利未记 21 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

利未记 21:1-24

祭司保持圣洁的条例

1耶和华对摩西说:“你把以下条例告诉祭司——亚伦的子孙。

“祭司不可因接触死去的族人而使自己不洁净, 2但骨肉至亲,如父母、儿女、兄弟、 3以及未出嫁仍是处女的姊妹例外。 4祭司不可因姻亲的关系而玷污自己。21:4 或译“作为民中的首领,祭司不可玷污自己。” 5祭司不可剃光头、修剪胡须或割伤身体。 6他们要做上帝的圣洁之民,不可亵渎我的名。因为他们负责献我的火祭,即我的食物,所以要保持圣洁。 7他们不可娶妓女或被休的女人为妻,因为祭司要为了我而保持圣洁。 8要视祭司为圣洁的,因为他们负责献你们上帝的食物。要视他们为圣洁的,因为使你们圣洁的我——耶和华是圣洁的。 9如果有祭司的女儿做妓女,辱没自己,她就是辱没自己的父亲,必须烧死她。

10“大祭司在众祭司中职分最高,头上浇过膏油,已经承受圣职、穿上圣衣,他不可披头散发、撕裂衣服。 11他不可接近死者,即使是父母也不可,以免玷污自己。 12他不可因丧事走出他上帝的圣所,以免亵渎圣所,因为我的膏油已经使他圣洁。我是耶和华。 13他必须娶处女为妻, 14不可娶寡妇、被休的女人或妓女,只可娶本族中的处女为妻, 15以免在民中玷污自己的子孙,因为我是使他们圣洁的耶和华。”

16耶和华对摩西说: 17“你把以下条例告诉亚伦

“你的子孙中,任何有残疾的人都不可前来献他上帝的食物,这是世世代代都要遵守的律例。 18瞎眼的、跛脚的、五官不正的、畸形的、 19四肢不全的、 20驼背的、矮小的、患眼疾的、长疥癣的或睪丸受损的,都不可近前来献祭。 21亚伦祭司子孙中有残疾的都不可向耶和华献火祭。他们既然有残疾,就不可近前来献我的食物。 22他们可以吃我的食物,圣的和至圣的都可以吃。 23但他们不可走近幔子或祭坛,因为他们有残疾。这样做是为了避免他们亵渎我的圣所。我是使圣所圣洁的耶和华。”

24摩西把这些条例告诉了亚伦父子们和所有的以色列人。

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 21:1-24

Asɔfodi Ho Mmara

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron mma asɔfo no se, ‘wonnso funu mu mfa ngu wɔn ho fi. 2Sɛ wobeso funu mu a, na ɛyɛ wɔn fini, sɛ ebia, ɛna, agya, ɔbabarima, ɔbabea, onuabarima 3anaa onuabea a ɔyɛ ɔbabun a onni kunu na ɔte ase no na ɔdan ɔsɔfo no. 4Ɛnsɛ sɛ ɔware ne busuani bi na ɔfa so gu ne ho fi.

5“ ‘Asɔfo no nni ho kwan sɛ wɔbɔ tikwaw, yi wɔn abogyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho. 6Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wogu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduan afɔre ama Awurade wɔn Nyankopɔn.

7“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo ware oguamanfo anaa ɔbea bi a ofi ɔman foforo so. Onni ho kwan sɛ ɔware ɔbea bi a wagyae aware, efisɛ ɔsɔfo yɛ onipa kronkron ma Onyankopɔn. 8Wɔayi ɔsɔfo no asi hɔ sɛ ɔmmɔ mo Nyankopɔn afɔre; ɔyɛ kronkron na me Awurade a metew mo ho ma moyɛ kronkron no nso meyɛ kronkron.

9“ ‘Ɔsɔfo babea biara a ɔbɛbɔ aguaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhyew no.

10“ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfopanyin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atade sononko no gyaa ne tinwi a onni no ni anaasɛ ebetwa ne ntama mu. 11Onni ho kwan sɛ ɔkɔ beae a funu da hɔ; nʼagya anaa ne na funu koraa, onni ho kwan sɛ ɔkɔ ho na ɔde agu ne ho fi 12anaa nso sɛ ogu so reyɛ nʼasɔfodwuma wɔ kronkronbea hɔ a, ɛnsɛ sɛ ofi adi. Ɛnsɛ sɛ ɔfa me kronkronbea no sɛ ofi bi kɛkɛ, efisɛ ne Nyankopɔn ngo a wɔde tew ne ho no da so wɔ ne so. Mene Awurade.

13“ ‘Ɛsɛ sɛ ɔware ɔbabun. 14Ɛnsɛ se ɔware okunafo anaa ɔbea bi a wagyae aware anaa oguamanfo. Ɛsɛ sɛ ɔbea a ɔbɛware no no yɛ ɔbabun a ofi ne man mu, 15sɛnea ɛbɛyɛ a ongu ne mma ho fi wɔ ne nkurɔfo mu. Mene Awurade a metew ne ho no.’ ”

16Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 17“Ka kyerɛ Aaron se, efi awo ntoatoaso a ɛbɛba no so rekɔ no, wʼaseni biara a wadi dɛm no nni ho kwan sɛ ɔbɔ Onyankopɔn afɔre. 18Obi a wadi dɛm mmɛn me: onifuraefo anaa apakye anaa nea ɔwɔ honam akwaa mu sintɔ; 19obi a ɔyɛ abasin anaa nansin, 20anaa nea ɔyɛ afu anaa akwatia anaa nea nʼani nye anaa nea kuru atutu no anaa nea ɔyɛ twow. 21Ɔsɔfo Aaron aseni biara a wadi dɛm mma mmɛbɔ ɔhyew afɔre mma Awurade. Wadi dɛm, ɛno nti ɛnsɛ sɛ otwiw bɛn sɛ ɔde ne Nyankopɔn aduan rebrɛ no. 22Nanso sɛ wɔbɔ afɔre no wie a, ɔsɔfo no tumi ma no Onyankopɔn afɔre no aduan no bi di a ɛmfa ho sɛ ɛyɛ afɔre kronkron. 23Nanso ne dɛm no nti, onni ho kwan sɛ ɔkɔ ntwamtam no akyi anaa ɔbɛn afɔremuka no. Eyi begu me kronkronbea hɔ ho fi na ɛyɛ Awurade na watew hɔ ho.”

24Enti Mose hyɛɛ mmara yi maa Aaron ne ne mmabarima ne Israelfo nyinaa.