利未记 19 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

利未记 19:1-37

有关圣洁生活的条例

1耶和华对摩西说: 2“你把以下条例告诉以色列全体会众。

“你们要圣洁,因为我——你们的上帝耶和华是圣洁的。 3你们每个人都必须孝敬父母,遵守我的安息日。我是你们的上帝耶和华。 4不要祭拜虚无的神明,也不要为自己铸造神像。我是你们的上帝耶和华。 5你们献平安祭给我时,要使你们所献的蒙悦纳。 6要在献祭当天或第二天吃完祭物。如果第三天还有剩余,都要烧掉。 7如果有人第三天还吃那些祭物,祭物就不洁净,我不会悦纳。 8那人要自担罪责,因为他亵渎了我的圣物。要将他从民中铲除。

9“你们收割的时候,不要割净田角地边的庄稼,也不要捡那些掉在田里的穗子。 10不要摘净葡萄园里的葡萄,也不要捡掉在地上的葡萄。要把这些留给穷人和寄居在你们中间的外族人。我是你们的上帝耶和华。 11不可偷盗,不可撒谎,不可互相欺骗。 12不可以我的名义起假誓,从而亵渎你们上帝的名。我是耶和华。 13不可欺压邻居,也不可抢夺他的东西。要当天支付雇工的工钱,不可拖到第二天。 14不可咒骂聋子,也不可绊倒盲人,应当敬畏你们的上帝。我是耶和华。 15不可徇私枉法,不可偏袒穷人,不可谄媚权贵之人,要秉公审判。 16不可到处搬弄是非,不可危害邻居的生命安全。我是耶和华。 17对同胞不可心中怀恨。同胞有错,要当面指正,免得自己因他而担罪。 18不可报复,不可埋怨同胞,要爱邻如己。我是耶和华。

19“你们要遵守我的律例。不可让牲畜杂交;不可在同一块田播撒两种不同的种子;不可穿两种材料织成的衣服。

20“一个已经许配人的婢女尚未被赎或未获自由时,如果有人与她同寝,就要受到处罚,但不可处死他们,因为那婢女还未获自由。 21和她同寝的人要把一只公绵羊牵到会幕门口,作为赎过祭献给耶和华。 22祭司要用作赎过祭的公绵羊为那人赎罪,他的罪便得到赦免。

23“你们到了迦南,在那里栽种各样果树后,前三年不可吃树上的果子,要视它们是不洁净的19:23 不洁净的”希伯来文是“未受割礼的”。24第四年,树上的所有果子都是圣洁的,要献给耶和华作颂赞之祭。 25第五年,你们可以吃树上的果子。你们这样做,果树会为你们结出更多果子。我是你们的上帝耶和华。

26“不可吃带血的肉,不可占卜或行巫术。 27不可修剪鬓角或胡须。 28不可因哀悼死人而割伤身体或纹身。我是耶和华。 29不可辱没自己的女儿,使她沦为娼妓,免得你们居住的地方充满淫乱和邪恶。 30要遵守我的安息日,敬畏我的圣所。我是耶和华。 31不可求问灵媒或巫师,玷污自己。我是你们的上帝耶和华。

32“在年长者面前,要恭敬站立,要敬重年长者。要敬畏你们的上帝。我是耶和华。 33不可欺负住在你们境内的外族人, 34要视他们如同胞,爱他们如爱自己,因为你们也曾经寄居埃及。我是你们的上帝耶和华。 35在称重和度量时,不可骗人。 36要使用准确的秤、尺子和升斗。我是你们的上帝耶和华,曾带领你们离开埃及37你们要遵行我的一切律例和典章。我是耶和华。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 19:1-37

Abrabɔ Kronkron

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Monyɛ kronkron, efisɛ me Awurade a meyɛ mo Nyankopɔn no, meyɛ kronkron.

3“ ‘Ɛsɛ sɛ mode nidi ma mo nanom ne mo agyanom na mudi me homeda mmara no so, efisɛ meyɛ Awurade mo Nyankopɔn.

4“ ‘Monnsom ohoni, anaa monnyɛ nnade anyame bi mma mo ho. Mene Awurade mo Nyankopɔn.

5“ ‘Sɛ mobɔ asomdwoe afɔre ma Awurade a momfa ɔkwan pa so mmɔ na asɔ Awurade ani. 6Da a mobɛbɔ saa afɔre no, munni no da no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ sɛ mudi no adekyee. Monhyew nea ebedi nnansa no. 7Na nea mubedi no nnansa so no yɛ akyiwade ma me, enti mɛpo. 8Sɛ mudi no nnansa so a, mudi ho fɔ na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wobetwa mo asu afi Awurade nkurɔfo mu.

9“ ‘Sɛ mutwa mo nnɔbae a, munntwa nnɔbae a ɛwɔ mo mfuw nhanoa no. Sɛ moretwa a, aba a ebegu fam no nso, monntase. 10Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ motew ne nyinaa. Na nea ɛbɛtew agu ase no nso, monntase. Munnyaw mma ahiafo ne akwantufo a wɔbɛfa hɔ no na mene Awurade mo Nyankopɔn.

11“ ‘Mommmɔ korɔn.

“ ‘Munntwa atoro.

“ ‘Na munnsisi obiara.

12“ ‘Monnka ntamhunu mfa ngu mo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade.

13“ ‘Nwia wo yɔnko na munnsisi obi.

“ ‘Na mo apaafo nso, muntua wɔn ka ntɛm. Na sɛ ɛka bi bɛtɔ mo ne wɔn ntam a, mommma ade nkye so.

14“ ‘Monnnome ɔsotifo na munntwintwan onifuraefo akwan mu. Munsuro mo Nyankopɔn; Mene Awurade.

15“ ‘Ɛsɛ sɛ bere biara atemmufo bu atɛntrenee a wɔnhwɛ sɛ nea worebu no atɛn no yɛ ohiani anaa ɔdefo. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmu yɛ pɛpɛɛpɛ.

16“ ‘Munnni nseku.

“ ‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene Awurade.

17“ ‘Ntan wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefo mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wudi ho fɔ saa ara.

18“ ‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔw; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene Awurade.

19“ ‘Munni me mmara so.

“ ‘Mma wo nantwi mforo aboa foforo bi.

“ ‘Nnua afifide a egu ahorow abien wɔ wʼafuw mu.

“ ‘Nhyɛ atade a wɔde atam ahorow abien na anwen.

20“ ‘Sɛ obi ne afenaa bi a obi asi no asiwa da a, ɛsɛ sɛ wodi wɔn asɛm wɔ asennii nanso ɛnsɛ sɛ wokum wɔn, efisɛ afenaa no nne ho. 21Ɔbarima no na ɔde nʼafɔdi afɔrebɔde bɛbrɛ Awurade wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ odwennini. 22Ɔsɔfo no de odwennini no bɛyɛ mpata ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛe no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no.

23“ ‘Sɛ mokɔ asase bi so kodua nnuaba ahorow pii a, nnɔbaetwa abiɛsa a edi kan no, munnni, efisɛ wobu no sɛ ɛho agu fi. 24Na ne mfe anan so no, momfa aba no nyinaa mma Awurade mfa nkamfo no. 25Na ne mfe anum so no, aba no yɛ mo dea. Eyi bɛma mo nnɔbae so ato. Mene Awurade mo Nyankopɔn.

26“ ‘Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya no nam.

“ ‘Mommfa mo ho nkɔ asumansɛm anaa abayisɛm mu.

27“ ‘Ɛnsɛ sɛ mutwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so.

28“ ‘Munntwitwa mo honam mma awufo anaa monnyɛ agyiraehyɛde ahorow wɔ mo ho. Mene Awurade.

29“ ‘Mma wo babea nkɔbɔ aguaman mfa ngu ne ho fi na asase no annan abɔnefo ne nguamanfo asase.

30“ ‘Munni me homeda mmara no so na munni me kronkronbea no ni, efisɛ mene Awurade.

31“ ‘Monnkɔ asuman anaa ahonhom nkyɛn abisa mmfa ngu mo ho fi, na mene Awurade mo Nyankopɔn.

32“ ‘Momfa obu ne nidi mma mpanyimfo wɔ Onyamesuro mu. Mene Awurade.

33“ ‘Sɛ ɔhɔho bɛtena mo mu a munnsisi no. 34Mummu wɔn sɛnea mubu onipa biara. Monnodɔ wɔn sɛ mo ho na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔho wɔ Misraim asase so. Mene Awurade mo Nyankopɔn.

35“ ‘Mommfa atoro nsusuwde nsusuw, nkari anaa nkan mo biribiara. 36Momfa nokware nsania, nkaribo ne asusuwde a eye. Mene Awurade mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim bae no.

37“ ‘Munni me mmaransɛm ne mʼahyɛde no nyinaa so, na mene Awurade.’ ”