mu no, Israelfo a wɔkɔɔ bi no kɔɔ Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase nkurow nyinaa so, kɔsɛee afadum kronkron no, twitwaa Asera nnua no, yiyii abosonsomfo nsɔree so ne afɔremuka no. Eyi akyi, Israelfo no san kɔɔ wɔn nkurow so ne wɔn afi mu.

2Hesekia kyekyɛɛ asɔfo no ne Lewifo no mu akuwakuw, sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, sɛ wɔnsom, na wɔmfa aseda ne nkamfo mma Awurade wɔ Asɔredan no apon ano. 3Ɔhene no ankasa fii nea ɔwɔ mu maa anɔpa ne anwummere, nnaawɔtwe homeda afahyɛ ne Ɔsram Foforo Afahyɛ no ne afirihyia afɔre a aka no ɔhyew afɔrebɔde, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Awurade Mmara no mu no. 4Ɔhyɛɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no mfa nea wonya mu kyɛfa a mmara no ka no bɛma asɔfo no ne Lewifo no, sɛnea ɛbɛma wɔde wɔn ho nyinaa ahyɛ Awurade Mmara no mu.

5Nnipa no tiee no aso pa mu, na wofi koma pa mu de atoko, nsa foforo, ngo, ɛwo ne wɔn nnɔbae nkae mu nea edi kan nyinaa bae. Wɔde wɔn ahode biara mu ntotoso du du bae. 6Nnipa a wotu fii Israel baa Yuda no ne Yudafo no ankasa de wɔn anantwi ne wɔn nguan so ntotoso du du ne nneɛma a wɔahyira so ama Awurade, wɔn Nyankopɔn no so ntotoso du du bae. Wɔboaa ano ma ɛyɛɛ akuw akɛseakɛse. 7Wɔde saa ntotoso du du a edi kan no baa ɔsram a ɛto so abiɛsa no awiei mu, na nneɛma no anoboa kɔɔ so kosii ɔsram a ɛto so ason no mfiase mu. 8Bere a Hesekia ne ne mpanyimfo behuu nneɛma no dodow no, wɔdaa Awurade ne ne nkurɔfo Israel ase.

9Hesekia bisaa asɔfo no ne Lewifo no se, “Ɛhe na eyinom nyinaa fi bae?” 10Na ɔsɔfopanyin Asaria a ofi Sadok abusua mu buae se, “Efi bere a ɔmanfo fii ase sɛ wɔde akyɛde reba Awurade Asɔredan mu no, yɛanya bebree a yebedi ama bi aka, efisɛ Awurade ahyira ne nkurɔfo.”

11Hesekia yɛɛ nʼadwene sɛ obenya adekoradan wɔ Awurade Asɔredan no mu, na wɔyɛe. 12Na wodii nokware de akyɛde no ne ntotoso du du no nyinaa baa Asɔredan no mu. Wɔde hyɛɛ Lewini Kenania nsa maa ne nua Simei yɛɛ ne boafo. 13Na Yehiel, Asasia, Nahat, Asahel, Yerimot, Yosabad, Eliel, Ismakia, Mahat ne Benaia yɛ wɔn a wɔhwɛ hɔ no aboafo. Ɔhene Hesekia ne Asaria a na ɔyɛ wɔn a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mu so panyin no na wɔkyekyɛɛ saa dibea ahorow yi.

14Lewini Yimna babarima Kore a ɔyɛ Apuei Pon ano hwɛfo no na wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnkyekyɛ Onyankopɔn ayamye afɔrebɔde a ɛyɛ akyɛde ne nneɛma a wɔde ama Awurade no. 15Nʼaboafo nokwafo no ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria ne Sekania. Na wɔkyekyɛɛ nneɛma no maa asɔfo mmusua a wɔwɔ wɔn nkurow so sɛnea wɔn nkyekyɛmu te, na wɔkyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ maa mmofra ne mpanyin.

16Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfe abiɛsa rekɔ nyinaa akyɛde no bi a wɔn din wɔ wɔn anato nhoma mu, na da biara wɔkɔ Awurade Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn kuw no nsa no. 17Na wɔkyɛɛ nneɛma no maa asɔfo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn anato nhoma mu ne Lewifo a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa, a wɔahyehyɛ wɔn din sɛnea wɔn nnwuma ne wɔn nkyekyɛmu te no. 18Na wɔmaa abusuafo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ anato nhoma mu a nkokoaa, ɔyerenom ne mmabarima ne mmabea nso ka ho nnuan. Efisɛ na wɔadi nokware adwira wɔn ho.

19Na asɔfo, Aaron asefo a na wɔtete nkuraa a atwa nkurow no ho ahyia no anaa nkurow no mu no de, woyiyii nnipa ma wɔkyɛɛ ɔbarima biara a ɔfra asɔfo no mu ne Lewifo a wɔakyerɛw wɔn din anato mu no nneɛma no bi.

20Saa ɔkwan yi so na Hesekia fa kyɛɛ nneɛma wɔ Yudaman no mu nyinaa, na ɔyɛɛ nea ɛfata na ɛsɔ Awurade, ne Nyankopɔn ani. 21Nea Hesekia yɛɛ nyinaa de som wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu, ne mmɔden a ɔbɔɔ sɛ obedi ne mmara ne nʼahyɛde so no, ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ ne Nyankopɔn. Ne saa nti, ɛma onyaa nkɔso bebree.