历代志下 25 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 25:1-28

犹大王亚玛谢

1亚玛谢二十五岁登基,在耶路撒冷执政二十九年。他母亲叫约耶但,是耶路撒冷人。 2他做耶和华视为正的事,只是没有全心去做。 3他巩固了王位后,立即处死了杀他父王的臣仆, 4但没有处死他们的孩子,遵行了耶和华在摩西律法书中的吩咐:“不可因孩子犯罪而处死父亲,也不可因父亲犯罪而处死孩子。各人要自负罪责。”

与西珥人交战

5亚玛谢召集犹大人,按着犹大便雅悯宗族设立千夫长和百夫长,并数点二十岁以上、能使用盾牌矛枪且有作战能力的精兵,共有三十万人。 6他又用三点四吨银子从以色列雇来十万精兵。 7一位上帝的仆人来对他说:“王啊,不要让以色列的军队与你同去,因为耶和华不与以色列人——以法莲的子孙同在。 8你若一定要去,即使你奋勇争战,上帝也必使你败在敌人面前,因为上帝有能力帮助,也有能力倾覆。” 9亚玛谢问上帝的仆人:“我付给以色列军队的三点四吨银子怎么办?”上帝的仆人回答说:“耶和华能赐给你更多的银子。” 10于是,亚玛谢解散从以法莲雇来的军队,让他们回家去。他们非常恼怒犹大人,怒气冲冲地回家去了。

11亚玛谢鼓起勇气,率领本国军队去盐谷,杀了一万西珥人, 12又把生擒的一万人推下山崖摔得粉身碎骨。 13可是,那些被亚玛谢遣返、未能出征的以色列军队侵入从撒玛利亚伯·和仑一带的犹大各城,杀了三千人,抢了大批财物。

14亚玛谢杀败以东25:14 以东人又称西珥人。后,带回了他们的神像,立为自己的神明,向它们祭拜烧香。 15因此,耶和华向亚玛谢发怒,祂派一个先知去见他,说:“这些神明既然不能从你手中救自己的人民,你为什么还要祭拜它们呢?” 16先知的话还没有说完,王就打断他,说:“住口!谁立你做王的谋士了?你要自取灭亡吗?”先知停了一下,又说:“我知道上帝已定意要毁灭你,因为你做了这事,不听我的忠告。”

与以色列交战

17犹大亚玛谢与群臣商议后,就派人对耶户的孙子、约哈斯的儿子、以色列约阿施说:“来,我们战场上见。” 18以色列约阿施派人回复犹大亚玛谢说:“黎巴嫩的蒺藜派使者去对黎巴嫩的香柏树说,‘将你的女儿嫁给我儿子吧。’后来黎巴嫩的一只野兽经过,把那蒺藜践踏在脚下。 19你打败了以东人就趾高气扬。你还是待在家里吧,何必惹祸上身,使你和犹大一同灭亡呢?”

20亚玛谢不理会他的劝告。原来这事出于上帝,要把他们交在约阿施手中,因为他们求告以东的神明。 21于是,以色列约阿施起兵攻打犹大亚玛谢,两王会战于犹大伯·示麦22犹大人被以色列人打败,兵将都各自逃回家去了。 23以色列约阿施伯·示麦擒获约哈斯的孙子、约阿施的儿子、犹大亚玛谢,把他带到耶路撒冷,又拆毁从以法莲门到角门约一百八十米长的耶路撒冷城墙, 24抢走俄别·以东在上帝殿中看守的所有金银和器皿以及王宫里的财宝,并带着人质返回撒玛利亚

25约哈斯的儿子以色列约阿施死后,约阿施的儿子犹大亚玛谢又活了十五年。 26亚玛谢其他的事自始至终都记在犹大以色列的列王史上。 27亚玛谢背弃耶和华后,耶路撒冷有人谋反,他就逃到拉吉,但叛党派人追到那里杀了他。 28有人用马将他的尸体驮回耶路撒冷,葬在犹大城他的祖坟里。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 25:1-28

Amasia Di Hene Wɔ Yuda

1Amasia dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii ade mfirihyia aduonu akron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yehoadan a ofi Yerusalem. 2Amasia yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Awurade ani, nanso na emfi ne koma nyinaa mu. 3Bere a Amasia tim wɔ nʼahenni mu yiye no, okunkum mmarima a wokum nʼagya a na ɔyɛ ɔhene no. 4Nanso wankunkum awudifo no mma, efisɛ otiee Awurade ahyɛde a wɔakyerɛw wɔ Mose mmara nhoma no mu no se: Ɛnsɛ sɛ wokunkum awofo wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ nti, anaa wokunkum mma wɔ awofo bɔne a wɔayɛ nti. Wɔn a wɔsɛ owu no, ɛsɛ sɛ wokum wɔn wɔ wɔn nnebɔne nti.

5Ade foforo a Amasia yɛe ne sɛ, ɔyɛɛ nhyehyɛe foforo wɔ asraafo no mu, de ntuanofo tuatuaa Yuda ne Benyamin mmusua no mu biara ano. Afei, ɔkan wɔn huu sɛ nʼakofo a wɔadi mfe aduonu rekɔ no dodow yɛ mmarima mpem ahaasa, na wɔatetew wɔn nyinaa wɔ peawtow ne nkatabokura mu. 6Ɔsan tuaa dwetɛ tɔn 3.4 sɛ apaade maa Israel mmarima mpem ɔha a wonim akodi yiye.

7Nanso Onyankopɔn nipa baa ɔhene no nkyɛn bɛkae se, “Ɔhene, ntua sika mfa asraafo mfi Israel, efisɛ Awurade nka Israel ho. Ɔremmoa saa nnipa a wofi Efraim no. 8Sɛ woma wɔkɔka wʼakofo ho kɔ ɔko, na moko sɛ dɛn ara a, wobedi mo so nkonim. Onyankopɔn betu mo agu, efisɛ ɔwɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔsɛe.”

9Amasia bisaa Onyankopɔn nipa no se, “Na dwetɛ a mitua kɔbɔɔ Israel asraafo paa no nso menyɛ no dɛn?”

Onyankopɔn nipa no buae se, “Awurade betumi ama wo nea ɛsen sɛɛ koraa.”

10Enti Amasia pɔn asraafo a ɔbɔɔ wɔn paa no ma wɔsan kɔɔ Efraim. Eyi maa wɔn bo fuw Yuda, na wɔsan de abufuwhyew kɔɔ fie.

11Na Amasia sii ne bo, dii nʼakofo anim, kɔɔ Nkyene Bon no mu. Ɛhɔ na wokum Edomfo asraafo a wofi Seir no mpem du. 12Wɔkyekyeree mpem du bio de wɔn kɔɔ abotan tenten bi atifi, kosunsum wɔn ma wɔbɛhwee abotan a ɛwɔ bepɔw no ase no so, tetew pasapasa.

13Na asraafo a Amasia kɔbɔɔ wɔn paa a ɔma wɔsan kɔe no tow hyɛɛ Yuda nkurow bebree a ɛwɔ Samaria ne Bet-Horon ntam no so. Wokunkum nnipa mpensa, tasee asade bebree.

14Bere a ɔhene Amasia dii Edomfo so a ɔreba no, ɔde ahoni a ɔtase fii Seirfo nkyɛn kaa ne ho bae. Ɔde wɔn sisii hɔ sɛ ɔno ankasa anyame, kotow wɔn anim, bɔɔ afɔre maa wɔn. 15Eyi hyɛɛ Awurade abufuw yiye nti, ɔsomaa odiyifo sɛ onkobisa se, “Adɛn nti na wosom anyame a mpo wontumi nnye wɔn ankasa nkurɔfo nkwa mfi wo nsam?”

16Nanso ɔhene no amma nʼano ansi, na ɔkae se, “Da bɛn na mibisaa wo afotu? Mua wʼano na mankum wo!” Enti ansa na odiyifo no rebɛkɔ no, ɔbɔɔ saa kɔkɔ yi, “Minim sɛ esiane sɛ woayɛ saa nti, Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe wo, efisɛ woantie mʼafotu.”

17Akyiri a Yudahene Amasia kɔɔ nʼafotufo nkyɛn kobisaa afotu no, ɔde sii Israelhene Yoas a na ɔyɛ Yehoahas babarima, na ɔyɛ Yehu nena nso anim se, “Bra na yenni ako.”

18Na Israelhene Yoas buaa Yudahene Amasia se, “Nsɔe a ɛwɔ Lebanon mmepɔw so somaa abɔfo kɔɔ dutan sida nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, ‘Fa wo babea ma me babarima aware.’ Ɛhɔ ara na aboa bi fi wuram betiatiaa nsɔe no so sɛee no. 19Nokware woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdi no, na tena wo fi. Adɛn nti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafo nyinaa so yi?”

20Amasia yɛɛ asoɔden, efisɛ na Onyankopɔn resiesie kwan bi afa so asɛe no, sɛ ɔsom Edom anyame no nti. 21Na Israelhene Yoas, boaboaa nʼakofo ano kotiaa Yudahene Amasia. Asraafodɔm abien no hyiaa wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda. 22Israel asraafo dii Yuda so nkonim ma wɔbɔɔ ahwete, guan kɔɔ wɔn kurom. 23Israelhene Yoas kyeree Yudahene Amasia wɔ Bet-Semes, na ɔsan de no baa Yerusalem. Afei, Yehoas hyɛɛ nʼakofo sɛ, wɔnsɛe Yerusalem fasu no anammɔn ahansia a efi Efraim Pon ano, kosi Twɔtwɔw Pon no ano. 24Ɔtasee sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan mu a na Obed-Edom25.24 Obed Edom abusua no fi Lewifo abusua mu a wɔde Asɔredan no mu adekoradan hyɛɛ wɔn nsa. (1 Be 26.15). hwɛ so no nyinaa. Afei, ɔfaa adekoradan a na ɛwɔ ahemfi hɔ mu nneɛma kaa nnommum no ho, na ɔsan kɔɔ Samaria.

25Israelhene Yoas, Yehoahas babarima wu akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfe dunum. 26Amasia ahenni ho nsɛm nkae, efi mfiase kosi awiei no, wɔankyerɛw angu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nhoma no mu ana? 27Amasia dan ne ho fii Awurade akyidi no, wɔpam ne ti so wɔ Yerusalem. Ɛno nti, oguan kɔɔ Lakis. Nanso nʼatamfo somaa awudifo, tiw no kokum no wɔ hɔ. 28Wɔde no too ɔpɔnkɔ so baa Yerusalem besiee no kaa nʼagyanom ho wɔ Dawid kurom.